< 利未記 26 >

1 你們不可製造神像,亦不可立雕像或石柱;在你們境內,亦不可安置石像,供人朝拜,因為我上主是你們的天主。
“‘Monnyɛ abosom. Monnsisi ahoni anaa aboɔ mma mo ho. Mommfa aboɔ a wɔatwa nsisi mo asase so sɛ morebɛkoto wɔn. Mene Awurade mo Onyankopɔn.
2 你們應遵守我的安息日,尊敬我的聖所;我是上主。
“‘Ɛsɛ sɛ modi me Homeda, na mode anidie ma me kronkronbea. Mene Awurade.
3 如果你們履行我得法令,遵守我的命令,一一依照執行,
“‘Sɛ modi me mmara no nyinaa so a,
4 我必按時給你們降下雨露,地必供給出產,田野的樹木必結出果實。
daa mɛtɔ osuo ama mo ama mo nnɔbaeɛ ayɛ yie abu so, na mo nnua nso bɛso aba a ɛbɛkyɛre wɔ nnua no so.
5 你們打禾必打到收葡萄的時期,收葡萄必收到播種的時期;你們必有糧食吃飽,。在境內安居樂業。
Na sɛ ɛduru odua berɛ so bio koraa a, mo borɔdɔma bɛkɔ so abere. Mobɛdidi amee na moatena asase no so asomdwoeɛ mu,
6 我必賜國內太平,你們睡下,沒有驚擾;我必使境內的猛獸消滅,刀劍也不侵入你們境內。
“‘Ɛfiri sɛ, mɛma mo asomdwoeɛ, na mɛma mo ada a monnsuro hwee. Mɛpam mmoa bɔne afiri mo ho.
7 你們追擊仇敵時,他們必在你們面前喪身刀下。
Mobɛpam mo atamfoɔ; na wɔbɛwuwu wɔ mo asekan ano.
8 你們五人要追擊一百,你們百人要追擊一萬;你們的仇敵必在你們面前喪身刀下。
Mo mu baanum bɛka ɔha agu, na mo mu ɔha aka ɔpedu agu! Mo atamfoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano wɔ mo anim.
9 我必眷顧你們,使你們繁殖增多;我必固守我與你們所立的盟約,
“‘Mɛhwɛ mo so na mama mo adɔre, na madi apam a me ne mo pameeɛ no so.
10 你們要吃久藏的陳糧,要清出陳糧,為貯藏新糧。
Mo nnɔbaeɛ bɛbu so a sɛ otwa berɛ foforɔ duru so a, morenhunu deɛ mode bɛyɛ.
11 我必在你們中間安置我的住所,再不厭惡你們。
Na mɛtena mo mu, na meremmu mo animtiaa.
12 我必住在你們中間,做你們的天主,你們做我的百姓。
Me ne mo bɛnante, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfoɔ.
13 我上主是你們的天主,是我領你們出離了埃及地,不再做他們的奴隸;是我打斷了你們軛上的橫木,另你們昂首前進。違法的禍患
Mene Awurade mo Onyankopɔn a ɔde mo firi Misraim asase so baeɛ sɛ ɔmpɛ sɛ moyɛ nkoa bio no. Mabubu mo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, na mɛma mo anante animuonyam so.
14 但是,如果你們不聽從我,不執行這一切命令;
“‘Na sɛ moantie me, anni mʼasɛm so,
15 如果你們棄絕我的法令,厭惡我的制度,不遵行我的一切命令,而破壞我的盟約,
na mopo me mmara a,
16 我必要這樣與你們作對,使你們恐怖,換肺癆瘧疾,眼目昏花,心靈憔悴;你們的種子,白白播種,因為你們的仇敵要來吃盡。
deɛ mɛyɛ mo nie: Mɛma mo akoma atutu na mama nsamanwa ayɛ mo, na atiridiinini abɔ mo. Mo ani bɛtutu, na mo nkwa so ahwan. Mobɛdua nnɔbaeɛ agu kwa, ɛfiri sɛ, mo atamfoɔ na wɔbɛdie.
17 我要板起臉來與你們作對,你們必為仇敵擊潰,那仇恨你們的要壓制你們;雖然沒有人追趕,你們也要望風而逃。
Mɛyi mʼani afiri mo so, na moadwane afiri mo atamfoɔ anim. Wɔn a wɔtan mo bɛdi mo so. Mobɛdwane ɛberɛ a obiara mpam mo.
