< 民數記 34 >

1 上主訓示梅瑟說:「
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 你命令以色列子民說:你們幾時進入客納罕地,這地應是你們抽籤分配的產業。客納罕地的邊界是:
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mobɛduru Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛi na mo ahyeɛ bɛyɛ:
3 你們南部的地區,是由親曠野直到厄東邊境。你們南邊的邊界是:由鹽海的極端往東,
“‘Asase no anafoɔ fam no bɛyɛ Sin ɛserɛ so a ɛda Edom ano. Anafoɔ hyeɛ no ano bɛfiri Nkyene Ɛpo no.
4 繞過阿刻辣賓高地的南部,經過親直達卡德士巴爾乃亞南部,再到哈匝爾阿達爾,經過阿茲孟,
Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafoɔ hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafoɔ pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na ɛfiri hɔ akɔsi Hasarada de akɔwie Asmon.
5 由阿茲孟邊界再轉向埃及河,直到大海。
Ɛfiri Asmon a, ɛhyeɛ no bɛkɔ ara akɔsi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Po Kɛseɛ no ano.
6 西部的邊界:大海作你們的邊界,這是你們西方的邊界。
Mo hyeɛ a ɛwɔ atɔeɛ no bɛyɛ Po Kɛseɛ a ɛda hɔ no.
7 你們北方的邊界如下:由大海劃界,直到曷爾山;
Mo hyeɛ a ɛda atifi no bɛfiti aseɛ wɔ Po Kɛseɛ no ano, na atoa so akɔ apueeɛ fam akɔsi bepɔ Hor,
8 由曷爾山劃到哈瑪特關口,使邊界直達責辣得。
de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad
9 這邊界再伸至齊弗龍,直達哈匝爾厄南:這是你們北方的邊界。
ne Sifron akɔ Hasar-Enan.
10 你們東部的邊界:自哈匝爾厄南劃到舍番。
Apueeɛ hyeɛ no bɛfiri Hasar-Enan anafoɔ akɔ Sefam
11 由舍番邊界下延至阿殷東面的黎貝拉;由此邊界,再下延與基乃勒特海東岸相接。
akɔsi Ribla wɔ Ain apueeɛ fam. Ɛfiri hɔ a, ɛbɛkɔ akɔpem Kineret ɛpo no wɔ apueeɛ fam,
12 此後,邊界再沿約但河下延,直達鹽海:這是你們疆土四周的邊界。」
na asiane afiri Asubɔnten Yordan, na akɔpem Nkyene Ɛpo no. “‘Sɛdeɛ mo asase ahyeɛ teɛ nie.’”
13 梅瑟又吩咐以色列子民說:「這就是你們應抽籤分為產業的地方,是上主命令分給九個半支派的,
Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Yei ne asase a mobɛbɔ so ntonto akyekyɛ afa no. Awurade ahyɛ sɛ mmusua nkron ne fa a aka no na wɔbɛkyekyɛ mu afa.
14 因為勒烏本子孫支派和加得子孫支派,為自己的家族已取得產業;默納協半支派也取得了自己的產業:
Ruben ne Gad mmusuakuo no ne Manase abusua fa no deɛ, wɔama wɔn asase no bi
15 這兩個半支派,已在耶里哥對面,約但河東岸,向日出之地,取得了產業。」
wɔ Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.”
16 上主又訓示梅瑟說:「
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
17 這是給你們分配土地的人名:厄肋阿匝爾大司祭和農的兒子若蘇;
“Nnipa a wɔn edin didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu: ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua.
18 此外由每支派選派一位首領來分配土地;
Yi abusua biara mu ɔpanin baako na ɔmmoa wɔn nni saa dwuma yi.
19 這些人的名字就是:猶大支派,是耶孚乃的兒子加肋布;
“Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi: “Yuda abusuakuo ntuanoni, Yefune babarima Kaleb;
20 西默盎子孫支派,是阿米胡得的兒子舍慕耳;
Simeon abusuakuo ntuanoni, Amihud babarima Semuel;
21 本雅明支派,是基斯隆的兒子厄里達得;
Benyamin abusuakuo ntuanoni, Kislon babarima Elidad;
22 丹子孫支派的首領,是約革里的兒子步克;
Dan abusuakuo ntuanoni, Yogli babarima Buki;
23 若瑟子孫:默納協子孫支派的首領,是厄缶得的兒子哈尼耳;
Yosef babarima Manase abusuakuo ntuanoni, Efod babarima Haniel;
24 厄弗辣因子孫支派的首領,是色弗堂的兒子刻慕耳;
Yosef babarima Efraim abusuakuo ntuanoni, Siftan babarima Kemuel;
25 則步隆子孫支派的首領,是帕爾納客的兒子厄里匝番;
Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuo ntuanoni;
26 依撒加爾子孫支派的首領,是阿倉的兒子帕耳提耳;
Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuo ntuanoni;
27 阿協爾子孫支派的首領,是舍羅米的兒子阿希胡得;
Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuo ntuanoni;
28 納斐塔里子孫支派的首領,是阿米胡得的兒子培達赫耳。」
Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuo ntuanoni.”
29 這些人是上主任命,為在客納罕地給以色列子民分配產業的人。」
Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ Kanaan asase no mu mma Israelfoɔ no.

< 民數記 34 >