< 約拿書 4 >
Nanso na eyi yɛ mfomso kɛse ma Yona, na ne bo fuwii.
2 他懇求天主說:「上主,當我還在故鄉時,我豈不是已想到這事﹖所以我預先要逃往塔爾史士去,因為我知道你是慈悲的,寬仁的天主;是緩於發怒,富於慈愛,憐憫而不願降災禍的天主。
Ɔbɔɔ Awurade mpae se, “Awurade, bere a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sɛɛ na mekae? Eyi nti na meperee sɛ miguan akɔ Tarsis no, efisɛ na minim sɛ, woyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn a wo bo kyɛ fuw, na wo dɔ boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛn nʼanan ase wɔ bɔne amanehunu ho.
3 上主,現在,求你從我身上收去我的性命,因為,我死了比活著還好! 」
Afei, Awurade! Gye me nkwa fi me nsɛm. Eye ma me sɛ mewu sen sɛ mɛtena ase.”
Na Awurade buae se, “Eye sɛ wo bo fuw wɔ saa asɛm yi ho ana?”
5 約納出了城,坐在城東,在那裏為自己搭了一個棚坐在棚蔭下,要看看那城究竟要發生什麼事。
Na Yona kɔɔ kuropɔn no apuei fam baabi kɔtenaa hɔ. Ɔbɔɔ pata tenaa ne nwini no mu, twɛn nea ɛbɛba kuropɔn no so.
6 上主天主安排了一株篦麻,使長得高過約納,為他的頭遮蔭,消除自己尸煩惱。約納很喜愛這株篦麻。
Na Awurade Nyankopɔn maa dua bi a ɛwɔ nhaban pii nyin ntɛmntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahotɔ, na nʼani gyee dua no ho.
7 但第二天曙升起時,天主安排了一個蟲咬死了篦麻,篦麻便枯萎了
Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee dua no maa nhaban no poe.
8 當太陽升起時,天主又安排了灸熱的東風,太陽射在約納頭上,使他無法忍受,遂要求死去,說:「我死了比活著還好! 」
Owia puei no, Onyankopɔn maa apuei mframa bi a mu yɛ hyew bɔe, na owia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ beraw. Ɔpɛɛ sɛ owu, na ɔkae se, “Eye ma me sɛ miwu sen sɛ metena ase.”
9 天主血約納說:「你為這株篦麻發怒合理嗎﹖」他回答說:「我發怒以致於死,是合理的! 」
Onyankopɔn bisaa Yona se, “Eye sɛ wofa abufuw wɔ dua no ho ana?” Yona buae se, “Yiw, me bo afuw, na sɛ miwu a anka mepɛ.”
10 上主說:「你為這株篦麻,並沒有勞過力,也沒有使它生長,還憐惜它:它不過是一夜生,出一夜死去的植物;
Na Awurade kae se, “Dua yi ho asɛm ahaw wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma enyinii. Efifii ntɛmntɛm na ewuu ntɛmntɛm.
11 對尼尼微這座大城,其中有十二萬不能分辨自己左右手的人,且有許多牲畜,我就不該憐他們麼﹖」
Nanso nnipa mpem ɔha ne aduonu wɔ Ninewe a wonnim wɔn benkum ne wɔn nifa. Na mmoa bebree nso wɔ hɔ. Ɛnsɛ sɛ mema Ninewe kuropɔn yi ho asɛm haw me ana?”