< 箴言 1 >
Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmɛbusɛm nie:
Ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛsoɔ; ne sɛ ɛbɛboa ma wɔate nsɛm a emu dɔ ase;
sɛ wɔbɛnya ahohyɛsoɔ na wɔabɔ ɔbra pa, a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, deɛ ɛtene na ɛho nni asɛm;
sɛ ɛbɛma deɛ nʼadwene mu nnɔ anya nyansa na mmabunu anya nimdeɛ ne adwene.
5 使智慧者聽了,增加學識;使明達人聽了,汲取智謀,
Anyansafoɔ ntie na wɔmfa nka deɛ wɔnim ho, na deɛ ɔwɔ nhunumu nya akwankyerɛ a
6 好能明瞭箴言和譬喻,明瞭智者的言論和他們的隱語。
ɛbɛma woate mmɛ ne akasabɛbuo, anyansafoɔ nsɛnka ne aborɔme ase.
7 敬畏上主是智慧的肇基;只有愚昧人蔑視智慧和規律。
Awurade suro yɛ nimdeɛ ahyɛaseɛ, na nkwaseafoɔ bu nyansa ne ahohyɛsoɔ animtiaa.
8 我兒,你應聽你父親的教訓,不要拒絕你母親的指教,
Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ.
Ɛbɛyɛ wo tiri animuonyam abotire ne wo kɔn mu ntweaban.
Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ daadaa wo a, mma wɔn ho ɛkwan.
11 如果他們說:「來跟我們去暗算某人,無故地陷害無辜。
Sɛ wɔka sɛ, “Bra ma yɛnkɔ; ma yɛnkɔtetɛ na yɛnkum obi, ma yɛnkɔtɛ ntwɛn mmɔborɔni bi;
12 我們要像陰府一樣活活地吞下他們,把他們整個吞下去,有如墮入深坑裏的人; (Sheol )
ma yɛmmemmene wɔn anikann sɛ ɛda, yɛmmene wɔn sɛ wɔn a wɔkɔ damena mu; (Sheol )
13 這樣,我們必獲得各種珍寶,以贓物充滿我們的房屋。
yɛbɛnya nneɛma a ɛsom bo ahodoɔ na yɛde afodeɛ ahyɛ yɛn afie ma;
enti, fa wo ho bɛhyɛ mu, na wobɛnya wo kyɛfa wɔ ahonyadeɛ no mu” a,
15 我兒,你不要與他們同流合污,該使你的腳遠離他們的道路,
Me ba, wo ne wɔn nnante, mfa wo nan nsi wɔn akwan so;
Wɔn nan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu, na wɔde ahoɔherɛ ka mogya gu.
Ɛho nni mfasoɔ sɛ obi bɛsum nnomaafidie wɔ ɛberɛ a nnomaa nyinaa hwɛ!
Saa nnipa yi tetɛ pɛ wɔn ankasa mogya; wɔtetɛ wɔn ankasa wɔn ho!
19 這就是謀財害命者的末路:他必要送掉自己的性命。
Saa na wɔn a wɔdi korɔnodeɛ akyi no awieeɛ teɛ; ɛma wɔhwere wɔn nkwa!
Nyansa team wɔ mmɔntene so, ɔma ne nne so wɔ adwaberem,
ɔteaam wɔ afasuo no atifi, ɔkasa wɔ kuropɔn no apono ano sɛ,
22 無知的人,你們喜愛無知;輕狂的人,你們樂意輕狂;愚昧的人,你們憎恨知識,要到何時呢﹖
“Mo adwenemherɛfoɔ, mobɛyɛ adwenemherɛ akɔsi da bɛn? Fɛdifoɔ bɛdi fɛ akɔsi da bɛn? Nkwaseafoɔ bɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn?
23 你們應回心聽我的勸告。看,我要向你們傾吐我的心意,使你們瞭解我的言詞。
Sɛ motiee mʼaninka a, anka mekaa mʼakoma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo maa mo hunuu me nsusuiɛ.
24 但是,我呼喚了,你們竟予以拒絕;我伸出了手,誰也沒有理會。
Nanso, sɛ moyii mo aso ɛberɛ a mefrɛɛ mo na amfa obiara ho ɛberɛ a metenee me nsa mu,
sɛ mopoo mʼafotuo, na moampɛ mʼanimka enti,
26 因此,你們遭遇不幸時,我也付之一笑;災難臨到你們身上時,我也一笑置之。
me nso mɛsere mo wɔ mo amanehunu mu; sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, medi mo ho fɛw,
27 當災難如暴風似的襲擊你們,禍害如旋風似的捲去你們,困苦憂患來侵襲你們時,我也置之不顧。
sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum, na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ twahoframa, na awerɛhoɔ ne ɔhaw mene mo a,
28 那時,他們呼求我,我必不答應:他們尋找我,必尋不著我;
“Afei mobɛfrɛ me, nanso meremmua mo; mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me.
Esiane sɛ wɔkyirii nimdeɛ na wɔampɛ sɛ wobɛsuro Awurade.
Esiane sɛ w ɔpoo mʼafotuo, na wɔbuu me ntenesoɔ animtiaa enti,
wɔbɛdi wɔn akwan so aba na wɔn nhyehyɛeɛ mu aduane bɛmee wɔn.
32 的確,無知者的執迷不悟殺害了自己;愚昧人的漠不關心斷送了自己。
Na ntetekwaafoɔ asoɔden bɛkum wɔn, na nkwaseafoɔ tirimudɛ bɛsɛe wɔn;
33 但是,那聽從我的,必得安居,不怕災禍,安享太平。
Nanso, obiara a ɔbɛtie me no, ɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.”