< 尼希米記 6 >
1 當桑巴拉特、托彼雅、阿剌伯人革笙和我們其他的仇敵,一聽說我重修了城牆,已沒有破口的地方,──雖然到那時,我還沒有在門上按裝門扇,──
Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no hunuu sɛ masiesie ɔfasuo no awie a ɛkwan biara nneda ntam a ɛnso yɛnsisii apono no,
2 桑巴拉特和革笙,便派人到我這裏說:「請來,我們在敖諾平原的一個村鎮中會晤。」其實他們是企圖謀害我。
Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me sɛ, menhyia wɔn nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tata so. Nanso, mehunuu sɛ wɔrepam me tiri so,
3 我遂派使者去答覆他們說:「我作的工程浩大,不能前去。我怎能離開工作,到你們那裡去,而使工程停頓呢﹖」
enti memaa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Mereyɛ adwuma kɛseɛ bi a merentumi nnyae mmɛhyia mo.”
4 他們如此連續四次,遣使者到我這裏,我也同樣答覆了他們。
Wɔtoo me saa nkra no mpɛn ɛnan. Ne nyinaa mu, memaa mmuaeɛ korɔ no ara.
5 隨後,桑巴拉特第五次,又同樣打發他的臣僕來,手中拿著一封未封的信,
Ne mpɛn enum so no, Sanbalat ɔsomfoɔ kura krataa a wɔatwerɛ baeɛ.
6 信上寫著說:「在各民族中傳說,而且革笙也證實此說:你和猶太人圖謀造反,為此你纔重修城牆;據說你還要為王。
Na krataa no mu nsɛm nie: “Gesem aka akyerɛ me sɛ, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafoɔ no repam ayɛ dɔm, na ɛno enti na woresiesie ɔfasuo no. Deɛ ɔka ne sɛ, wopɛ sɛ wobɛdi wɔn so ɔhene.
7 並且你派定了先知,在耶路撒冷為你宣傳說:猶大有了王! 現今這些話勢必傳到君王那裏,所以請你來,我們互相商議商議。」
Ɔkɔ so ka sɛ, woayi adiyifoɔ bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem sɛ, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wogye to mu sɛ, saa asɛm yi bɛduru ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.”
8 我遂派遣使者向他說:「決沒有像你所說的那些事,是你心中虛構的。」
Mebuaa sɛ, “Wonim sɛ woretwa atorɔ. Asɛm a woreka no, nokorɛ baako koraa nni mu.”
9 其實,他們是企圖恐嚇我們,心想:「如此他們必放棄那工程,不在工作下去。」但我的力量更堅強了。
Huna na na wɔpɛ sɛ wɔhunahuna yɛn. Na wɔsusu sɛ wɔbɛtumi abu yɛn aba mu na yɛgyae adwuma no yɛ. Ɛno enti, mebɔɔ mpaeɛ sɛ mɛnya ahoɔden de atoa dwumadie no so.
10 有一天,我來到默塔貝耳的孫子,德拉雅的兒子舍瑪雅的家裏,他正閉門在家,對我說:「我們上天主的殿,到聖所裏去會晤,關好聖所的門戶,因為他們要來殺你,且今夜要來殺你。」
Akyire no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nana Semaia a ɔhyɛ ne fie na ɔnnkɔ baabiara no. Ɔkaa sɛ, “Ma yɛn nhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apono no akyi. Wʼatamfoɔ reba abɛkum wo anadwo yi.”
11 我答說:「像我這樣的人,能逃避到聖所中,保全生命嗎﹖我決不進去! 」
Na mebuaa sɛ, “Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me dwane amanehunu anaa? Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me bɛkɔ akɔhinta Asɔredan mu de apere me nkwa anaa? Dabi, merenyɛ saa!”
12 我覺察出來,不是天主打發他向我講這預言,而是托彼雅和桑巴拉特賄賂了他,
Mehunuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛeɛ no tia me, ɛfiri sɛ, Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.
13 要他恐嚇我,使我那樣去作犯罪的事,如此給他們留下一種壞名譽,好藉以辱罵我。
Na wɔsusu sɛ wɔbɛhunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me soboɔ, asɛe me din.
14 我的天主! 請你按照托彼雅和桑巴拉特之所行,記憶他們! 也不要忘卻諾阿狄雅女先知和其餘的先知,因為他們企圖使我恐懼。
Ao me Onyankopɔn, kae bɔne a Tobia ne Sanbalat ayɛ no nyinaa. Na kae odiyifoɔ baa Noadia ne adiyifoɔ a wɔte sɛ ɔno a wɔpɛɛ sɛ wɔhunahuna me no.
15 「厄路耳」月二十五日,城垣完成,共計為時五十二日。
Enti, Elul bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so mmienu no, wɔwiee ɔfasuo no nsiesie, nnafua aduonum mmienu a wɔhyɛɛ dwumadie no ase.
16 我們所有的仇敵一聽說這事,我們四周的人民一看見這事,都十分驚異,並承認這工程,是賴我們的天主而完成的。
Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia teeɛ no, wɔsuroeɛ, na ɛma wɔbotoeɛ. Wɔhunuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.
17 在此期間,猶大有些有權勢的人,給托彼雅寄了許多函件,托彼雅也有覆函寄回。
Saa nnafua aduonum mmienu no mu, nkrataa bebree dii akɔneaba wɔ Tobia ne Yuda adwumayɛfoɔ no ntam.
18 因為猶大有許多人,與他宣示為盟,因他原是阿辣黑的兒子,舍加尼亞的女婿,他的兒子約哈南,又取了貝勒革雅的兒子默叔藍的女而為妻。
Ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ bebree aka ntam sɛ, wɔbɛsom no. Afei, na Tobia ase ne Arah babarima Sekania. Na Sekania babarima Yehohanan nso aware Berekia babarima Mesulam babaa.
19 他們常在我面前稱道他的善行,也將我的事向他報告,托彼雅遂來信恐嚇我。
Wɔkɔɔ so kaa sɛdeɛ Tobia ho yɛ nwanwa fa no kyerɛɛ me, na afei, wɔkaa biribiara a mekaeɛ nso kyerɛɛ no. Na Tobia de ahunahuna nkrataa bebree brɛɛ me.