< 約書亞記 8 >
1 以後上主對若蘇厄說:「你不要害怕! 不要膽怯,只管率領所有的軍民,前去進攻哈依城。看,我已將哈依王,百姓、城池和土地,都交在你手中。
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro anaasɛ mma wʼakoma nntu. Fa wʼasraadɔm no nyinaa na kɔto hyɛ Ai so, ɛfiri sɛ, mede Aihene, ne nkurɔfoɔ, ne kuropɔn ne nʼasase ama wo.
2 你要對待哈依城和哈依王,如同對待耶利哥和耶利哥王一樣;只有城中的戰利品和牲畜,你們可據為己有。你應在城後面,設下攻城的伏兵。」
Wobɛsɛe wɔn sɛdeɛ wosɛee Yeriko ne ne ɔhene no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, motumi fa asadeɛ ne anantwie no. Ma wʼasraafoɔ no nkɔtɛ kuropɔn no akyi.”
3 若蘇厄於是與所有的軍兵前去進攻哈依城。若蘇厄選了三萬精兵,派他們黑夜出發,
Na Yosua ne Israel akodɔm no siim sɛ wɔrekɔto ahyɛ Ai so. Yosua yii akodɔm ɔpeduasa, somaa wɔn anadwo,
4 吩咐他們說:「你們要注意,在城那邊,即在城後面埋伏下,不可離城太遠,個個都要戒備。
hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtɛ wɔ atɛeɛ a ɛwɔ kuropɔn no akyi na monyɛ krado mma ɔko.
5 我和我率領的人,向城推進;當他們像前次一樣出來迎擊我們時,我們就由他們前面逃走。
Sɛ yɛn asraafoɔ no to hyɛ Ai so a, Ai mmarima bɛfiri adi abɛko, sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no, na yɛbɛdwane.
6 他們一定出來追趕我們。我們將他們誘出城來,他們必說:這些像前次一樣,又由我們面前逃走了。我們就由他們前面逃走。
Yɛbɛma wɔataa yɛn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛfiri kuropɔn no mu. Na wɔbɛka sɛ ‘Israelfoɔ no redwane sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no.’
7 那時你們應從埋伏的地方出來,佔領城市,上主你們的天主必將這城交在你們手中。
Afei mobɛfiri mo atɛeɛ hɔ ntɛm so akɔfa kuropɔn no, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn de bɛma mo.
8 你們一佔領了城,就放火焚燒,全照上主的話執行。你們應注意我吩咐你們的事。」
Monto kuropɔn no mu ogya sɛdeɛ Awurade ahyɛ no. Monim deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ.”
9 若蘇厄就打發他們去了。他們便開到埋伏的地方,停在貝特耳和哈依之間,在哈依西面。那中夜若蘇厄便在百姓中過了夜。
Enti, wɔfirii hɔ anadwo no kɔtɛɛ Bet-El ne Ai atɔeɛ fam ntam. Nanso, Yosua deɛ, ɔkaa nnipa no mu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ anadwo no.
10 若蘇厄清早起來,點齊軍民;然後與與以色列的長老,在軍人前頭向哈依城進發。
Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua nyanee nʼakodɔm maa wɔde wɔn ani kyerɛɛ Ai a Israel ntuanofoɔ ka wɔn ho.
11 跟隨他的所有軍人也都一齊進發,迫近城下,在哈依北面紮了營。原來在他和哈依中間隔著一個山谷。
Wɔkɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Ai atifi fam a bɔnhwa da wɔne kuropɔn no ntam.
12 若蘇厄調了約五千人,令他們埋伏在貝特耳和哈依之間,即在哈依西面。
Anadwo no, Yosua somaa akodɔm mpem enum sɛ wɔnkɔtɛ Bet-El ne Ai ntam wɔ kuropɔn no atɔeɛ fam.
13 這樣城北的軍民和城西的伏兵,都嚴陣以待。當夜若蘇厄就在谷中過了夜。
Enti, ɔmaa akodɔm no mu fa kɛseɛ gyinaa kuropɔn no atifi fam a na atɛfoɔ no bi nso wɔ kuropɔn no atɔeɛ fam. Yosua ankasa deɛ, ɔtenaa bɔnhwa no mu anadwo no.
