< 尼希米記 10 >
1 在上面蓋印的,先是哈加里亞的兒子乃赫米雅省長,後為漆德克雅、
Nwoma a wɔgye too mu na wɔsɔɔ ano, saa edin yi na na ɛwɔ mu: Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado. Asɔfoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne Sedekia,
Maasia, Bilgai ne Semaia. Yeinom ne asɔfoɔ no.
9 以下是肋未人:阿匝尼雅的兒子耶叔亞、彼奴依,赫那達得的子孫卡德米耳,
Lewifoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne: Asania babarima Yesua, Binui a ɔfiri Henadad abusua mu, Kadmiel,
10 和他們的族人:舍巴尼雅、曷狄雅、刻里達、培拉雅、哈南、
ne wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ a, wɔne: Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan,
14 民眾的首領:帕洛市、帕哈特摩阿布、厄藍、匝突、巴尼、
Ntuanofoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne: Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani,
28 其餘的民眾、司祭、肋未人、門丁、歌詠者、獻身者,和所有脫離各地人民而來歸奉天主法律的人,連同他們的妻子兒女,及凡有知識能懂事的人,
“Nnipa no nkaeɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛdeɛ wɔbɛsom Onyankopɔn, na wɔanyinyini a wɔte asɛm ase no,
29 都支持他們為首領的同胞,起咒宣示,必按天主的法律去行,就是遵行天主的僕人梅瑟所頒佈的法律,並遵守履行上主我們的天主的一切命令、規矩和制度;
wɔn nyinaa firi akoma pa mu kaa ntam, de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nse sɛ, sɛ wɔbu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne ɔsomfoɔ Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wɔfiri akoma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛto wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛdeɛ ne ne mmara nyinaa so.
30 決不將我們的女兒嫁給外方人民,也不為我們的兒子娶他們的女兒。
“Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmammaa nware abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmammarima nso nware wɔn mmammaa.
31 外方人民若是在安息日,運貨物或各種食糧來販賣,我們在安息日或聖日,決不向他們購買什麼;每七年停止耕種,豁免一切債務。
“Yɛsane hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de adwadeɛ anaa atokoɔ ba bɛtɔn no homeda anaa ɛda kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfeɛ nson a ɛbɛba biara mu, na ɛka biara a Yudafoɔ afoforɔ bi de yɛn no, yɛbɛtwam.
32 我們又為自己定下規矩,每年要繳納三分之一「協刻耳,」作為我們天主殿中祭祀之用:
“Deɛ ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛtua Asɔredan afirinhyia toɔ a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛntua a ɛyɛ dwetɛ gram ɛnan, sɛdeɛ ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho bra.
33 備辦供餅、恆常祭品、全燔祭品,安息日、月朔和慶節應獻的祭品和各種祭物,為以色列贖罪的贖罪祭品,以及我們天主殿內的一切工作費用。
Yei bɛboa ama yɛanya Hyiadan mu Burodo no, na yɛatumi abɔ atokoɔ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ berɛ ano berɛ ano, abɔ homeda afɔdeɛ hodoɔ, adi ɔbosome foforɔ afahyɛ ahodoɔ ne dapɔnna ahodoɔ no. Saa ara na ɛbɛma yɛatumi abɔ kronkronyɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ama Israel. Afei, ɛbɛboa ama yɛanya nneɛma bi a ɛho bɛhia ama yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho adwumayɛ.
34 我們司祭、肋未人和人民,拈鬮規定,按照家族,每年照一定的時間,我們天主的聖殿獻納木柴,放在上主我們的天主的祭壇上燃燒,如法律上所記載的;
“Yɛabɔ ntonto hodoɔ, ahunu afe biara mu mmerɛ a ɛfata sɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔmanfoɔ no abusuafoɔ de nnyensin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhye no Awurade, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia so, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.
35 又當把田地的初熟之物,以及各種樹木的初熟鮮果,每年獻於上主聖殿;
“Yɛhyɛ bɔ sɛ, daa yɛde otwakane biara mu kyɛfa bi, sɛ ɛyɛ asaseduane anaa aduaba a ɛfiri nnua so bɛba Awurade Asɔredan mu.
36 按照法律所載,將我們的兒子和家畜中的首生者,以及我們牛羊中的首生者,獻於我們天主的聖殿,交給我們在天主殿內奉職的司祭;
“Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmammarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfoɔ a wɔsom wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan mu no.
37 把我們初熟的粗麵餅、祭品、各種樹木的果實、新酒和油,交給司祭,送到我們天主聖殿的廊房裏;將我們田地出產的十分之一,送給肋未人,肋未人應親自在各城鎮,徵收我們勞作的十分之一。
“Yɛbɛkora mfudeɛ no nyinaa wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikyiresiam a ɛyɛ pa ara ne atokoɔ nkaeɛ afɔrebɔdeɛ, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsã foforɔ papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn mfudeɛ biara a ɛfiri yɛn asase so nkyɛmu edu mu baako bɛbrɛ Lewifoɔ, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔgyegye ntotosoɔ dudu no wɔ yɛn nkuraase.
38 當肋未人徵收十分之一時,亞郎子孫中的一個司祭,應與肋未人在一起;肋未人應將所得什一中的十分之一,獻於我們的天主聖殿,交入聖殿廊房的寶庫,
Ɔsɔfoɔ a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifoɔ no ho wɔ ɛberɛ a wɔregyegye ntotosoɔ dudu no. Na biribiara a wɔbɛgye sɛ ntotosoɔ dudu no, Lewifoɔ de mu nkyɛmu edu mu baako bɛkɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akɔsisi adekoradan no mu.
39 因為以色列子民和肋未的子孫,應把所獻的五穀、酒和油,送到廊房內,聖所的器具存在那裏,奉職的司祭,守門者和歌詠者也住在那裏,對們天主的聖殿,再也不敢怠慢。
Ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ no ne Lewifoɔ no de afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo no bɛgu adekoradeɛ kronkron a ɛbɛn asɔfoɔ a wɔresom no, aponoanohwɛfoɔ ne nnwomtofoɔ no wɔ Asɔredan no mu. “Enti, yɛbɔ mu hyɛ bɔ sɛ yɛrentoto yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ase.”