< 約拿書 4 >
Yona bo annwo koraa, na ne bo fuiɛ.
2 他懇求天主說:「上主,當我還在故鄉時,我豈不是已想到這事﹖所以我預先要逃往塔爾史士去,因為我知道你是慈悲的,寬仁的天主;是緩於發怒,富於慈愛,憐憫而不願降災禍的天主。
Ɔbɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ɛberɛ a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sei na mekaeɛ? Yei enti na meperee sɛ medwane akɔ Tarsis no, ɛfiri sɛ na menim sɛ, woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunu Onyankopɔn a wo bo kyɛre fu, na wodɔ boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ bɔne amanehunu ho.
3 上主,現在,求你從我身上收去我的性命,因為,我死了比活著還好! 」
Enti Ao Awurade! Gye me nkwa firi me nsɛm. Ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.”
Na Awurade buaa sɛ, “Ɛyɛ sɛ wo bo fu saa asɛm yi ho anaa?”
5 約納出了城,坐在城東,在那裏為自己搭了一個棚坐在棚蔭下,要看看那城究竟要發生什麼事。
Na Yona kɔɔ kuropɔn no apueeɛ fam baabi kɔtenaa hɔ. Ɔbɔɔ apata tenaa ne nwunu no mu, twenee deɛ ɛbɛba kuropɔn no so.
6 上主天主安排了一株篦麻,使長得高過約納,為他的頭遮蔭,消除自己尸煩惱。約納很喜愛這株篦麻。
Na Awurade Onyankopɔn maa bobe dua bi nyinii ntɛm ntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahomeka, na nʼani gyee dua no ho.
7 但第二天曙升起時,天主安排了一個蟲咬死了篦麻,篦麻便枯萎了
Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee bobe dua maa nhahan no poeɛ.
8 當太陽升起時,天主又安排了灸熱的東風,太陽射在約納頭上,使他無法忍受,遂要求死去,說:「我死了比活著還好! 」
Awia pueeɛ no, Onyankopɔn ma apueeɛ mframa bi a emu yɛ hyeɛ bɔeɛ na awia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ bira. Ɔpɛɛ sɛ ɔwu, na ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ ma me sɛ mewu sene sɛ metena ase.”
9 天主血約納說:「你為這株篦麻發怒合理嗎﹖」他回答說:「我發怒以致於死,是合理的! 」
Onyankopɔn bisaa Yona sɛ, “Ɛyɛ sɛ wofa abufuo wɔ dua no ho anaa?” Yona buaa sɛ, “Aane, me bo afu, na sɛ mɛwu a anka mepa.”
10 上主說:「你為這株篦麻,並沒有勞過力,也沒有使它生長,還憐惜它:它不過是一夜生,出一夜死去的植物;
Na Awurade kaa sɛ, “Dua yi ho asɛm aha wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma ɛnyiniiɛ. Ɛfifirii ntɛm ntɛm na ɛwuu ntɛm ntɛm.
11 對尼尼微這座大城,其中有十二萬不能分辨自己左右手的人,且有許多牲畜,我就不該憐他們麼﹖」
Nanso nnipa mpem ɔha ne aduonu wɔ Ninewe a wɔnnim wɔn benkum ne wɔn nifa. Na mmoa bebree nso wɔ hɔ. Ɛnsɛ sɛ mema Ninewe kuropɔn kɛseɛ yi ho asɛm ha me anaa?”