< 詩篇 130 >
Ɔsoroforo dwom. Awurade, mifi bun mu su frɛ wo;
Awurade, tie me nne. Wɛn wʼaso ma me nkotosrɛ.
3 上主,您若細察我的罪辜,我主!有誰還能站得住?
Awurade, sɛ wubu yɛn bɔne ho nkontaa a, anka hena na obetumi agyina ano?
Nanso wowɔ bɔnefakyɛ; ɛno nti wosuro wo.
Metwɛn Awurade, me mu ade nyinaa twɛn, na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ.
Metwɛn Awurade sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee, sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee.
7 請以色列仰賴上主,應切於更夫待旦,因為上主富於仁慈,祂必慷慨救援。
Israel, ma wʼani nna Awurade so, efisɛ Awurade wɔ adɔe a enni huammɔ na ogye ankasa wɔ ne mu.
Ɔno ankasa begye Israel afi wɔn bɔne nyinaa mu.