< 尼希米記 8 >

1 所有的人民,都一致聚集到水門前的廣場上,要求厄斯德拉經師,拿出上主命以色列當遵守的梅瑟法律書來。
ɔmanfoɔ no nyinaa hyiaa wɔ wɔn nsuseneeɛ ɛpono no ano. Ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni sɛ ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfoɔ nni so no.
2 厄斯德拉司祭便在七月一日,將法律書拿到會眾前,及男女和所有能聽懂的人面前,
Enti, bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔsɔfoɔ Ɛsra de krataa mmobɔeɛ a mmara no wɔ mu no baa badwa no a mmarima ne mmaa ne mmɔfra a wɔanyini te asɛm ase no anim.
3 在水門前的廣場上,從早晨到中午,在男女和所有能聽懂的人面前,宣讀了法律,所有的人民都側耳靜聽法律書。
Ɔde nʼani kyerɛɛ adwaberem wɔ nsuseneeɛ ɛpono no ano, firi anɔpahema kɔsii owigyinaeɛ kenkanee mmara no den, maa obiara a ɔte aseɛ no teeɛ. Ɔmanfoɔ no nyinaa wɛnee wɔn aso, tiee mmara no.
4 厄斯德拉經師站在為此特備的木台上,他右邊站著瑪提提雅、舍瑪、阿納雅、烏黎雅、希耳克雅和瑪阿色雅;他左邊有培達雅、米沙耳、瑪耳基雅、哈雄、哈協巴達納、則加黎雅、和默叔藍。
Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni no gyinaa apa tenten bi a wɔsi maa saa da no so. Nnipa a na wɔgyinagyina ne nifa so no no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so no no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.
5 厄斯德拉在眾目注視下展開了書,因他高立在眾人以上,他展開書時,眾人都立起來。
Ɛsra gyinaa apa no so a nnipa dɔm no nyinaa hunu no. Ɛberɛ a wɔhunuu sɛ wabue nwoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn nan so.
6 厄斯德拉先讚頌了上主,偉大的天主,全民眾舉手回答說:「阿們,阿們! 」以後跪下,伏首至地,欽崇上主。
Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, na ɔmanfoɔ no bɔ gyee so sɛ, “Amen! Amen!” wɔ ɛberɛ a wɔmemaa wɔn nsa so kyerɛɛ ɔsoro. Afei, wɔkotokotoeɛ, somm Awurade a wɔn anim butubutu fam.
7 肋未人耶叔亞、巴尼、舍勒彼雅、雅明、阿谷布、沙貝泰、曷狄雅、瑪阿色雅、刻里達、阿匝黎雅、約匝巴得、哈南和培拉雅,為民眾講解法律,民眾立在原處不動。
Afei, Lewifoɔ a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina hɔ no deɛ wɔnyɛ.
8 厄斯德拉讀一段天主的法律書,及做翻譯和解釋,如此民眾可以懂清所誦讀的。
Wɔkenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu kyerɛɛ wɔn deɛ wɔkenkan no ase, boaa ɔmanfoɔ no ma wɔtee twerɛpɛn biara ase.
9 乃赫米雅省長和厄斯德拉司祭兼經師,並教導民眾的肋未人,向民眾說:「今天是上主你們天主的聖日,你們不可憂愁哭泣! 」因為全民眾聽了法律的話,都在哭泣。
Na amrado Nehemia, ɔsɔfoɔ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ aseɛ akyerɛ ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu ɛda a ɛte sɛ yei! Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa suiɛ.
10 為此,乃赫米雅又向他們說:「你們應該去吃肥美的肉,喝甘甜的酒,且贈送一部份,給那些沒有預備的人,因為今天是吾主的聖日;你們不可憂愁,因為喜樂於上主,就是你們的力量。」
Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuane pa ne anonneɛ a ɛyɛ dɛ nkɔdi afahyɛ no na mo ne wɔn a wɔnni nnuane pa a wɔanoa no nnidi. Ɛnnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade anim. Monnni abooboo ne awerɛhoɔ, na Awurade mu anigyeɛ no yɛ ahoɔden.”
11 肋未人也安慰民眾說:「你們要安靜,因為今天是聖日,不應憂愁! 」
Na Lewifoɔ no nso kasaa sɛ, “Hwɛ! Monnsu. Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron” de dwodwoo wɔn.
12 民眾遂去吃喝,且贈送一部份給他人,大家異常歡樂,因為都明白了向他們所講的話。
Na nnipa no kɔdidiiɛ, kyɛɛ nnuane, nomeeɛ, dii dapɔnna no anigyeɛ so, ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm, tee aseɛ.
13 第二天,全民族的族長和司祭並肋未人,都聚集在厄斯德拉經師身旁,研究法律上的話。
Na bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) a ɛtɔ so nkron no, mmusua ntuanofoɔ no ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ne Ɛsra hyiaeɛ sɛ, wɔrekɔ mmara no mu fekɔfekɔ.
14 發現法律上記載:上主曾藉梅瑟,命令以色列子民,在七月的慶節日,應住在帳棚內。
Wɔkɔɔ mmara no mu no, wɔhunuu sɛ, Awurade nam Mose so ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ no tena asese mu afahyɛ a wɔrebɛdi no saa bosome no mu no.
15 他們一聽說如此,遂在各城和耶路撒冷,宣佈這命令說:「你們上山去,取橄欖樹的枝葉、野橄欖樹的枝葉、長春樹的枝葉、棕樹的枝葉,和其他茂盛樹的枝葉,照經上所寫的,搭造帳棚。」
Waka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔbɔ nhyɛ no ho dawuro wɔ wɔn nkuro nyinaa so, ne titire no, Yerusalem nam so aka akyerɛ ɔmanfoɔ no sɛ, wɔnkɔ nkokoɔ so nkɔpɛ ngo dua mman, kranku mman, ohwannua mman, ɛberɛ ne nnua kusukusuu mman, na wɔmfa mmɛbobɔ asese ntena mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no.
16 民眾就去採了樹枝來,在屋頂上,院子裏,天主殿宇的庭院內,水門的廣場上,和厄弗辣因廣場上,搭了帳棚。
Enti, nnipa no kɔtwitwaa mman, na wɔde sisii asese wɔ wɔn afie, wɔn adihɔ, Onyankopɔn asɔredan adihɔ anaa adwaberem a ɛwowɔ asutene apono no ne Efraim apono no mu.
17 由充軍回來的全會眾,都搭造帳了棚,住在帳棚內;從農的兒子若蘇厄之日起,直到今日,以色列沒有舉行過如此的盛事,大家都非常歡樂。
Enti, obiara a wafiri nneduasom mu aba no kɔtenaa saa asese yi mu afahyɛberɛ no nnanson mu, na obiara ani gyee yie. Ɛfiri Nun babarima Yosua berɛ so no, Israelfoɔ anni afahyɛ no saa ɛkwan yi so.
18 從第一日直到最後一日,天天宣讀天主的法律書;七天之久過了慶節,第八天按規定舉行了盛會。
Ɛsra kenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu wɔ afahyɛ no mu nnanson no mu da biara. Afei, Tisri bosome (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu anibereɛ so, sɛdeɛ Mose mmara hwehwɛ no.

< 尼希米記 8 >