14 哈依王一見這情形,便和全城的人急忙起來,到了面對阿拉巴的山坡,要和以色列人交戰,但他沒有料到城後面還有伏兵。
Aihene hunuu sɛ Israelfoɔ no wɔ bɔnhwa no fa nohoa no, ntɛm so, ɔne nʼakodɔm nyinaa sɔree anɔpahema kɔtoaa Israelfoɔ no, to hyɛɛ wɔn so wɔ Araba. Nanso, na ɔnnim sɛ atɛfoɔ bi wɔ kuropɔn no akyi.
15 若蘇厄和以色列人在他們面前詐敗,沿著往曠野的路奔逃,
Yosua ne ne Israel akodɔm no dwane kɔɔ ɛserɛ no so yɛɛ sɛdeɛ Aifoɔ no adi wɔn so,
16 城中的人盡被徵調,在後追趕。當他們若蘇厄時,都被誘出城來;
enti Aifoɔ no frɛɛ mmarima a wɔwɔ kuropɔn no mu no nyinaa ma wɔbɛtaa Israelfoɔ no. Ɛyɛɛ saa maa wɔn nyinaa firii kuropɔn no mu.
17 在哈依和貝特耳沒有留下一個人不出來追趕以色列人的。他們拋下敞開的城門,都去追趕以色列人。
Anka obi biara wɔ Ai anaa Bet-El a wankɔtaa Israelfoɔ, na wɔgyaa kuro no maa ano daa hɔ.
18 這時上主對若蘇厄說:「將你手中的短劍指向哈依城,因為我即將這城交於你手中。」若蘇厄便將手中的短指向哈依城。
Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Fa wo pea no kyerɛ Ai so, na mede kuropɔn no bɛma wo.” Enti, Yosua yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ noɔ no.
19 他一伸手,伏兵即由他們埋伏的地方奮起,衝向城中,將城佔領,急速放火焚燒。
Yosua nyamaa atɛfoɔ no ara pɛ, wɔsɔree pankran bɔ wuraa kuropɔn no mu. Wɔfaa kuropɔn no na wɔtoo mu ogya.
20 哈依人回頭,看見城內濃煙沖天,都沒有了往前後逃跑的力量,因為此時向曠野奔逃的以色列人,忽然轉過身來還擊追趕自己的哈依人。
Aifoɔ no hwɛɛ wɔn akyi hunuu sɛ wisie kumɔnn aduru soro, na wɔannya baabi ankɔ, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ so no danee wɔn ani taa wɔn.
21 若蘇厄和全以色列見伏兵已奪了城,城內煙氣上騰,便轉身回來擊殺哈依人。
Ɛberɛ a Yosua ne Israelfoɔ a wɔaka no hunuu sɛ atɛfoɔ no afa kuropɔn no, na wisie ayɛ kumɔnn wɔ ewiem no, wɔdanee wɔn ho bɛto hyɛɛ Aifoɔ no so.
22 伏兵也由城內出來夾擊,哈依人便包圍在以色列人中間,前後受敵;以色列人將他們完全殺盡,沒有留下一個,也沒有逃走一個。
Israelfoɔ a na wɔwɔ kuropɔn no mu firii akyire hyɛɛ aseɛ kunkumm atamfoɔ no. Enti Ai mmarima no dii nsensɛn mu na wɔn nyinaa wuwuiɛ. Anka obi biara.
Ai ɔhene nko ara na wɔkyeree no anikann de no brɛɛ Yosua.
24 以色列人在曠野的平原上,殺盡了追趕自己的一切哈依居民,哈依人全都死於刀下;以後,全以色列人又回到哈依,殺盡城中的人。
Ɛberɛ a Israelfoɔ akodɔm kunkumm Ai mmarima a wɔpue firii kuropɔn no mu wieeɛ no, wɔsane kɔɔ kuropɔn no mu kɔkunkumm wɔn a wɔaka wɔ mu nyinaa.
