< 約書亞記 17 >

1 默納協是若瑟的長子,他的支派抽籤分得了一份土地。默納協的長子,基肋阿得的父親瑪基爾,因為是個戰士,分得了基肋阿得和巴商。
Wɔde asase no fa a ɛda atɔe fam no maa Manase abusuakuw no fa a ɔyɛ Yosef babarima panyin no asefo. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apuei fam no ama Makir abusua no dedaw, efisɛ na ɔyɛ ɔkofo kɛse. (Na Makir yɛ Manase babarima panyin ne Gilead agya.)
2 默納協的其餘子孫,赫肋克的子孫,阿斯黎耳的子孫,舍根的子孫,赫斐爾的子孫,舍米達的子孫:這些人按照家族,都是若瑟之子默納協後代的男丁。
Asase a ɛda Yordan atɔe fam no, wɔde maa mmusua nkae a wɔwɔ Manase abusuakuw mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida.
3 但是默納協的玄孫,瑪基爾的曾孫,基肋阿得的鯀子,赫斐爾的兒子,責羅斐哈得沒有兒子,只有女兒,他的女兒名叫瑪赫拉、米耳加和提爾匝。
Nanso na Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no nni mmabarima. Mmom, na ɔwɔ mmabea baanum. Na wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
4 她們來到司祭厄肋阿責爾和農的兒子若蘇厄、並首領們面前說:「上主曾吩咐過梅瑟,在我們弟兄們中,也分給我們一份產業。」若蘇厄遂照上主所吩咐的,使她們在伯叔中間,也分得了一份產業。
Saa mmea yi baa ɔsɔfo Eleasar ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofo no nkyɛn bɛkae se, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuw mu no agyapade.” Enti Yosua maa wɔn ne wɔn agyanom agyapade sɛnea Awurade hyɛe no.
5 這樣,除約旦河東的基肋阿得和巴商二地外,尚有十分歸屬於默納協,
Ɛno nti Manase agyapade bɛyɛɛ nsaseteaa du a Gilead ne Basan a ɛdeda Asubɔnten Yordan agya no ka ho,
6 因為默納協的孫女,在默納協的孫子中也獲得產業;不過基肋阿得屬於默納協其餘的子孫。
efisɛ Manase asefo a wɔyɛ mmea no ne wɔn a wɔyɛ mmarima nyaa agyapade. (Wɔde Gilead asase no maa Manase asefo a wɔyɛ mmarima nkae no).
7 默納協的地界,是從阿協爾起,到舍根對面的米革默塔特,再折向南,直達雅史布和恩塔普亞。
Manase abusuakuw no hye no fi Aser hye ano kosi Mikmetat, a ɛwɔ Sekem apuei fam. Afei, ɔhye no fi Mikmetat kɔ anafo fam, kosi nnipa a wɔte bɛn Tapua nsu no ho no.
8 普亞地歸默納協,但默納協邊界上的特普亞城,卻屬厄弗辣因子孫。
(Asase a atwa Tapua ho ahyia no yɛ Manase dea, nanso Tapua kurow no a ɛda Manase mantam no hye so no yɛ Efraim abusuakuw no dea.)
9 邊界由此向下伸至卡納谷;谷南的成市屬厄弗辣因,是厄弗辣因在默納協城市所有的城市。默納協的境界是由谷北,直到大海。
Manase hye no fi Tapua asu no, nenam Kana suka atifi kosi Po Kɛse no. (Nkurow bebree a ɛwɔ Manase mantam mu no yɛ Efraim abusuakuw no dea.)
10 南面屬厄弗辣因,北面屬默納協,以海為界;北接阿協爾,東部鄰依撒加爾。
Asase a ɛda suka no anafo fam no yɛ Efraim dea, na nea ɛda atifi fam nso yɛ Manase de; na Po kɛse no yɛ Manase asase no hye wɔ atɔe fam. Aser asase no da Manase de no atifi fam, na Isakar asase no nso da apuei fam.
11 默納協在依撒加爾和阿協爾境內,有貝特商和所屬村鎮;依貝肋罕和所屬村鎮,多爾居民和所屬村鎮,還有恩多爾居民和所屬村鎮,塔納客居民和所屬村鎮,默基多居民和所屬村鎮,共三區。
Wɔde saa nkurow a ɛwɔ Isakar ne Aser mantam mu no maa Manase: Bet-Sean, Yibleam, Dor (a ɛyɛ Nafɔt Dor), En-Dor, Taanak ne Megido ne wɔn nkuraa.
12 但是默納協子孫未能將這些城中的土人趕走,客納罕人仍然居住在這地區內。
Nanso Manase asefo no antumi amfa saa nkurow yi. Wɔantumi antu Kanaanfo a na wɔte hɔ no.
13 當以色列子民強冊盛以後,迫使客納罕人做苦工,卻沒有將他們完全趕走。
Akyiri no, bere a Israelfo nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Nanso wɔampam wɔn amfi asase no so.
14 若瑟的子孫對若蘇厄說:「上主這樣祝福我們,我們又是人數最多的一族,你為什麼只叫我們抽一籤,分一份土地作產業呢﹖
Yosef asefo baa Yosua nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na woama yɛn asasetaw baako pɛ wɔ bere a Awurade ama yɛn ase adɔ?”
15 若蘇厄對他們說:「如果你們人數眾多,厄弗辣因為你們太癥狹小,可甘培黎齊人和勒法因人的地方去,砍伐森林中的樹木。」
Yosua buaa se, “Sɛ Efraim bepɔw asase no sua ma mo a, monkɔdɔw kwae a Perisifo ne Refaitefo te so no.”
16 若瑟的子孫回答說:「這山區為我們仍不夠,何況住在盆地,即住在貝特商和所屬村鎮,以及住在依次勒耳盆地的一切客納罕人,都擁有鐵車。」
Na wobuae se, “Bepɔw so asase no sua ma yɛn, na Kanaanfo a wɔwɔ bepɔw no ase nsase a atwa Bet-Sean ne Yesreel bon ho ahyia no wɔ nnade nteaseɛnam, na wɔn ho yɛ den dodo ma yɛn.”
17 若蘇厄對若瑟家,即對厄弗辣因和默納協人說:「你們人數眾多,勢力強大,不能只抽一籤,
Na Yosua ka kyerɛɛ Efraim ne Manase mmusuakuw a wɔyɛ Yosef asefo no se, “Esiane sɛ mo dɔɔso na mo ho yɛ den nti, mubenya nsasetam no bi aka baako no ho.
18 因此,山地也應歸於你們;那裏雖是森林,盡可砍伐,開闢的土地自然歸於你們。客納罕人雖然擁有鐵車,勢力強大,但你們必能將他們趕走。」
Wɔde kwae a ɛda bepɔw no so no bɛka mo ho. Monnɔw asase no sɛnea mubetumi biara na montena hɔ. Ɛwɔ mu sɛ Kanaanfo no ho yɛ den na wɔwɔ nnade nteaseɛnam, nanso mewɔ awerehyɛmu sɛ mubetumi apam wɔn afi obon no mu.”

< 約書亞記 17 >