< 箴言 11 >

1 上主深惡假秤,卻喜愛法碼準確。
Awurade kyiri asisie nsania, na nʼani gye nokorɛ nkariboɔ ho.
2 傲慢來到,恥辱隨後而至;智慧只與謙遜人相處。
Ahantan ba a, animguaseɛ na ɛdi soɔ nanso ahobrɛaseɛ de nyansa ba.
3 正直的人,以正義為領導;背義的人,必為邪惡所毀滅。
Teefoɔ nokorɛdie kyerɛ wɔn ɛkwan; nanso nkontompofoɔ ano ntanta sɛe wɔn.
4 在上主盛怒之日,財富毫無用途;只有正義,能救人免於死亡。
Ahonya nnka hwee abufuhyeɛ da no, nanso tenenee gye nkwa firi owuo mu.
5 完人的正義,為他修平道路;惡人必因自己的邪惡而顛仆。
Wɔn a wɔnnyɛ bɔne teneneeyɛ bɔ ɛkwan tee ma wɔn, nanso amumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm brɛ wɔn ase.
6 正直的人,將因自己的正義而獲救;奸詐的人,反為自己的惡計所連累。
Pɛyɛfoɔ teneneeyɛ gye wɔn, nanso akɔnnɔ bɔne afidie yi nkontompofoɔ.
7 惡人一死,他的希望盡成泡影;同樣,奸匪的期待也全然消失。
Sɛ omumuyɛfoɔ wu a, nʼanidasoɔ yera; deɛ ɔsusuu sɛ ɔbɛnya afiri ne tumi mu nyinaa no yɛ kwa.
8 義人得免患難,惡人反來頂替。
Wɔgye ɔteneneeni firi amaneɛ mu, na ɛba omumuyɛfoɔ so mmom.
9 假善人以口舌,傷害自己的近人;義人因有知識,卻得以保全。
Deɛ ɔnsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko, nanso ɔteneneeni nam nimdeɛ so firi mu.
10 幾時義人幸運,全城歡騰;幾時惡人滅亡,歡聲四起。
Sɛ teneneefoɔ di yie a, kuropɔn no di ahurisie; nanso amumuyɛfoɔ wu a, wɔbɔ ose.
11 義人的祝福,使城市興隆;惡人的口舌,使城市傾覆。
Pɛyɛfoɔ nhyira ma kuropɔn no kɔ so, nanso amumuyɛfoɔ ano bɔ no.
12 嘲弄自己朋友的人,毫無識趣;有見識的人,必沉默寡言。
Onipa a ɔnni adwene no bu ne yɔnko animtiaa, nanso deɛ ɔwɔ nhunumu no to ne tɛkrɛma nnareka.
13 往來傳話的人,必洩露秘密;心地誠樸的人,方能不露實情。
Osekuni da kɔkoamsɛm adi, nanso deɛ yɛnya ne mu ahotosoɔ no kora kasasie so.
14 人民缺乏領導,勢必衰弱;人民的得救,正在於謀士眾多。
Ɔman a ɛnni akwankyerɛ no bɔ, nanso afotufoɔ dodoɔ ma nkonimdie ba.
15 為外人作保的,必自討苦吃;厭惡作保的,必自享安全。
Deɛ ɔdi agyinamu ma ɔfoforɔ no bɛhunu amane, na deɛ ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasie ase no aso mu dwo no.
16 淑德的婦女,必為丈夫取得光榮;惱恨正義的婦女,正是一恥辱的寶座;懶散的人失落自己的財物,勤謹的人反取得財富。
Ɔbaa a ne yam yɛ no wɔde obuo ma no, nanso mmarima basabasayɛfoɔ nya ahodeɛ nko ara.
17 為人慈善,是造福己身;殘酷的人,反自傷己命。
Ɔyamyɛfoɔ yɛ ma ne ho, na otirimuɔdenfoɔ de ɔhaw ba nʼankasa so.
18 惡人所賺得的工資,是空虛的;播種正義者的報酬,纔是真實的。
Omumuyɛfoɔ nya akatua a ɛnnyina, nanso deɛ ɔgu tenenee aba no twa akatua a ɛdi mu.
19 恒行正義,必走向生命;追求邪惡,必自趨喪亡。
Deɛ ɔyɛ nokorɛ teneneeni no nya nkwa, nanso deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owuo mu.
20 上主憎惡心邪的人,喜悅舉止無瑕的人。
Awurade kyiri nnipa a wɔn akoma akyinsa, na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm ho.
21 惡人始終不能逃避懲罰,義人的後裔必獲得拯救。
Gye to mu sɛ, amumuyɛfoɔ bɛnya wɔn akatua, na teneneefoɔ bɛnya wɔn tiri adi mu.
22 女人美麗而不精明,猶如套在豬鼻上的金環。
Ɔbaa hoɔfɛfoɔ a ɔntumi nsi gyinaeɛ no te sɛ sika kawa a ɛhyɛ prako hwene mu.
23 義人的心願必獲善報;惡人的希望終歸破滅。
Teneneefoɔ apɛdeɛ wie yie, nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ wie abufuhyeɛ.
24 有人慷慨好施,反更富有;有人過於吝嗇,反更貧窮。
Obi yɛ adɔeɛ, na ɔnya ne ho bebree; obi nso yɛ adɔna, nanso ɛhia no.
25 慈善為懷的人,必得富裕;施惠於人的人,必蒙施惠。
Ɔyamyɛfoɔ bɛkɔ so anya ne ho; na deɛ ɔma ebinom mee no nso bɛmee.
26 屯積糧食的人,必受人民咀咒;祝福卻降在賣糧食者的頭上。
Nnipa dome deɛ ɔde atokoɔ sie, na nhyira ba deɛ ɔtɔn ne deɛ so.
27 慕求美善的,必求得恩寵;追求邪惡的,邪惡必臨其身。
Deɛ ɔhwehwɛ papa akyiri ɛkwan no nya anisɔ, na deɛ ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.
28 信賴自己財富的人,必至衰落;義人卻茂盛有如綠葉。
Deɛ ɔde ne ho to nʼahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase, na ɔteneneeni bɛyɛ frɔmm sɛ ahahan mono.
29 危害自己家庭的,必承受虛幻;愚昧的人,必作心智者的奴隸。
Deɛ ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bɛdi mframa adeɛ, na ɔkwasea bɛyɛ onyansafoɔ ɔsomfoɔ.
30 義人的果實是生命樹,智慧的人能奪取人心。
Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na deɛ ɔgye akra no yɛ onyansafoɔ.
31 看義人在地上還遭受報復,惡人和罪人更將如何﹖
Sɛ teneneefoɔ nya wɔn akatua wɔ asase so a ɛnneɛ na wɔn a wɔnnim Onyame ne abɔnefoɔ nso ɛ!

< 箴言 11 >