25 那天被殺的人,男女共計一萬二千,都是哈依人。
Enti ɛda no, wɔkunkumm nnipa a wɔwɔ Ai nyinaa; na wɔn ano si mpem dumienu.
26 若蘇厄在沒有殺盡哈依的一切居民前,一直沒有收回自己手中所持的短劍。
Yosua sɔɔ ne pea no mu saa ara kɔsii sɛ obiara a ɔte Ai no, wɔsɛee no pasaa.
27 惟有城中的牲畜和財物,以色列人依照上主吩咐若蘇厄的話,據為己有。
Anantwie ne agyapadeɛ a ɛwɔ kuropɔn no mu nko ara na wɔansɛe no; Israelfoɔ no ankasa faeɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Yosua no.
28 然後若蘇厄焚毀哈依城,使之永遠成為廢墟,時至今日,仍是一片荒涼;
Enti, Ai bɛdanee mmubuiɛ esie ne asase bonini de bɛsi ɛnnɛ.
29 又將哈依王懸在樹上,直到黃昏;日落時,若蘇厄令人將他的死屍從樹上卸下,丟在城門口,在他身上又 堆石頭,直存到今日。
Yosua sɛnee Ai ɔhene wɔ dua bi so gyaa no dua no so kɔsii anwummerɛ. Owia kɔtɔeɛ no, Israelfoɔ no yii amu no de no kɔtoo kuropɔn no ɛpono ano. Wɔhyɛɛ aboɔ esie wɔ ne so a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
30 那時,若蘇厄在厄巴耳山,為上主以色列的天主,築了一座祭壇;
Yosua sii afɔrebukyia maa Awurade, Israel Onyankopɔn, wɔ Ebal bepɔ so.
31 全照上主的僕人梅瑟向以色列子民所吩咐的,全照梅瑟法律書上所記載的,用沒有用過的整塊石頭,築了一座祭壇,在上面向上主獻了全燔祭,祭殺了和平祭犧牲。
Ɔdii nkyerɛkyerɛ a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ atwerɛ wɔ Mmara Nwoma no mu sɛ, “Fa aboɔ a wɔntwaeɛ na wɔmfaa adwinnadeɛ nsensenee ho si afɔrebukyia ma me.” Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade wɔ afɔrebukyia no so.
32 若蘇厄又在那裏將梅瑟當著以色列子民的面所寫的法律,刻在石頭上。
Na Yosua twerɛɛ Mose Mmara no guu afɔrebukyia no aboɔ no so wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ no rehwɛ no.
33 以色列全體民眾和他們的長老、領袖、判官,連僑居的人和土生的人,一半向著革黎斤山,一半向著厄巴耳山,正如上主的僕人梅瑟,當初為祝福以色列百姓所命令的。
Afei, Israelfoɔ nyinaa, ahɔhoɔ ne ɔmanfoɔ, ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ ne atemmufoɔ nyinaa, wɔkyɛɛ wɔn mu akuo mmienu. Ekuo baako gyinaa Gerisim bepɔ ayaase ɛnna ekuo baako nso gyinaa Ebal bepɔ ayaase. Akuo mmienu yi dii nhwɛanimu. Na Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa wɔn mfimfini. Wɔyɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade ɔsomfoɔ Mose nkyerɛkyerɛ a ɔnam so hyiraa Israelfoɔ no teɛ.
34 以後若蘇厄將法律上祝福和詛咒的一切話,全照法律書上所記載的,宣讀了一遍。
Afei, Yosua kenkanee nhyira ne nnome nsɛm a Mose atwerɛ wɔ Mmara Nwoma no mu no kyerɛɛ wɔn.
35 凡梅瑟所吩咐的一切話,若蘇厄在以色列全會眾前,連婦孺和寄居在他們中的外僑在內,沒有一句不向他們宣讀。
Asɛm biara a Mose ahyɛ no, Yosua kenkan kyerɛɛ ɔman mu no a mmaa, mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ no teɛ no nso ka ho.