< 箴言 26 >
1 有如夏日下雪,秋收降雨,不合時令;同樣愚昧的人獲得光榮,亦不適宜。
Sɛdeɛ sukyerɛmma te ahuhuro berɛ anaasɛ osutɔ te wɔ otwa berɛ no saa ara na animuonyam mfata ɔkwasea.
2 有如麻雀逃走,燕子飛去:無端的咒罵,也一去無蹤。
Sɛdeɛ apatuprɛ tuo anaasɛ asomfena tu danedane ne ho no, saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.
3 馬需要皮鞭,驢需要轡頭,愚昧人的脊背需要棍棒。
Ɔkafoɔ abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afunumu, na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafoɔ akyi.
Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuaeɛ, anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.
Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuaeɛ anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ ɔnim nyansa.
6 派遣愚昧人,去作傳話者,是自斷己足,是自尋苦惱。
Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a, ɛte sɛ woatwa wʼankasa nan anaasɛ woafrɛ basabasayɛ.
7 猶如跛子的腳虛懸無力,箴言在愚人口中也是如此。
Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no, yɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
Ɛboɔ a wɔakyekyere afam ahwimmoɔ so, te sɛ animuonyam a wɔde ama ɔkwasea.
Nkasɛɛ dua a ɛkura ɔkɔwensani no te sɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
10 雇用愚人或過路人的人,無異射傷眾人的弓箭手。
Deɛ ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa kwa.
11 愚人一再重複他的愚行,猶如狗再來吃牠嘔吐之物。
Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.
12 你是否見過自作聰明的人﹖寄望於愚人必寄望於他更好。
Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so? Anidasoɔ pii wɔ ɔkwasea mu sene no.
Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata wɔ ɛkwan no mu, gyata nenam mmɔntene no so!”
Sɛdeɛ ɛpono di akɔneaba wɔ ne mponterɛ so no, saa ara na ɔkwadwofoɔ twa ne ho wɔ ne mpa so.
Ɔkwadwofoɔ de ne nsa si aduane mu, na ɛyɛ no aniha sɛ ɔbɛyi akɔ nʼano.
16 懶惰人自認為聰明人,遠勝過七個善於應對的人。
Ɔkwadwofoɔ yɛ onyansafoɔ wɔ ɔno ankasa ani so sene nnipa baason a wɔdwene asɛm ho na wɔabua.
Obi a ɔsɔ ɔkraman aso twe noɔ no te sɛ obi a ɔretwam na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu.
Ɔbɔdamfoɔ a ɔtoto atuo anaa agyan kɔdiawuo no
te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko na ɔka sɛ, “Na mede redi agorɔ!”
Yensin hi a, ogya dum; nsekuro nni hɔ a ntɔkwa toɔ twa.
21 誰惹事生非,挑撥爭端,是在火炭上加炭,火上加柴。
Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no, saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa.
22 進讒者的話,如可口美味,能深深透入肺腑的深處。
Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ; ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.
Sɛdeɛ wɔde dwetɛ fi adura asankago ho no saa ara na anoɔdɛ kata amumuyɛ akoma so.
24 懷恨他人的,善措詞掩飾;但在他心底,卻藏有陰險。
Onipa bɔne kasa te sɛ deɛ ɔyɛ, nanso nnaadaa ahyɛ nʼakoma ma.
25 誰聲調過柔,你不要相信;因在他心中,藏有七種惡。
Ɛwom sɛ ne kasa yɛ dɛ deɛ, nanso ɛnnye no nni, ɛfiri sɛ akyiwadeɛ nson ahyɛ nʼakoma ma.
26 仇恨雖可以詭計來掩飾,但在集會中險惡必敗露。
Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so, nanso nʼamumuyɛsɛm bɛda adi wɔ badwa mu.
27 挖掘陷阱的必自陷其中,滾轉石頭的必為石所壓。
Sɛ onipa tu amena a, ɔbɛto mu; sɛ onipa pire ɔboɔ a, ɛbɛsane aba ne so.
28 撒謊的唇舌,必痛恨真理;諂媚的嘴臉必製造喪亡。
Atorɔ tɛkrɛma kyiri wɔn a ɔgu wɔn ho fi, na nnaadaa ano de ɔsɛeɛ ba.