< 約書亞記 21 >
1 肋未人各家長來見司祭厄肋阿匝爾和農竹旳兒子若蘇厄,以及以色列子民的族長,
Afei, Lewifoɔ abusua mu ntuanofoɔ kɔɔ ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo a aka mu ntuanofoɔ nkyɛn.
2 在客納罕地的史羅對他們說:「上主曾藉梅瑟吩咐過,要給我們一些城市居住,一些郊區為牧放我們的牲畜。」
Wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase sɛ, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ, ɔmma yɛn nkuro na yɛntena mu ne adidibea mma yɛn anantwie.”
3 以色列子民於是按照上主的吩咐,由自己的產業中,將以下的城市和郊區分給了肋未。肋未人,屬大司祭亞郎的子孫,
Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔde nkuro a ɛdidi soɔ yi a wɔn adidibea ka ho maa Lewifoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ.
4 刻哈特家族由猶大支派、西默盎支派和本雅民支派的地區中抽得十五座城。
Aaron asefoɔ a na wɔyɛ Kohat abusua mma, na wɔfra Lewi abusuakuo mu no nyaa nkurotoɔ dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuo no dea.
5 刻哈特其他子孫,按家族由厄弗辣因支派,丹支派和默納協半支派,抽得了十座城。
Afie a aka wɔ Kohat abusua mu no, wɔmaa wɔn nkurotoɔ edu firii Efraim ne Dan mmusuakuo no ne Manase abusuakuo fa no nsase mu.
6 革爾爾雄的子孫,按照家族,由依撒加爾支派、阿協爾支派、納斐塔里支派和由巴商的默納協半支派,抽得了十三座城。
Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurotoɔ dumiɛnsa firii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuo fa no wɔ Basan.
7 默辣黎的子孫,按照家族,由勒烏本支派、加得支派和則步隆支派,抽得了十二座城。
Merari abusua no nyaa nkurotoɔ dumienu firii Ruben, Gad ne Sebulon mmusuakuo no nkyɛn.
8 以色列子孫按照上主藉梅瑟所吩咐的,將這些城和城郊,以抽籤方式分給了肋未人。
Enti, Israelfoɔ no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkuro yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifoɔ.
Israelfoɔ no de saa nkuro a ɛyɛ Yuda ne Simeon mmusuakuo no dea no
maa Aaron asefoɔ a wɔfra Kohat abusua mu na ɛka Lewi abusuakuo ho no, ɛfiri sɛ, ntonto kronkron a ɛdi ɛkan no bɔɔ wɔn.
11 他們分得了猶大山區克黎雅特阿爾巴和四周城郊──阿爾原是阿克的祖先,克黎雅特阿爾巴,即是赫貝龍──
Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.)
12 但已割給耶孚乃的兒子加肋布作產業的田和村莊卻不在內。
Nanso, nsase ne nkuraaseɛ a atwa kuro no ho ahyia no deɛ, wɔde maa Yefune babarima Kaleb.
13 司祭亞郎的子孫分得給誤殺人者作避難城的赫貝龍和城郊,里貝納和城郊,
Nkuro a ɛdidi soɔ yi ne wɔn adidibea no, wɔde maa ɔsɔfoɔ Aaron asefoɔ: Hebron, (dwanekɔbea Kuropɔn), Libna,
16 阿商和城郊猶他和城郊,貝特舍默士和城郊由這兩支派各分得了九座城。
Ain, Yuta ne Bet-Semes a ɛyɛ nkurotoɔ nkron a wɔnya firii saa mmusuakuo mmienu yi nkyɛn.
Wɔfiri Benyamin abusuakuo mu de saa nkuro yi ne adidibea a atwa ho ahyia no maa asɔfoɔ: Gibeon, Geba,
Anatot, Almon—a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan.
19 亞郎的子孫司祭們共分得了十三座城和所屬城郊。
Enti, nkurotoɔ dumiɛnsa na wɔde maa asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron asefoɔ no.
20 肋未人刻哈特家族,即刻哈特其餘的子孫,由厄弗辣因子孫抽,得了一些城市。
Kohat abusua nkaeɛfoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no nso, wɔde saa nkuro yi ne adidibea a ɛfiri Efraim abusua nkyɛn maa wɔn:
21 他們分得厄弗辣因山區,給誤殺人者作避難城的舍根和城郊,革則爾和城郊,
Sekem, (dwanekɔbea kuropɔn), Geser.
22 克貝匝殷和城郊,貝特曷隆和城郊:共計四座城;
Kibsaim ne Bet-Horon, a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan.
