< 民數記 19 >
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,
2 「這是上主製定的法律,衪這樣命令你:你吩咐以色列子民,給你牽一頭無瑕,身上沒有殘缺,且沒有負過軛的紅母牛來。
“Me som ho mmara foforɔ nie: Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ wɔmfa nantwie ba bereɛ kɔkɔɔ a ɔnnii dɛm na ɔntwee nneɛma da mmrɛ me.
3 你們應將牛交給厄肋阿匝爾司祭,牽到營外,在他面前殺了。
Momfa no mma ɔsɔfoɔ Eleasa na ɔde no bɛkɔ atenaeɛ no akyi baabi na obi akum no ɛberɛ a ɔno ara nso rehwɛ.
4 厄肋阿匝爾用手指蘸些牛血,七次向會幕的前面灑血。
Eleasa de ne nsateaa bɛbɔ mogya no mu na ɔde apete Ahyiaeɛ Ntomadan no anim mprɛnson.
5 以後在他眼前將牛焚燒;牛的皮、肉、血連糞,一起焚燒。
Afei, ɔbɛhwɛ ama obi ahye nantwie ba no. Ɔbɛhye ne ho nwoma, ne nam, ne mogya ne nʼagyanan nyinaa.
6 同時司祭應取香柏木、牛膝草和朱紅線,扔在燒牛的火內。
Na ɛgu so rehye no, Eleasa bɛfa odum dua ne hisope mman ne asaawa kɔkɔɔ na wato agu nneɛma a wɔrehye no mu.
7 以後司祭應洗自己的衣服,用水洗身,然後才可以回營。
Yei akyi, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔdware na afei ɔkɔ atenaeɛ hɔ a wɔfa no sɛ ne ho agu fi kɔsi anwummerɛ.
8 那焚燒牛的人,也應洗自己的衣服,用水洗身,但直到晚上仍然不潔。
Onipa a ɔhyee aboa no nso, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ, na ɔdware, ɛfiri sɛ, ɔno nso ho agu fi kɔsi anwummerɛ.
9 另一位潔淨的人收起牛灰,放在在營外潔淨的地方,為以色列子民會眾留下取潔水之用,因為這原是贖罪祭。
“Afei, obi a ne ho nguu fi no bɛsesa aboa a wɔhyee no no nsõ de akɔ atenaeɛ no akyi baabi a ɛhɔ yɛ kronkron na wakɔkora no wɔ hɔ. Israelfoɔ no de bɛgu wɔn nsuo a wɔde dwira wɔn ho de pam wɔn bɔne no mu.
10 那收斂牛灰的人,應洗自己的衣服,直到晚上不潔;這為以色列子民和僑居在你們中的外方人,是一條永久的法律。
Onipa a ɔbɛboaboa nantwie ba no nsõ no ano no nso, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ, ɛfiri sɛ, ne ho gu fi kɔsi anwummerɛ; yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa a ɛho wɔ mfasoɔ ma Israelfoɔ no ne ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu no nyinaa.
“Obiara a ɔbɛsɔ efunu mu no ho bɛgu fi nnanson.
12 第三日和第日,他應用那水取潔,他才潔淨;若在第三日和第七日不取潔,他仍然不潔。
Na ne nnansa ne ne nnanson so no, ɔde nsuo a wɔde dwira wɔn ho no adwira ne ho ama ne ho ate. Sɛ ne nnansa so wanyɛ yei a, ne nnanson akyi nyinaa na ne ho agu fi.
13 任何人摸了屍首,即死人的身體,而不取潔,便玷污了上主的居所,這人應由以色列中剷除,因為取潔水沒有灑在他身上,他仍然不潔,不潔仍留在他身上。
Wɔn a wɔsɔ efunu mu na wɔnnwira wɔn ho sɛdeɛ makyerɛ yi no, wɔgu Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan ho fi, na ɛsɛ sɛ wɔyi saa nnipa no firi Israelfoɔ mu. Esiane sɛ wɔamfa ahodwira nsuo no bi ampete wɔn ho no enti, wɔn ho agu fi ara.
14 幾時在帳幕內死了一人,有這樣的規定:凡進這帳幕和所有在帳幕的人,七天之久不潔;
“Sɛ obi wu wɔ ntomadan mu a, ɛho mmara nie: Obiara a ɔbɛwura saa ntomadan no mu ne wɔn a wɔwɔ mu dada ansa na onipa no rewuo no nyinaa ho gu fi nnanson.
15 一切開著口,沒有蓋上蓋的器皿,都成了不潔的。
Adeɛ biara a wɔde biribi gu mu a ɛnni mmuasoɔ no nso ho gu fi.
16 凡在田野門,摸了一個為刀所害,或自死的人,或人的骨骸,或墳墓的人,七天之久不潔。
“Sɛ obi a ɔwɔ abɔntene de ne nsa ka obi a ɔtɔɔ wɔ akofena ano funu anaa sɛ obi a ɔnyɛ ɔtɔfoɔ funu, anaasɛ obi de ne nsa ka onipa dompe anaa damena a, ne ho bɛgu fi nnanson.
17 為這樣不潔的人,應取些贖罪祭燒成的灰,放在在一器皿內,倒上活水。
“Ansa na ne ho bɛte bio no, gye sɛ wɔde nantwie ba kɔkɔɔ no nsõ a wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ no fra nsuo a wɔde agu asuhina mu.
18 然後一潔淨的人拿牛膝草浸入水內,灑在帳幕上和其內的一切器皿並人身上,以及灑在那摸過骨骸或疲害死的,或自死的,或墳墓的人身卡。
Na obi a ne ho te afa hisope mman na ɔde abɔ nsuo no mu de apete ntomadan no so ne nkuku ne nkaka a ɛwɔ ntomadan no mu no nso so ne obiara a na ɔwɔ ntomadan no mu a ne ho agu fi no so. Saa ara nso na obi a ɔsɔɔ dompe mu anaa ɔsɔɔ obi a wɔakum no anaa deɛ ɔde ne ho aka damena no nso, wɔdwira ne ho.
19 那潔淨的人應在第三日第七日上,灑那人不潔淨的人,到第七日才能使他潔淨;那人還應洗自己的衣服,在水中沐浴,到晚上就潔淨了。
Wɔyɛ yei ne nnansa ne ne nnanson so. Na deɛ ne ho agu fi no nso, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔdware, na ɛduru anwummerɛ a, afei ne ho ate.
20 誰成了不潔的而不取潔,這人應由會眾中剷除,因為他玷污了上主的聖所,因取潔水沒有灑在他身上,他仍然不潔。
Nanso, obiara a ne ho agu fi na wannwira ne ho no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wɔagu Awurade kronkronbea hɔ ho fi. Ɛfiri sɛ wɔmfaa nsuo a ɛsɛ sɛ wɔde pete ne so no mpetee ne so no enti, ne ho agu fi.
21 這為你們是一條永久的法律。那灑取潔水的,應洗自己的衣服;凡觸摸取潔水的,直到晚上不潔。
Yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ afebɔɔ. “Onipa a ɔbɛtu nsuo no apete no nso, ɛsɛ sɛ akyire no, ɔsi ne ntadeɛ, na obiara a ɔde ne nsa bɛka nsuo no nso ho gu fi kɔsi anwummerɛ.
22 凡不潔的人摸過的東西,也成了不潔的;與之接觸的人,也直到晚上不潔」。
Na biribiara a obi a ne ho agu fi no bɛsɔ mu no nso ho gu fi kɔsi anwummerɛ.”