< 約書亞記 19 >

1 西默盎,西默盎支派子孫,按照家族得了第二籤,他們的士地是在猶大子孫的產業內。
Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmienu no kɔɔ Simeon abusuakuo no nsam. Na Yuda asase atwa wɔn ho ahyia.
2 他們分得的產業:是貝爾舍巴、舍瑪、摩拉達、
Na deɛ ɛdidi soɔ yi ne Simeon agyapadeɛ: Beer-Seba, Seba ne Molada,
3 哈匝爾叔阿耳、巴拉、厄會、
Hasar-Sual, Bala ne Esem,
4 厄爾托拉得、貝突耳、曷爾瑪、
Eltolad, Betul ne Horma,
5 漆刻拉格、貝特瑪爾加波特、哈匝爾穌撒、
Siklag, Bet-Markabot ne Hasar-Susa,
6 特肋巴敖特和沙魯恒:共計十三座城笸所屬村鎮;
Bet-Lebaot ne Saruhen. Nkuro dumiɛnsa ne wɔn nkuraaseɛ.
7 阿殷、黎孟、厄特爾和巴商:共計四座城和所屬村鎮;
Nkuro a ɛka ho bio ne Ain, Rimon, Eter ne Asan, nkuro ɛnan ne wɔn nkuraaseɛ,
8 尚有這些城市四週所有的村鎮,直到巴阿拉特貝爾即乃革布的辣瑪:以上是西默盎支派子孫,按照家族分得的產業。
ne nkuraaseɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Baalat-Beer (a wɔfrɛ no Rama a ɛwɔ Negeb). Yei ne mmusua a wɔwɔ Simeon abusuakuo mu no agyapadeɛ.
9 西默盎子孫的產業,取自猶大子孫的土地,是因為猶大子孫分得的地區,過於廣大,因此西默盎子孫在他們的境內,分得了產業。
Wɔn agyapadeɛ no yɛ Yuda deɛ no fa bi a wɔde maa Yuda, ɛfiri sɛ, na Yuda asase no so dodo ma wɔn. Ɛno enti, Simeon abusuakuo no nyaa wɔn agyapadeɛ firii Yuda asase no mu.
10 則步隆子孫,按照家族,得了第三籤,他們領域的界限直達沙杜得。
Asase no kyɛfa a ɛtɔ so mmiɛnsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuo no nsam. Sebulon agyapadeɛ ɛhyeɛ no hyɛ aseɛ wɔ Sarid.
11 由此西上,直達瑪阿拉,路經達巴舍特和約刻乃罕前面的小河,
Ɛfiri hɔ kɔ atɔeɛ fam, kɔpa Marala ho na akɔka Dabeset. Ɛfa hɔ kɔ Yokneam apueeɛ fam asuwa ho.
12 再由沙杜得向東轉向日出之地,直到基斯羅特大博爾,經多貝辣特,直上至雅非亞;
Ɛhyeɛ no fa firi Sarid kɔ apueeɛ fam kɔsi Kislot-Tabor; ɛtoa so kɔ Daberat na aforo akɔ Yafia.
13 由此折東,經加特赫費爾,至依塔卡親,出黎孟直到乃阿;
Afei, ɛtoa so kɔ apueeɛ fam kɔduru Gat-Hefer, Et-Kasin ne Rimon, na ahima ahwɛ Nea.
14 再由此北上,轉向哈納通,直達依費塔赫耳山谷。
Sebulon ɛhyeɛ a ɛda atifi fam no fa Hanaton na ɛbɛwiee wɔ Yifta-El bɔnhwa mu.
15 境內有....卡塔特、哈拉耳、史默龍、依德哈拉和貝特肋恒:共計十二座城和所屬村鎮。
Nkuro ɛwɔ asase yi so ne: Katat, Nahalal, Simron, Yidala ne Betlehem. Nkuro dumienu ne wɔn nkuraaseɛ a atwa ho ahyia.
16 這些城和村鎮是則步隆子孫按照家族所分得的產業。
Yei ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuo no agyapadeɛ.
17 依撒加爾,即依撒加爾子孫,按照家族,得了第四籤。
Asase no kyɛfa a ɛtɔ so ɛnan no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuo no nsam.
18 他們的領域是:依次辣耳、革穌羅特、叔能、
Nʼahyeɛ nenam saa nkuro yi so: Yesreel, Kesulot ne Sunem,
19 哈法辣殷、史雍、阿納哈辣特、
Hafraim, Shion ne Anaharat,
20 多貝辣特、克史雍、厄貝茲、
Rabit, Kision ne Abes,
21 勒默特、恩加寧、恩哈達、貝特帕責茲。
Remet, En-Ganim, En-Hada ne Bet-Pases.
22 邊界上還有大博爾、沙哈漆瑪、貝特舍默士、直達約旦河:計共共十六座城和所屬村鎮。
Ɛhyeɛ no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akɔwie Asubɔnten Yordan ho. Nkuro dunsia ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia.
23 這些城和所屬村鎮,是依撒加爾支派子孫,按照家族分得的產業。
Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuo no agyapadeɛ.
24 阿協爾支派子孫,按照家族,得了第五籤。 2
Asase no kyɛfa a ɛtɔ so enum no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no nsam.
