< 約翰福音 6 >
1 這些事以後,耶穌往加里肋亞海,即提庇黎雅海的對岸去了。
Yei akyi, Yesu twaa Galilea Po a wɔsane frɛ no Tiberia Po no.
2 大批群眾,因為看見他在患病者身上所行的神跡,都跟隨著他。
Esiane sɛ nkurɔfoɔ hunuu sɛ Yesu nam anwanwakwan so asa nnipa pii yadeɛ no enti, wɔdii nʼakyi.
Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ bepɔ bi so kɔtenaa hɔ kakra.
Saa ɛberɛ no na Twam Afahyɛ no abɛn.
5 耶穌舉目看見大批群眾來到他前,就對斐理伯說:「我們從那裏買餅給這些人吃呢?」
Ɛberɛ a Yesu twaa nʼani, hunuu sɛ nnipakuo no reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ, “Ɛhe na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi?”
6 他說這話,是為試探斐理伯;他自己原知道要做什麼。
Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɔbɛyɛ.
7 斐理伯回答說: 「就是二百塊「德納」的餅,也不夠每人分得一小塊。」
Filipo buaa sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua.”
Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kaa sɛ,
9 這裏有一個兒童,他有五個大麥餅和兩條魚;但是為這麼多的人,這算得什麼?」
“Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ burodo enum ne nkyenam mmienu; na yei bɛtumi aso nnipa dodoɔ yi di?”
10 耶穌說: 「你們叫眾人坐下罷! 」在那地方有許多青草,於是人們便坐下,男人約有五千。
Yesu hyɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma obiara ntena ase.” Asuafoɔ no ma wɔtenatenaa ɛserɛ no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodoɔ bɛyɛ mpemnum.
11 耶穌就拿起餅,祝謝後,分給坐下的人;對於魚也照樣作了;讓眾人任意吃。
Yesu faa burodo no bɔɔ mpaeɛ na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa ɛkwan korɔ no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn.
12 他們吃飽以後,耶穌向門徒說: 「把剩下的碎塊收集起來,免得糟蹋了。」
Wɔdidi meeɛ akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ “Mommoaboa aduane a aka no ano na ebi ansɛe.”
13 他們就把人吃後所剩的五個大麥餅的碎塊,收集起來,裝滿了十二筐。
Wɔboaboaa aduane a ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
14 眾人見了耶穌所行的神跡,就說: 「這人確實是那要來到世界上的先知。」
Nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu ayɛ no, wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ a yɛrehwɛ no ɛkwan no.”
15 耶穌看出他們要來強迫他,立他為王,就獨自又退避到山裏去了。
Yesu hunuu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no ɔhene no, ɔtwee ne ho firii wɔn mu kɔɔ bepɔ no so bio.
Onwunu dwoeɛ no, Yesu asuafoɔ no kɔɔ Galilea mpoano.
17 上船要到對岸的葛法翁去。天已黑了,耶穌還沒有有來到他們那裡。
Wɔtwɛn kɔsii sɛ adeɛ saeɛ na ɔmma no, wɔkɔtenaa kodoɔ mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum.
Saa ɛberɛ no na ahum retu wɔ ɛpo so ama ɛpo no so ayɛ gyabagyaba.
19 當他們搖櫓大約過了二十五或三十「斯塔狄」時,看見耶穌在海面行走,臨近了船,便害怕起來。
Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansini mmiɛnsa anaa ɛnan no, wɔhunuu sɛ obi nam ɛpo no so reba; yei maa ehu kaa wɔn kɔsii sɛ,
Yesu kaa sɛ, “Ɛyɛ me, Monnsuro!”
21 他們便欣然接他上船,船就立時到了他們所要去的地方。
Asuafoɔ no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena kodoɔ no mu, nanso ntɛmpa ara kodoɔ no kɔduruu Kapernaum.
22 第二天,留在海對岸的群眾,看見只有一隻小船留在那裡也知道耶穌沒有同他的門徒一起上船,只有他的門徒走了──
Adeɛ kyeeɛ no, nnipa a na wɔwɔ Galilea ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafoɔ no tenaa mu kɔeɛ a na Yesu nka wɔn ho.
23 然而從提庇黎雅有別的小船來到了,靠近吾主祝謝後,人們吃餅的地方──
Ankyɛre koraa na akodoɔ foforɔ bi firi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuo no aduane diiɛ no.
24 當群眾一發覺耶穌和他的門徒都不在那裡時,他們便上了那些小船,往葛法翁找耶穌去了。
Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nni hɔ no, wɔtenatenaa akodoɔ no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.
25 當群眾在海對岸找著他時,就對他說: 「辣彼,你什麼時候到了這裏?」
Wɔduruu Kapernaum na wɔhunuu Yesu no, wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛberɛ bɛn na wobaa ha?”
26 耶穌回答說: 「我實實在在告訴你們: 你們尋找我,並不是因為看到了神跡,而是因為吃餅吃飽了。
Yesu buaa wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu anwanwadeɛ a meyɛeɛ no enti na morehwehwɛ me, na mmom, sɛ monyaa aduane di meeɛ no enti.
27 你們不要為那可損壞的食糧勞碌,而要為那存留到永生的食糧勞碌,即人子所要賜給你們的,因為他是天主聖父所印證的。」 (aiōnios )
Monnsɛe mo berɛ nyinaa mmpere nhwehwɛ aduane a ɛtumi sɛe no akyiri kwan, na mmom, mompere nhwehwɛ aduane a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ a Onipa Ba no de bɛma mo no akyiri kwan. Ɛfiri sɛ, yei enti na mʼAgya somaa me.” (aiōnios )
28 他們問說: 「我們該做什麼,才算做天主的事業呢?」
Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”
29 耶穌回答說: 「天主要你們所做的事業,就是要你們信任他所派遣來的。」
Yesu buaa wɔn sɛ, “Yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, monnye deɛ wasoma no no nni.”
30 他們又說: 「那麼,你行什麼神跡給我們看,好叫我們信服你呢?你要行什麼事呢?
Nnipa no bisaa no bio sɛ, “Anwanwadeɛ bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi?
31 我們的祖先在曠野裏吃過「瑪納」,正如經上所記載的:「他從天上賜給了他們食物吃。』
Sɛ wopɛ sɛ yɛgye wo di sɛ wone Agyenkwa no deɛ a, ɛnneɛ ma yɛn aduane nni daa sɛdeɛ Atwerɛsɛm no di ho adanseɛ sɛ, Mose maa yɛn nananom ