< 尼希米記 12 >
1 以下是同沙耳提的兒子責魯巴貝耳和耶叔亞回來的司祭和肋未人:色辣雅、耶肋米雅、厄次辣、
Saa nnipa yi ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanin Yesua sanee wɔn akyi no: Seraia, Yeremia, Ɛsra,
7 撒路、阿摩克、希耳克雅、阿達雅:這些人是耶叔亞時期中的司祭,和他們兄弟的族長。
Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Yesua ɛberɛ so no, na yeinom ne asɔfoɔ ntuanofoɔ ne wɔn mfɛfoɔ.
Lewifoɔ a wɔne wɔn sanee wɔn akyi no nie: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfoɔ na na wɔhwɛ aseda nnwom so no.
9 巴刻步克雅和烏尼,以及他們的兄弟依照班次,輪流服務。
Na sɛ wɔresom a, wɔn mfɛfoɔ Bakbukia ne Uni sɔre gyina ne wɔn di nhwɛanimu.
10 耶叔亞生約雅金,約雅金生厄肋史布,厄肋史布生約雅達,
Ɔsɔfopanin Yesua woo Yoiakim, Yoiakim woo Eliasib, Eliasib woo Yoiada,
na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua.
12 在約雅金年間,司祭作族長的:色辣雅家是默辣雅,
Ɛberɛ a Yoiakim yɛ ɔsɔfopanin no, na asɔfoɔ mmusua mu ntuanofoɔ no ne: Meraia a ɔtua Seraia abusua ano. Hanania a ɔtua Yeremia abusua ano.
Mesulam a ɔtua Ɛsra abusua ano. Yehohanan a ɔtua Amaria abusua ano.
Yonatan a ɔtua Maluki abusua ano. Yosef a ɔtua Sebania abusua ano.
Adna a ɔtua Harim abusua ano. Helkai a ɔtua Meraiot abusua ano.
Sakaria a ɔtua Ido abusua ano. Mesulam a ɔtua Gineton abusua ano.
17 阿彼雅家是齊革黎,米尼雅明和摩阿狄雅家是丕耳泰,
Sikri a ɔtua Abia abusua ano. Miniamin ne Moadia abusua nso yɛ Piltai.
Samua a ɔtua Bilga abusua ano. Yehonatan a ɔtua Semaia abusua ano.
Matenai a ɔtua Yoiarib abusua ano. Usi a ɔtua Yedaia abusua ano.
Kalai a ɔtua Salai abusua ano. Eber a ɔtua Amok abusua ano.
Hasabia a ɔtua Hilkia abusua ano. Netanel a ɔtua Yedaia abusua ano.
22 在厄肋雅史布、約雅達、約哈南和雅杜亞年間,肋未人的族長都登記了,司祭也登記了,直到波斯達理阿的朝代。
Persiahene Dario a ɔtɔ so mmienu ɛberɛ so no, wɔtwerɛɛ Lewifoɔ ne asɔfoɔ mmusua mu ntuanofoɔ no nyinaa din wɔ saa asɔfoɔ mpanimfoɔ yi pɛn so: Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua.
23 肋未人的族長也都登記在編年錄上,直到厄肋雅史布的孫子約哈南時代。
Wɔtwerɛɛ Lewifoɔ mmusua ntuanofoɔ no din guu Abakɔsɛm Nwoma mu kɔsii Eliasib nana Yohanan ɛberɛ so.
24 肋未人的族長是哈沙彼雅。舍勒彼雅、耶亞、彼奴依和卡德米耳;他們和他們的兄弟,按天主的人達味所制定的,在唱讚美和頌謝經文時,對面站著,分班輪流歌唱。
Yeinom ne Lewifoɔ mmusua ntuanofoɔ: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfoɔ bi a, sɛ ɛduru ayɛyie ne aseda afahyɛ so a, wɔgyina hɔ ne wɔn di nhwɛanimu, na ɛfa gye ɛfa so wɔ nnwontoɔ mu, sɛdeɛ Dawid, Onyankopɔn onipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
25 瑪塔尼雅。巴刻步克雅、敖巴狄雅、默叔藍、塔耳孟和阿谷布,都是守門的,護守府庫的門:
Na Matania, Bakbukia ne Obadia nso ka ho. Mesulam, Talmon ne Akub na wɔyɛ aponoanohwɛfoɔ a wɔhwɛ adekoradan a ɛwɔ apono no ano no so.
