< 利未記 18 >

1 上主訓示梅瑟說:」
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ,
2 你告訴以色列子民說:我是上主你們的天主。
‘Mene Awurade mo Onyankopɔn,
3 你們不要仿效你們註過的埃及地的習慣,也不要仿效我正要領你們去的客納罕地的習慣,不要隨從他們的風俗;
enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfoɔ. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ baabi a mede mo rekɔ no. Monnsuasua wɔn.
4 應執行我的規定,遵守我的法令,依照遵行:我,上主是你們的天主。
Me mmara ne mʼahyɛdeɛ ara so na ɛsɛ sɛ modi; na ɛsɛ sɛ modi so pɛpɛɛpɛ, ɛfiri sɛ, mene Awurade mo Onyankopɔn.
5 你們應遵守我的法令和規定;遵守的人必因此獲得生命:我是上主。婚姻的阻礙
Sɛ modi so a, mobɛnya nkwa. Mene Awurade.
6 你們中任何人不可親近血親,去揭漏她的下體:我是上主。
“‘Mo mu biara nni ho ɛkwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.
7 你不可揭露你父親得下體和你母親的下體:她是你的母親,不可揭露她的下體。
“‘Ɛnsɛ sɛ abaayewa ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne maame.
8 你父親妻子的下體,你不可揭露,那是你父親的下體。
“‘Anaa nʼagya yerenom mu bi.
9 你姊妹的下體,不論他是你父親的女兒,或你母親的女兒,或在家生的,或在外生的,你不可揭露她們的下體。
“‘Anaa ne nuabaa anaa nʼagya babaa anaa ne maame babaa, sɛ wɔwoo no efie no mu anaa efie foforɔ mu.
10 你兒子的女兒,或你女兒的女兒的下體,你不可揭露,因為她們的下體是你們的下體。
“‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nanabaa, sɛ ɔyɛ mo babarima babaa anaa mo babaa babaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ obusuani.
11 你不可揭露你父親妻子的女兒的下體,因為她是你父親所生,是你得姊妹,你不可揭露她的下體。
“‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabaa a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babaa.
12 你父親姊妹的下體,你不可揭露,因為她是你父親的骨肉。
“‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼagya abusuani pɛɛ.
13 你母親姊妹的下體,你不可揭露,因為她是你母親的骨肉。
“‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo maame a ɔyɛ wo maame nuabaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo maame abusuani pɛɛ.
14 你父親兄弟的下體,你不可揭露,也不可親近他的妻子;她是你的叔伯母。
“‘Wʼagya nuabarima yere nso, wonni ho ɛkwan sɛ woware no.
15 你兒媳的下體,你不可揭露。她是你兒子的妻子,你不可揭露她的下體。
“‘Wonni ho ɛkwan sɛ woware wo babarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼase.
16 你兄弟妻子的下體,你不可揭露;那是你兄弟的下體。
“‘Saa ara nso na wontumi nnware wo nuabarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo nuabarima dea.
17 你不可揭露了一女人的下體又揭露她女兒;不可娶她兒子的女兒,或她女兒的女兒,揭露她的下體,她們都是她的血親:這是醜行。
“‘Worentumi nware ɔbaa bi nsane nware ne babaa anaa ne nanabaa nka ho, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ abusuafoɔ pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.
18 你不可娶一女人又娶他的姊妹,做她的情敵,在她活著的時候,揭露她姊妹的下體。[違犯貞潔的惡行]
“‘Ɛnsɛ sɛ woware anuanom mmaa baanu, ɛfiri sɛ, wɔbɛtwe kora. Na sɛ ɛba sɛ wo yere wu na woware ne nuabaa bi deɛ a, ɛyɛ.
19 女人在月經不潔期中,你不可接近,揭露她的下體。
“‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbaa a wakɔ afikyire.
20 你近人的妻子你不可與她同寢,為她所沾污。
“‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu wo ho fi.
21 你不可使你任何一個子女經火祭獻給摩肋客,亦不可褻瀆你天主的名:我是上主。
“‘Mfa wo mma mu biara mma Molek na ɔmmfa no mmɔ afɔdeɛ wɔ n’afɔrebukyia so. Ngu wo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade.
22 你不可與男人同寢,如同與女人同寢一樣:這是醜惡行為。
“‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwadeɛ kɛseɛ na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.
23 你不可與任何獸類同寢,為牠所淫污,女人亦不可委身與走獸,同牠交合:這是逆性邪惡。
“‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbaa de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwadeɛ kɛseɛ.
24 你們不可以任何這樣的事玷污自己,因為這些民足以這一些事玷污了自己,我正要由你們面前將他們驅逐;
“‘Monngu mo ho fi wɔ saa akwan ahodoɔ yi biara so na yeinom ne deɛ abosonsomfoɔ yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa enti, merebɛyi wɔn afiri asase a morekɔ so no so.
25 甚至連這地也玷汙了,所以我必追究這地上的罪惡,使這地吐棄地上的居民。
Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno enti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mɛyi wɔn afiri asase no so.
26 至於你們,應遵守我的法令和規定;不論是本地人,或是寄居在你們中間的外方人,這樣醜惡的事,一件也不許做,
Ɛsɛ sɛ modi me mmara ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwadeɛ yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔhoɔ a wɔne mo te nyinaa.
27 因為在你們以前住在這地上的人,做過這一切醜惡的事,玷污了這地方。
Ampa ara, ɛfiri sɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwadeɛ yi enti, asase no ho agu fi.
28 希望這地不要因你們而再受到玷汙,將你們吐棄,如同吐棄了你們之前的民族。
Monnyɛ saa adeɛ no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afiri asase no so sɛdeɛ mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ seesei no.
29 因為,凡做任何一件這樣醜惡的事,這樣的人,都應由民間剷除。
“‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwadeɛ yi mu bi no, wɔbɛtwa no asuo afiri ɔman yi mu.
30 所以你們應遵守我的禁令,不可仿效你們以前的人所有的醜惡風俗,免得因此受到玷汙:我,上主是你們的天主。
Enti monhwɛ sɛ mobɛdi me mmara no so na monnyɛ saa abusudeɛ kɛseɛ yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene Awurade mo Onyankopɔn.’”

< 利未記 18 >