< 詩篇 108 >
1 【我要在萬民中讚美上主】達味的詩歌。 天主,我的心已準備妥當,我的心已準備妥當,我歌彈詠唱。
Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, mʼakoma atɔ me yam; mede me kra nyinaa bɛto wʼayɛyie dwom.
2 我的心靈要醒起來!七絃和豎琴要奏起來!我要喚起曙光。
Monyane, sankuo ne bɛnta! Mɛnyane anɔpahema.
3 上主,我要在萬民中讚美您;上主,我要在列邦中歌頌您。
Ao Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu; mɛto wo ho dwom wɔ nnipa no mu.
4 上主,您的慈愛高越諸天;上主,您的忠信直達霄漢。
Wʼadɔeɛ so, ɛkorɔn sene ɔsoro; wo nokorɛdie duru ewiem.
5 上主,您在天上備受舉揚;上主,您在地上彰顯榮光。
Ao Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, na ama wʼanimuonyam aba asase nyinaa so.
6 上主,您給我們獲得救恩;上主,您以右手協助我們。
Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
7 天主在自己的聖所說:我要凱旋,將舍根分離,將穌苛特的平原測量。
Onyankopɔn akasa afiri ne kronkronbea sɛ, “Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu na masusu Sukot Bɔnhwa.
8 基勒阿得地屬於我,默納協地也屬於我,我的頭盔就是厄法辣因,猶大成為我手中的權棍。
Gilead yɛ me dea; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ, Yuda yɛ mʼahempoma.
9 摩阿布是我的沐浴池,我向厄東投我的鞋隻,我還要戰勝培勒舍特。
Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na meto me mpaboa guo; Filistia so na mebɔ ose.”
Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?
11 天主,莫非您已將我們拋棄,天主,難道不率領我們出擊?
Ao Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn? Wo ne yɛn nsraadɔm renkɔ ɔsa bio anaa?
12 求您援助我們抵抗仇敵,因為人的援助盡屬虛無。
Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no, na ɔdasani mmoa nka hwee.
13 我們倚靠天主,奮勇行事。祂必要踏踐我們的仇敵。
Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim, na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no.