25 他們得的領域是:赫爾卡特、哈里、貝騰、阿革沙弗、
Nʼahyeɛ no fa saa nkuro yi so: Helkat, Hali, Beten ne Aksaf,
26 阿拉默協客、阿瑪得、米沙爾;西至加爾默耳笸里貝納特河,
Alamelek, Amad ne Misal. Ɛhyeɛ a ɛda atɔeɛ fam no firi Karmel kɔ Sihor-Libnat,
27 然後轉向東方,直達貝特達貢與責布隆和北方的依費塔赫耳山谷相接;再經貝特厄默克和乃乃耶耳,至加步耳北部;
na ɛbuka fa apueeɛ fam kɔ Bet-Dagon, kɔ ara kɔsi Sebulon wɔ Yifta-El bɔnhwa no mu, kɔ atifi fam kɔduru Bet-Emek ne Neiel. Ɛtoa so kɔ atifi fam, kɔfa Kabul,
28 再經阿貝冬、勒曷布、哈孟、卡納、直達漆冬大城,
ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana, kɔ ara kɔsi Sidon Kɛseɛ.
29 由此轉向拉瑪直至左爾堅城,再轉向拉瑪,直達於海。此外尚有瑪哈曷布、阿革齊布、
Afei ɛhyeɛ no dane kɔfa Rama ne Kuropɔn Tiro a wɔabɔ ho ban no bɛsi Ɛpo Kɛseɛ no ho wɔ Hosa. Nkuro a ɛwɔ asase no so bi ne Mehebel ne Aksib,
30 阿苛、阿費克和勒曷布:共計二十二座城和所屬村鎮。
Uma, Afek ne Rehob. Nkuro aduonu mmienu ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia.
31 這些城和村鎮,是阿協爾子孫,照按家族分得的產業。
Yei ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Aser abusuakuo no agyapadeɛ.
32 納斐塔里,即納斐塔里支派子孫,按照家族,得了第六籤。
Asase no kyɛfa a ɛtɔ so nsia no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuo no nsam.
33 他們的邊界,是起自赫肋弗和匝納寧橡樹,經阿達米乃刻布和雅貝乃耳,直到拉孔,迄於約旦河。
Ne ɛhyeɛ no firi Helef, Saananim dupɔn no ho, kɔfa Adami-Nekeb ne Yabneel, toa so kɔ Lakum kɔpem Asubɔnten Yordan.
34 西方邊界,由阿次諾特大博爾,直達胡科克,南接則步隆,西接阿協爾。東方以約旦河為界。
Atɔeɛ fam ɛhyeɛ no twam wɔ Asnot-Tabor kɔ Hukok, kɔsi Sebulon ɛhyeɛ no wɔ anafoɔ fam, Aser ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam ne Asubɔnten Yordan wɔ apueeɛ fam.
35 設防的城市有漆丁、責爾、哈瑪特、辣卡特、基乃勒特、
Mantam yi mu nkuropɔn a na wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hamat, Rakat ne Kineret,
36 阿達瑪、哈祚爾、
Adama, Rama ne Hasor,
37 卡德士、厄德勒、恩哈祚爾、
Kedes, Edrei ne En-Hasor,
38 依郎、米革達肋耳、曷楞、貝特阿納特和貝特舍默士:共計十九座城和所屬村鎮。
Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-Anat ne Bet-Semes. Nkuro dunkron ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia.
39 這些城和村鎮,是納斐塔里支派子孫,按照家族分得的產業。
Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuo no agyapadeɛ.
40 丹支派子孫,按照家族,得了第七籤。
Asase no kyɛfa a ɛtɔ so nson no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuo no nsam.
41 他們分得的領域是:祚辣、厄市陶耳、依爾舍默士、
Nkuro a na ɛwɔ Dan agyapadeɛ mu no bi yɛ: Sora, Estaol ne Ir-Semes,
42 沙阿拉賓、阿雅隆、依特拉、
Saalabin, Ayalon ne Yitla,
43 厄隆、提默納、厄刻龍、
Elon, Timna ne Ekron,
44 厄耳特刻、基貝通、巴拉特、
Elteke, Gibeton ne Baalat,
45 耶胡得、貝乃貝辣克、加特黎孟、
Yehud, Bene-Berak ne Gat-Rimon,
46 默雅爾孔、辣孔和對面的地區。
Me-Yarkon, Rakon ne asase a ɛda Yopa anim.
47 但是這地區為丹的子孫過於窄狹,因而丹的子孫上去攻佔了肋笙,屠殺了城中的人民,據為己有,住在那裏,以他們的祖先丹的名字,稱肋笙為丹。
Nanso, Dan abusuakuo no nyaa akwansideɛ wɔ wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wɔdii kuro no so, kunkumm mu nnipa, faa hɔ, tenaa hɔ. Wɔde wɔn tete agya Dan din too kuro no.
48 這些城和村鎮,是丹支派子孫按照家族分得的產業。
Yei ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuo no agyapadeɛ, saa nkuro yi ne wɔn nkuraaseɛ.
49 以色列子民,依照界限分完了產業以後,又在他們中間,分給了農的兒子若蘇厄一分產業。
Wɔkyekyɛɛ asase no mu maa Israel mmusuakuo no wieeɛ no, Israelfoɔ no maa Yosua asase sini sononko bi sɛ nʼagyapadeɛ.
50 他們照上主的吩咐,將若蘇厄要求的城市,即厄弗辣因山地的提默納特色辣黑給了他;若蘇厄便重建了那城,住在那裏。
Na Awurade aka sɛ kuro biara a Yosua pɛ no, ɔmfa. Yosua faa Timmat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔ asase no so. Ɔkyekyeree kuro no foforɔ na ɔtenaa hɔ.
51 以上是司祭厄肋阿責爾和農的兒子若蘇厄,以及以色列子民各支派的族長,在史羅會幕門口,於上主面前,抽籤劃分土地的記述;分地的事,就這樣完成了。
Yeinom ne agyapadeɛ a ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua ne mmusuakuo mpanimfoɔ no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ wɔ Awurade anim wɔ hyiadan ɛpono no ano wɔ Silo no de maa Israel mmusuakuo no. Enti, ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awieeɛ.

< 約書亞記 19 >