26 以上都是約匝達克的孫子,耶叔亞兒子約雅金時代和乃赫米雅省長,及厄斯德拉司祭兼經師時代的人。
Na yeinom nyinaa somm wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nana ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ berɛ so.
27 為耶路撒冷城垣舉行落成典禮時,召集住在各地的肋未人,在到耶路撒冷,詠唱詠謝讚美的詩歌,彈奏弦樂琴瑟,這落成典禮歡樂舉行。
Ɛberɛ a wɔredwira Yerusalem ɔfasuo foforɔ no ho no, wɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa sɛ, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadie no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigyeɛ fa no.
28 肋未人的子孫歌詠者,便由耶路撒冷四周區域,笸乃托法各村莊,
Wɔde nnwomtofoɔ no firi Yerusalem ne ne nkuraaseɛ ne Netofafoɔ nkuraaseɛ nyinaa bɔɔ mu baeɛ.
29 由貝特基耳加耳、革巴和阿次瑪委特鄉間,集合前來,原是歌詠者在耶路撒冷四周,為自己建造了莊院。
Ebi nso firi Bet-Gilgal ne Geba pɔ mu hɔ ne Asmawet, ɛfiri sɛ, na nnwomtofoɔ no ara akyekyere wɔn ankasa nkuraa afa Yerusalem ho ahyia.
30 司祭和肋未人聖潔了自己以後,又聖潔了民眾、城門和城牆。
Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, afei wɔdwiraa ɔmanfoɔ no ho, dwiraa apono no ne ɔfasuo no nso ho.
31 我叫猶大各省長登上城牆,將儀仗分為兩大隊:一隊在城牆上向右往糞門進行,
Medii Yuda ntuanofoɔ no anim kɔɔ ɔfasuo no atifi, na meboaboaa nnwomtofoɔ akuo akɛseɛ mmienu ano, ma wɔbɛdaa ase. Nnwontofoɔ ekuo no mu baako kɔɔ anafoɔ wɔ ɔfasuo no atifi kɔsii Sumina Ɛpono no.
Hosaia ne Yuda ntuanofoɔ no mu fa dii wɔn akyi,
na Asaria, Ɛsra, Mesulam,
Yuda, Benyamin, Semaia, Yeremia
35 這些人都是司祭中吹號筒的;還有約納堂的兒子加黎雅,──約納堂是舍瑪雅的兒子,舍瑪雅是瑪塔尼雅的兒子,瑪塔尼雅是米加雅的兒子,米加雅是匝雇爾的兒子,匝雇爾是阿撒夫的兒子,──
ne asɔfoɔ no bi a wɔhyɛne totorobɛnto no dii wɔn akyi. Ɛno akyi na Yonatan babarima Sakaria, Semaia babarima, Matania babarima, Mikaia babarima, Sakur babarima a ɔyɛ Asaf aseni no di hɔ.
36 以及則加黎雅的兄弟:舍瑪雅、阿匝勒耳、米拉來、基拉來、瑪艾、乃塔乃耳、猶達和哈納尼,演奏天主的人達味的樂器。厄斯德拉經師走在你們的前面。
Ne korakora no, Sakaria mfɛfoɔ a wɔne Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda ne Hanani dii wɔn so. Wɔfaa nnwontodeɛ a Dawid a ɔyɛ Onyankopɔn onipa akyerɛ sɛ wɔmfa no. Na Ɛsra a ɔyɛ mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ no na ɔdii santen no anim.
37 他們到了泉門之後,一直上了達味城的石級,沿著城城牆斜坡,靠著達味王宮,走到東邊水門。
Wɔfaa nsuo Aniwa Ɛpono no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no ɔfasuo atwedeɛ a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid efie ho, kɔsii Nsuo Ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ho.
