< 箴言 4 >
Me mma, montie me, montie agya nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso na moanya nteaseɛ.
2 因為我把好教訓授給你們,你們不要拋棄我的規勸。
Mema mo adenim a ɛkɔ anim, enti monnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.
3 我也曾在父親面前作過孝子,在我母親膝下是唯一的嬌兒。
Meyɛ ɔbabanin wɔ mʼagya fie, meda so yɛ abadomaa na me maame di me bakorɔ no,
4 我父曾訓誨我說:你應留心牢記我的話,遵守我的命令,好使你生存;
ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ, “Ma me nsɛm nni wʼakoma mu dɛm di me nkyerɛkyerɛ so na wobɛnya nkwa.
5 你應緊握智慧,握住明智,不要忘記,也不要離棄我口中的教訓:
Nya nyansa, nya nteaseɛ; mma wo werɛ mfiri me nsɛm anaa ntwe wo ho mfiri ho.
6 你若不捨棄她,她必護佑你;你若喜愛她,她必看顧你。
Nnya nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban; dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.
7 首先應爭取的是智慧,因此你應尋求智慧,應犧牲一切去爭取明智。
Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa. Ɛwom sɛ ne boɔ te sɛ wʼahodeɛ nyinaa deɛ nanso nya nteaseɛ.
8 你若顯揚智慧,智慧也必顯揚你;你若懷抱她,她也必光榮你:
Di no nni na ɛbɛpagya wo; yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo animuonyam.
Ɔde nkonimdie nhwiren hankra bɛgu wo tiri so na wama wo ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ.”
Me ba, tie na fa deɛ meka no, na wo nkwanna bɛyɛ bebree.
Mɛkyerɛ wo nyansakwan na mede wo afa akwan a ɛtene so.
12 這樣,你若行走,你的腳決不會受阻礙;即便你奔馳,也決不致顛仆。
Sɛ wonante a, wʼanammɔntuo bɛkɔ yɛɛ na sɛ wotu mmirika a, worensunti.
13 你要堅持教訓,切勿把她拋棄;你應保存她,因為她是你的生命。
Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu bɔ ho ban yie, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo nkwa.
14 惡人的道路,你不要進去;壞人的途徑,你不要踏入;
Ntu wo nan nsi amumuyɛfoɔ kwan so na nnante abɔnefoɔ kwan so.
Kwati no, ntu kwan mfa so; dane firi so na kɔ wo baabi.
16 因為他們不作惡,不能入睡;不使人跌倒,就要失眠。
Ɛfiri sɛ wɔntumi nna kɔsi sɛ wɔbɛyɛ bɔne; na wɔntɔ nko kɔsi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.
Amumuyɛsɛm yɛ wɔn aduane, na basabasayɛ yɛ wɔn nsa.
18 但是,義人的途徑,像黎明的曙光,越來越明亮,直至成日中;
Teneneefoɔ kwan te sɛ adekyeɛ hann a ɛdi ɛkan, ɛkɔ so hyerɛn yie kɔduru awia ketee.
19 惡人的道路,卻宛如幽暗,他們不知道,要跌在何處。
Nanso, amumuyɛfoɔ kwan te sɛ esum kabii; wɔnnim deɛ ɛma wɔsunti.
Me ba, yɛ aso ma deɛ meka; tie me nsɛm no yie.
Mma ɛmfiri wʼani so, fa sie wʼakoma mu;
22 因為,凡找著她的,必獲得生命;他整個身軀,必獲得健康。
ɛfiri sɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wɔhunu ne akwahosan ma onipadua no nyinaa.
23 在一切之上,你要謹守你的心,因為生命是由此而生。
Ne nyinaa akyi, bɔ wʼakoma ho ban, ɛfiri sɛ, ɛno ne wo nkwa asutire.
Mma akontonkyesɛm mfiri wʼano; mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.
Hwɛ wʼanim tee, na ma wʼani nkɔ deɛ ɛwɔ wʼanim no so.
Bɔ ɛkwan tamaa ma wo nan na fa akwan a atim so.
Mmane mfa nifa anaa benkum; twe wo nan firi bɔne ho.