23 由丹支派分得了厄耳特刻和城郊,基貝通和城郊,
Saa nkuro ne adidibea yi nso, wɔde maa asɔfoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu: Elteke ne Gibeton,
Ayalon ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan.
25 由默納協半支派分得了塔納客和城郊,依貝爾罕和城郊,共計兩座城。
Manase abusuakuo fa no de saa nkuro ne wɔn adidibea maa asɔfoɔ no: Taanak ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurotoɔ mmienu.
26 刻哈特家族其餘的子孫,共分得了十座城和所屬城郊。
Enti, nkuro edu ne wɔn adidibea na wɔde maa Kohat abusua nkaeɛ no.
27 肋未家族的革爾雄子孫由默納協半支派,分得了在巴商給誤殺人者作避難城的哥藍和城郊,阿市塔洛城和城郊:共計兩座城;
Gerson abusua a wɔyɛ Lewi abusuakuo no fa bi no nso, wɔnyaa nkuro mmienu ne wɔn adidibea firii Manase abusua fa no nkyɛn. Nkuro no ne Golan a ɛwɔ Basan (dwanekɔbea kuropɔn) ne Beestra.
28 由依撒加爾支派,分得了克史雍和城郊,多貝辣特和城郊,
Isakar abusuakuo no nso maa wɔn: Kision, Daberat,
Yarmut ne En-Ganim, nkurotoɔ ɛnan a wɔn adidibea ka ho.
30 由阿協爾支派分得了米沙爾和城郊,阿貝冬和城郊,
Aser abusuakuo no maa Misal, Abdon,
31 赫爾卡特和城郊,勒曷有布和城郊:共計四趡城;
Helkat ne Rehob, a ɛyɛ nkurotoɔ ɛnan a wɔn adidibea ka ho.
32 納斐塔里支派,分得了在加里肋亞給誤殺人者作避難城的刻德市和城郊,哈摩特多爾和城郊,卡爾堂和城郊:共計三座城。
Naftali abusuakuo no maa wɔn Kedes a ɛwɔ Galilea (dwanekɔbea kuropɔn), Hamot-Dor ne Kartan nkuro mmiɛnsa ne wɔn adidibea.
33 革爾雄人按照家族,共分得了十三座城和所屬城郊。
Enti, nkuro dumiɛnsa ne ɛho adidibea na wɔde maa Gerson mmusua no.
34 其餘的肋未人,即默辣黎子孫的家族,由則步隆支派分得了約刻乃罕和城郊,卡爾達和城郊,
Lewifoɔ nkaeɛ a wɔyɛ Merari abusua no nso, wɔnyaa saa nkuro yi a ɛfiri Sebulon abusuakuo nkyɛn: Yokneam, Karta,
Dimna ne Nahalal—nkurotoɔ ɛnan ne ɛho adidibea.
36 在約旦河東,由勒烏本支派分得了位於曠野高原內,給誤殺人者作避難城的貝責爾和城郊,雅哈茲和城郊,
Ruben abusuakuo no nso maa wɔn Beser, Yahas,
37 刻德摩特和城郊,默法阿特和城郊:共計四座城;
Kedemot ne Mefaat—nkurotoɔ ɛnan ne wɔn adidibea.
38 由加得支派,分得了在基肋阿得給誤殺人者作避難城的辣摩特和城郊,哈瑪紇殷和城郊,
Gad abusuakuo no maa wɔn Ramot a ɛwɔ Gilead (dwanekɔbea kuropɔn), Mahanaim,
Hesbon ne Yaser, nkurotoɔ ɛnan ne ho adidibea.
40 其餘的肋未人家族,即默辣黎的子孫,按照家族,共抽得了十二座城。
Enti, nkurotoɔ dumienu na wɔde maa Merari abusua.
41 肋未人由以色列子民的產業中,共分得了四十八座城和所屬城。
Nkuro dodoɔ ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifoɔ no nyinaa yɛ aduanan nwɔtwe.
Na kuro biara wɔ adidibea da ho.
43 上主這樣將誓許給他們祖先的整個地區,賜給了以色列人;他們佔領之後,便住在那裏。
Enti, Awurade de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfoɔ no, na wɔdii so nkonim, tenaa hɔ.
44 上主又使他們四境安寧,全像衪向他們的祖先所誓許的;一切仇敵,沒有能對抗他們的,因為上主將他們所有的仇敵,都交在他們手中了。
Na Awurade ma wɔnyaa ahomeɛ wɔ afanan nyinaa, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfoɔ biara antumi annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ, Awurade boaa wɔn ma wɔdii wɔn atamfoɔ so nkonim.
45 上主向以色列家應許賜福的話,沒有一句落空,全部應驗了。
Bɔhyɛ pa biara a Awurade hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu.