< 箴言 28 >
1 惡人無人追蹤,仍然竄逃;義人安然自得,有如雄獅。
Omumɔyɛfo guan bere a obiara ntaa no, nanso atreneefo koko yɛ duru sɛ gyata.
2 由於國家的罪,領袖時有更迭;惟賴明哲之士,邦國方能久存。
Atuatewman nya sodifo pii, nanso onipa a ɔwɔ nhumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.
Sodifo a ɔhyɛ ahiafo so no te sɛ osu mu ahum a ennyaw nnɔbae bi wɔ akyi.
Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumɔyɛfo, na wɔn a wodi mmara so no siw wɔn kwan.
Abɔnefo nte atɛntrenee ase, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te ase yiye.
Ohiani a ne nantew ho nni asɛm ye sen ɔdefo a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.
7 遵守法律的,是智慧之子;交結蕩子的,是取辱己父。
Nea odi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhumu, nanso nea ɔne adidibradafo bɔ no gu nʼagya anim ase.
Nea ogye mfɛntom mmoroso de nya ne ho no, ɔboaboa ano ma nea ɔbɛyɛ ahiafo adɔe.
9 對於法律,人若充耳不聞,他的祈禱,也為上主所惡。
Sɛ obi nni mmara so a, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwade.
10 勾引正直的人走上邪路的,必落在自己所掘的坑內;但正直的人仍能繼承幸福。
Nea odi atreneefo anim de wɔn fa ɔkwan bɔne so no bɛhwe ɔno ankasa afiri mu, nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no benya agyapade a eye.
11 富貴的人,自認為有智慧,聰明的窮人一眼即看穿。
Ɔdefo tumi yɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so, nanso ohiani a ɔwɔ nhumu no hu sɛnea ɔte.
Sɛ atreneefo di nkonim a, nnipa di ahurusi pii; nanso sɛ amumɔyɛfo nya tumi a nnipa kohintaw.
13 文過飾非的,必不會順利;認錯悔改的,將蒙受憐憫。
Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso, na nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no nya ahummɔbɔ.
14 常戒慎的人,必蒙祝福;心硬如鐵者,必遭災禍。
Nhyira nka nea osuro Awurade bere nyinaa, nanso nea opirim ne koma no tɔ amane mu.
Omumɔyɛfo a odi nnipa a wonni mmoa so no te sɛ gyata a ɔbobɔ mu anaa sisi a nʼani abere.
16 無知的昏君,必橫行霸道;憎恨貪婪的,將延年益壽。
Ɔsodifo tirimɔdenfo nni adwene, na nea okyi mfaso a wɔnam ɔkwan bɔne so nya no benya nkwa tenten.
Nea awudi ma ne tiboa bu no fɔ no bɛyɛ ɔkobɔfo akosi ne wu da; wɔmma obiara nsiw no kwan.
18 行走正路的,必安然無恙;愛走曲徑的,必墮入陷阱。
Nea ne nantew ho nni asɛm no, wogye no fi ɔhaw mu, nanso nea nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.
19 自耕其地的,必常得飽食;追求虛幻的,必飽嘗貧苦。
Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan pii, nanso wɔn a wodi nnaadaasɛm akyi no benya wɔn so ne wɔn hia.
20 忠誠篤實的人,將滿渥福祉;急於致富的人,將難免無過。
Wobehyira onipa nokwafo pii, na nea ɔpere pɛ ahonyade no remfa ne ho nni.
21 顧及人的情面,原非一件好事;但為一片麵包,人卻陷身不義。
Nhwɛanim nye, nanso aduan kakraa bi nti nnipa bɛyɛ bɔne.
22 眼睛貪婪的人,匆匆急於致富;豈知貧乏窮困,即將臨他身上!
Nea ɔyɛ pɛpɛe pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefo na onnim sɛ ohia retwɛn no.
Nea ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyiri no asen nea ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.
24 向自己父母行竊,卻說「這並不是罪,」與強盜是同路人。
Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na korɔn na ɔka se, “Ɛnyɛ bɔne no,” ɔne ɔsɛefo na ɛbɔ.
25 貪得無厭的人,必引起爭端;信賴上主的人,必心安理得。
Odifudepɛfo de mpaapaemu ba na nea ɔde ne ho to Awurade so no benya nkɔso.
26 自恃聰明的,實是糊塗人;行事智慧的,必安全無恙。
Nea ogye ne ho di no yɛ ɔkwasea, na nea ɔnantew nyansa mu no wobegye no.
27 樂施濟貧的,決不會匱乏;視若無睹的,必飽受咒罵。
Nea ɔma ahiafo no, hwee renhia no, nanso nea obu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.
Sɛ amumɔyɛfo nya tumi a, nnipa kohintaw; na sɛ amumɔyɛfo ase tɔre a, atreneefo ase dɔ.