< 民數記 11 >
1 當時人民怨聲載道,怨聲已傳入上主的耳中;上主聽見,遂發怒上主的火在他們中燃起,焚燒了營幕的邊緣。
Ankyɛ biara na nnipa no fii ase nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yiye mma wɔn, na Awurade tee. Nʼabufuw sɔree wɔ wɔn anwiinwii no ho. Eyi nti, Awurade maa ogya bɛhyew beae a na wɔte hɔ no mfikyiri baabi.
2 人民遂向梅瑟求救;梅瑟懇求了上主,火就熄滅了,
Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Mose sɛ ommegye wɔn no, ɔbɔɔ mpae srɛɛ Awurade maa wɔn na ogya no dumii.
3 遂給那地方起名叫塔貝辣,因為上主的火曾在他們中燃燒起來。
Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din se Tabera a ne nkyerɛase ne “Ahyewee,” efisɛ ogya a efi Awurade nkyɛn no hyew wɔn atenae hɔ.
4 那些跟百姓來的雜族神甚是貪求口腹,連以色列子民也開始哭泣說:「誰給我們肉吃﹖
Misraimfo a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Eyi amma Israelfo no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wosui se, “Hena na ɔbɛma yɛn aduan adi?
5 我們記得:在埃及我們可隨便吃魚,還有胡瓜、西瓜、韭菜、蔥和蒜。
Yɛkae nsumnam a yɛwee wɔ Misraim mpoano no. Saa ara nso na na yenya kokumba, ɛfere, gyeene ne galik di no.
6 現在我們的心靈憔悴,我們眼見的除「瑪納」外,什麼也沒有。」「
Nanso mprempren de, yɛn anom ato; yenhu hwee sɛ mana nko ara.”
Na mana no kɛse te sɛ wusa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae afi dubona ho agu fam.
8 人民四散收斂,用磨研細,或在臼內搗碎,在鍋內煮了做成餅,它的滋味有如油餅的滋味。
Nnipa no tase fii fam na wɔayam anaa wɔasiw wɔ ɔwaduru mu ma adan esiam. Wowie a, wɔnoa de bi yɛ tetare. Woka wʼano a, ɛte sɛ tetare a wɔakyew wɔ nhabamma ngo mu.
Obosu tɔ wɔ wɔn atenae hɔ Anadwo a na mana no nso tɔ.
10 梅瑟聽見百姓家家戶戶,各在帳棚門口悲哭。上主大發忿怒,梅瑟見了也很難受,
Mose tee sɛ mmusuakuw no nyinaa gyinagyina, atwa wɔn ntamadan ho ahyia resu. Eyi hyɛɛ Awurade abufuw yiye, na ɛhaw Mose nso.
11 遂對上主說:「你為什麼難為你的僕人﹖為什麼我在你眼中不蒙寵幸,竟將管理這百姓的擔子全放在我身上﹖
Mose bisaa Awurade se, “Adɛn nti na wode ɔhaw sɛɛ aba wʼakoa so? Dɛn na mayɛ atia wo a na wode saa nnipa a wɔte sɛɛ yi nyinaa adesoa abɛsoa me?
12 莫非是我懷孕了這百姓,或是我生了他們,你竟對我說:你要懷抱他們,如同褓母懷抱乳兒,直到進入你對他們的祖先所誓許的地方﹖
Me na minyinsɛn nnipa yi nyinaa? Me na mewoo wɔn? Adɛn nti na wuse minturu wɔn wɔ me nsa so sɛ nkokoaa nkosi sɛ yebedu asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no so?
13 我從那裏拿肉給這百姓吃﹖因為他們向我哭訴說:給我們肉吃!
Ɛhefa na merekɔfa nam abrɛ nnipa yi? Wosu kyerɛ me se, ‘Ma yɛn nam nwe!’
Me nko ara rentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo!
15 若你願這樣對待我,如果我在你眼中得寵,求你殺了我罷! 免得我受這苦楚。」
Na sɛ saa na wo ne me bedi no de a, mesrɛ, kum me, sɛ manya wʼanim anuonyam a, na mma minnhyia mʼankasa me sɛe.”
16 上主對梅瑟說:「你給我由以色列老年人中召選七十人,你知道他們是民間的老前輩和會辦事的人,領他們進入會幕,叫他們同你一起站在那裏。
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Frɛ Israelfo mpanyimfo no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiae Ntamadan no mu na wo ne wɔn nnyina hɔ.
17 在那裏我要降下,與你交談,取些你身上具有的神能,賦給他們,叫他們與你分擔管理人民的重擔,不讓你個人獨自承擔。
Mɛba hɔ na me ne wo abɛkasa na honhom a ɛwɔ wo so no, mɛfa na mede akogu wɔn nso so bi; ɛba saa a, wɔne wo bɛsoa nnipa no adesoa sɛnea ɛrenyɛ wo nko ara wʼadesoa.
18 你對民眾說:你們聖潔自己直到明天,你們就會有肉吃,因為上主已聽見你們哀哭說:誰給我們肉吃﹖我們在埃及是多麼好! 如今上主要給你們肉吃了;
“Ka kyerɛ nnipa no se: Munnwira mo ho na ɔkyena, mubenya nam awe. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade ate mo sufrɛ a ɛfa nneɛma a mugyaw no Misraim no ho na ɔrebɛma mo nam na mobɛwe.