38 第二儀仗隊往左邊行,我在儀仗隊之後,與另一半首長在城牆上,路過爐堡,直到廣場的城牆,
Nnwontofoɔ a wɔtɔ so mmienu no faa atifi ɛkwan kɔhyiaa wɔn. Me ne ɔmanfoɔ no mu fa dii wɔn akyi. Yɛfaa ɔfasuo no so nam Fononoo Abantenten no ho kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no,
39 以後,路過厄弗辣因門、魚門、哈約乃耳堡,直到羊門,便在更門停住了。
afei yɛtwaa Efraim Ɛpono no ho, kɔsii Kuropɔn Dada Ɛpono no, yɛfaa Mpataa Ɛpono no ho, kɔsii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nnwan Ɛpono no ho, na yɛkɔgyinaa Ɔwɛn Ɛpono ano.
40 這兩儀仗隊站在天主殿內,有一半首長同我在一起;
Nnwontokuo mmienu a na wɔreda ase no kɔɔ Awurade Asɔredan mu kɔtenatenaa ase. Me nso me ne akuo ntuanofoɔ a na wɔka me ho no yɛɛ saa ara.
41 還有司祭厄里雅金、瑪色雅、米尼雅明、 米加雅、厄里約乃、則則加雅、哈納尼雅,他們吹著號筒;
Yɛne asɔfoɔ a na wɔhyɛn totorobɛnto a wɔne Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania
42 還有瑪阿色雅、舍瑪雅、厄肋阿匝爾、烏齊、約哈南、瑪耳基雅、厄藍和厄則爾。歌詠都在耶辣希雅指導下高聲唱歌。
ne nnwomtofoɔ Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔeɛ. Wɔtoo nnwom denden so a na dwomkyerɛfoɔ Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ.
43 一日祭獻了很多犧牲,人們都很歡樂,因為天主使他們非常歡樂,連婦女童也都喜歡;耶路撒冷歡樂的聲音聞於遠方。
Saa anigyeɛ da no, wɔbɔɔ afɔdeɛ bebree, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gyeɛ. Mmaa ne mmɔfra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duruu akyirikyiri.
44 那時,也定專員,管理孝放祭品、初熟之物和什一之的倉庫將各城各鄉照法律規定應交與司祭和肋未的物品,都存放在裏面,因為猶太人對盡職的司祭和肋未人都表喜悅。
Ɛda no, wɔyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛdeɛ, otwakane ne ntotosoɔ dudu gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔkɔgyegye firi mfuo mu, sɛdeɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmara kyerɛ no, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn dwumadie no ho hia Yudafoɔ nyinaa yie.
45 因他們各盡侍奉他們的天主之職,舉行取潔禮。歌詠者和守門者,也都遵照達味和他的兒子撒羅滿所制定的進行,
Wɔyɛɛ wɔn Onyankopɔn som no ne ahodwira som no pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Dawid ne ne babarima Salomo mmara kyerɛ no, na saa ara nso na nnwomtofoɔ no ne aponoanohwɛfoɔ no yɛeɛ.
46 因為遠在達味和阿撒夫時代,已有了歌詠長的職務,和讚美並感謝天主的歌曲。
Amammerɛ a wɔma nnwomtofoɔ akwankyerɛfoɔ di nnwomtofoɔ no anim wɔ nkamfo ne aseda nnwom a wɔto de ma Onyankopɔn no hyɛɛ aseɛ firii Dawid ne Asaf berɛ so.
47 在責魯巴貝耳和乃赫米雅年間,全以色列天天都繳納給歌詠者和守門者應繳約之物,把一部分聖物交給人,肋未人將一部分交給亞郎的子孫。
Enti, ɛfiri Serubabel ne Nehemia berɛ so no, na daa ɔmanfoɔ brɛ nnwomtofoɔ no ne aponoanohwɛfoɔ ne Lewifoɔ no nnuane. Na Lewifoɔ no nso de deɛ wɔnya no mu bi ma asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron asefoɔ no.