< 詩篇 149 >

1 亞肋路亞!請您們向上主謳唱新歌,在聖者集會中向他祝賀!
Monkamfo Awurade. Monto dwom foforɔ mma Awurade, monkamfo no wɔ ahotefoɔ asafo mu.
2 願以色列因自己的創造者而踴躍,願熙雍子民因自己的君王而歡樂!
Ma Israel ani nnye ne Yɛfoɔ mu. Ma Sion mma ani nnye wɔn Ɔhene mu.
3 願他們以舞蹈讚美上主的名,願他們敲鼓彈琴向上主歌詠!
Ma wɔmfa asa nkamfo ne din na wɔmfa sankuo ne akasaeɛ nto dwom mma no.
4 因為上主喜愛自己的百姓,賞賜謙虛的人凱旋而得勝。
Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfoɔ; ɔde nkwagyeɛ kyɛ hyɛ ahobrɛasefoɔ.
5 願聖徒因所受的光榮而喜慶,在自己的床榻上歡呼而歌頌。
Momma ahotefoɔ nni ahurisie wɔ animuonyam yi mu; na wɔnto ahosɛpɛ dwom wɔ wɔn mpa so.
6 願讚美天主的歌辭在他們的口中,願雙刃的寶劍掌握在他們的手中,
Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anomu na ɛnyɛ akofena anofanu wɔ wɔn nsam,
7 為向異邦報仇雪恥,為向列國進攻襲擊,
sɛ wɔmfa ntɔ werɛ wɔ amanaman no so ne asotwe wɔ nnipa no so,
8 要用鎖鍊捆住他們的國君,要用銬鐐鎖住他們的縉紳,
sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo, ne dadeɛ mpɔkyerɛ ngu wɔn atitire,
9 為向他們施行經上的審訊。這也就是一切聖徒的光榮。
sɛ wɔmfa mmu atɛn sɛdeɛ wɔatwerɛ atia wɔn no. Yei ne nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam. Monkamfo Awurade.

< 詩篇 149 >