19 不但是一天、兩天、五天、十天、二十天,你們有肉吃,
Ɛnyɛ da koro anaa nnaanu anaa nnaanum anaa nnadu anaa aduonu!
20 而是整月,直到肉從你們的鼻子裏出來,吃的生厭,因為你們輕視了住在你們中的上主,在他面前涕泣說:為什麼我們出離了埃及﹖」
Na ɔsram baako mu, mobɛwe nam ara ama afono mo ama afa mo hwene mu. Efisɛ moapo Awurade a ɔka mo ho wɔ ha no, na moasu wɔ nʼanim se, adɛn nti na yefii Misraim?’”
21 梅瑟說:「與我同住的人民,步行的男子就有六十萬,你卻說:我要給他們肉吃,且吃一整月。
Mose kae se, “Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛno na woahyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛma wɔn nam awe ara ɔsram!
22 就是將牛羊都為他們殺了,為他們夠用麼﹖或將海裏的魚全給他們捉來,為他們足用麼﹖」
Sɛ yekum nguan ne anantwi ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana? Sɛ wɔkyere po mu nam nyinaa ma wɔn a ɛbɛso wɔn ana?”
23 上主回答梅瑟說:「難道上主的手短了﹖你就要看見我對你說的話是否應驗。」
Na Awurade bisaa Mose se, “So Awurade basa yɛ tiaa dodo ana? Afei wubehu sɛ mʼasɛm yɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware.”
24 梅瑟將上主的話告訴了人民;隨後從人民的老年人中召選了七十人,令他們站在會幕四周。
Enti Mose fii Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kɔkaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Ɔboaboaa mpanyimfo aduɔson ano ma wotwaa Ahyiae Ntamadan no ho hyiae.
25 上主乘雲降下,與梅瑟談話;將他身上的神能,賦給那七十位長老;這神能一降在他們身上,他們就出神說話;以後再沒有出神。
Na Awurade nam omununkum mu baa fam ne Mose kasae, na ɔfaa honhom a ɛwɔ Mose so no de guu mpanyimfo aduɔson no so. Bere a honhom no baa wɔn so kakra no, wɔhyɛɛ nkɔm mmere tiaa bi mu.
26 當時有兩個人留在營內,一個名叫厄耳達得,一個名叫默達得;這神能也降在他們身上;他們原是在被錄取的人內,卻沒有到會幕那裏去,就在營內出神說話。
Nanso na mpanyimfo aduɔson no mu baanu a wɔfrɛ wɔn Eldad ne Medad da so wɔ wɔn atenae hɔ. Na bere a honhom no baa wɔn so wɔ hɔ no, wɔhyɛɛ nkɔm wɔ hɔ.
27 有一少年跑來告訴梅瑟說:「厄耳達得和默達得在營內出神說話。」
Mmerante bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose asɛm a asi no ho amanneɛ
28 自幼即服事梅瑟的農的兒子若蘇厄遂說:「我主梅瑟! 你該禁止他們。」
na Nun babarima Yosua a na wɔayi no sɛ ɔnyɛ Mose boafo no ampene so, na ɔkae se, “Me wura Mose, ma wonnyae!”
29 梅瑟回答他說:「你為我的緣故嫉妒人麼﹖巴不得上主的人民都成先知,上主將自己的精神貫注在他們身上! 」
Mose bisaa no se, “Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka Awurade nkurɔfo nyinaa yɛ adiyifo a Awurade de ne honhom agu wɔn nyinaa so!”
Na Mose ne Israel mpanyimfo no san kɔɔ wɔn atenae hɔ.
31 那時上主使一陣風颳起,由海上吹來了鵪鶉,散落在營幕上;鵪鶉在營幕四周多得有一天路程那麼遠,在地面上約有兩肘厚。
Na Awurade bɔɔ ahum maa ɛde mmoko fi po mu beguu atenae hɔ ne ɛho mmaa nyinaa. Baabiara a obi bɛfa no, na nnomaa yi bi atu nenam asase ani bɛyɛ anammɔn anan.
32 人民那一整日整夜,且在第二日整天都忙於捕捉鵪鶉,收集得最少的,也收集了十堆,都擺在營幕四周。
Enti da mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkum wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyee nso. Nea wannya bi no koraa na onyaa susukoraa ɔha! Mmoko buu so wɔ atenae hɔ nyinaa.
33 肉還在他們的牙齒間,尚未嚼爛,上主就對人民發怒了,以極嚴重的災禍打擊了人民。
Na nnipa no fii ase wee mmoa no bi no, Awurade bo san fuw wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kum wɔn mu fa kɛse no ara.
34 故此人給那地方起名叫克貝洛特阿塔瓦,因為在那裏埋葬了貪饕的人民。
Enti wɔtoo beae hɔ din se Kibrot-Hataawa a nkyerɛase ne, “Akɔnnɔ ɔda” efisɛ wɔn a na wɔn ani bere nam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wosiee wɔn wɔ hɔ.
35 以後民眾由克貝洛特阿塔瓦起程,向哈茲洛特出發,在哈茲洛特住下了。
Ɔman no tu fii Kibrot-Hataawa hɔ kɔtenaa Haserot.