18 如果這樣你們還不聽從我,為了你們的罪惡,我必要加重七倍懲罰你們,
“‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, mɛtwe mo aso mmɔho nson a emu yɛ den wɔ mo bɔne no ho.
19 粉碎你們矜誇的力量,使你們的蒼天如鐵,使你們的土地像銅,
Mɛsɛe mo ahantan tumi no na mayɛ mo soro sɛ dadeɛ ne mo fam sɛ kɔbere.
20 使你們白廢氣力,地不供給出產,田野的樹木也不結果實。
Mobɛsɛe mo ahoɔden kwa, na mo asase nnya nnɔbaeɛ biara, na ɛso nnua nso renso aba.
21 如果你們還與我作對,不願聽從我,我必按照你們的罪惡,加重七倍打擊你們,
“‘Na sɛ tie ara na monntie me a, mo bɔne enti, mede ɔyaredɔm mmɔho nson bɛgu mo so.
22 使野獸來傷害你們,奪去你們的子女,殘害你們的牲畜,減少你們的人口,使你們的街市變成廢墟。
Mɛma nkekaboa abɛkunkum mo mma na wɔakunkum mo anantwie, na mate mo dodoɔ so, na mo akwan bɛda mpan a obi mfa so bio.
23 如果我用這些事還不能懲戒你們,你們仍然與我作對,
“‘Na sɛ yei antumi ansesa mo, na mokɔ so tia mʼapɛdeɛ a,
24 我也要與你們作對,為了你們的罪惡,必要加重七倍打擊你們。
me nso, mɛtia mo apɛdeɛ, na me ara mʼankasa mɛtwe mo aso mprɛnson wɔ mo bɔne ho.
25 我必令刀劍臨於你們,為報復違背盟約的罪;如果你們退入城市,我俾使瘟疫來害你們,叫你們落在仇人手內。
Menam ɔko so bɛbu mʼapam so ako atia mo de atua mo so ka. Mobɛdwane akɔ mo nkuro mu, na mede nyarewa bɛtoa mo wɔ hɔ. Na mo atamfoɔ bɛdi mo so.
26 當我給你們斷絕了糧源時,時個女人要在一個灶口上烤餅按定量給你們配給糧食;你們雖然吃,卻吃不飽。
Mɛsɛe mo nnuane a mobɛnya nyinaa kɔsi sɛ mpo, fononoo baako burodo a ɛbɛto no na mmusuakuo edu bɛdi. Aduane kakra a mobɛdi no akyi, ɛkɔm bɛde mo.
27 如果這樣,你們還不聽從我,仍然與我作對,
“‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a,
28 我必發怒來與你們作對,為了你們的罪惡,我必加重七倍懲罰你們。
mo bɔne enti, me bo bɛfu mo na matwe mo aso a emu yɛ den mmɔho nson.
29 你們要吃你們兒子的肉,連你們女兒的肉也要吃。
Mobɛwe mo mmammarima ne mo mmammaa ɛnam.
30 我必破壞你們的丘壇,砍倒你們的香臺,將你們的屍首堆在你們的偶像的屍首上。我必厭惡你們。
Mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea. Mɛtwitwa mo aduhwam afɔrebukyia agu, na mahyehyɛ mo afunu wɔ mo ahoni a ɛnni nkwa no so; na mɛpo mo.
31 使你們的城市變為曠野,聖所化為廢墟,不願再文你們祭品的馨香。
Mɛma mo nkuro ayɛ amamfo na masɛe baabi a mosom nyinaa, na mapo mo ohwam afɔrebɔ no.
32 我俾使你們的地化為廢墟,甚至你的仇人來居住時,還驚奇不已。
Ampa ara, mɛma mo asase so ada mpan na mo atamfoɔ atena so, na deɛ mɛyɛ mo no ayɛ mo nwanwa.
33 我必將你們分散在各民族中,我要拔劍追逐你們,使你們的地成為廢墟城市變為曠野。
Mɛbɔ mo apete aman no a morekɔ so nyinaa, na mede ɔko asɛe mo. Mo asase bɛda mpan na wɔasɛe mo nkuro.
34 當那地方變成荒野,而你們僑居在仇人的地方時,這整個時期,那地才補上了安息的時候;那時地要休息,補享安息年。
Akyire no, asase no bɛda hɔ ahome de asi mfeɛ dodoɔ a moamma anhome no anan; ɛbɛda hɔ wɔ mmerɛ a mowɔ atamfoɔ nsam wɔ wɔn nsase so no nyinaa. Na asase no ahome, na anya ne home nna nso.
35 那地方荒涼的整個時期內,才得到安息,補享你們居住時,在你們的安息年內,為享到的安息。
Ɛberɛ a asase no da mpan nyinaa, ɛbɛnya home a moamma annya wɔ Homeda dodoɔ a motenaa soɔ no.
36 至於你中殘存的人,我俾使他們在仇人的地方膽戰心驚,甚至風吹落葉聲也把他們嚇跑,逃跑有如逃避刀劍;雖然無人追趕,他們也跌倒在地。
“‘Wɔn a wɔgyaa wɔn hɔ a wɔnwuiɛ no nso, mɛma wɔatwe wɔn akɔ akyirikyiri nsase so sɛ ɔko mu nneduafoɔ ne nkoa. Ɛhɔ na wɔbɛtena daa wɔ ehu mu. Wɔte sɛ mframa rebɔ ahahan koraa a, wɔbɛdwane te sɛ deɛ obi a ɔkura akofena repam wɔn; wɔbɛhwehwe ase wɔ ɛberɛ a obi mpam wɔn.
37 雖然無人追趕,他們卻一人倒在另一人身上,如面臨刀劍。你們決不能抵擋你們的仇人,
Obiara rempamo wɔn nanso ehu enti, wɔbɛsuntisunti wɔn ho wɔn ho te sɛ deɛ wɔredwane afiri akono a wɔnni tumi biara a wɔde bɛgyina wɔn atamfoɔ anim no.
38 只有在各民族中消滅,仇人的土地要把你吞下。
Mobɛyera wɔ aman mu, na mo atamfoɔ asɛe mo.
39 你們中殘存的人,必為了自己的罪惡,在仇人的地方,日漸衰弱,還要為了祖先的罪惡,日漸衰弱。[以色列要回頭改過]
Wɔn a wɔbɛka no, wɔn bɔne enti, wɔn ho bɛyera wɔn wɔ atamfoɔ nsase so, bɔne a wɔn agyanom yɛeɛ no enti.
40 他們終必承認自己的罪惡,祖先的罪惡,對我不忠與我作對的叛逆之罪。
“‘Nanso akyire no, me nkurɔfoɔ bɛka wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne. Wɔbɛka sɛdeɛ wɔdii me hwammɔ na wɔtiaa me no.
41 當我與他們作對,將他們遷送到他們仇人的地方以後,他們未受割損的心,必會謙卑自下,要親乾情願受罰贖罪,
Sɛ me nso metia wɔn te sɛ deɛ ɛsɛ na mede wɔn kɔ wɔn atamfoɔ asase so a, afei, wɔn akomaden no ano bɛbrɛ ase, na wɔbɛtua wɔn bɔne so ka.
42 我也想起我同雅各伯所結的盟約,想起同依撒格,同亞巴郎所結的盟約,也想起那地方來。
Afei, mɛkae apam a me ne Yakob, Isak ne Abraham ayɛ, na mɛkae asase no.
43 但那地方應為他們所放棄,好在他們離去,地方荒蕪時,才能補享安息年,同時他們也補贖自己的罪惡,這是因為他們棄絕了我的制度,厭惡了我的法令。
Asase no da hɔ dinn no, ɛbɛdi ne homeda. Nanso akyire no, wɔbɛnya wɔn asotwe sɛ wɔanni me nhyehyɛeɛ so na wɔtiaa me mmara.
44 但是,即使這樣,當他們留在仇人的地方時,我仍不棄絕他們,也不厭惡他們,以致消滅他們,廢除我與他們結的盟約,因為我上主是他們的天主。
Na deɛ wɔyɛɛ no nyinaa akyi no, merensɛe wɔne mʼapam no korakora, ɛfiri sɛ, mene Awurade wɔn Onyankopɔn.
45 我顧念他們,我還要想起我與他們祖先所結的盟約;我在各民族的眼前,由埃及地領出他們的祖先來,為做他們的天主:我是上主。「
Mɛkae tete apam a me ne wɔn agyanom a meyii wɔn firii Misraim, ɛberɛ a amanaman nyinaa rehwɛ no, yɛeɛ no. Me Awurade ne wɔn Onyankopɔn.’”
46 這是上主在西乃山,於自己和以色列子民間,藉梅瑟所立定的法令、制度和法律。」
Yeinom ne mmara ne ahyɛdeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israelfoɔ no wɔ Sinai Bepɔ so no.

< 利未記 26 >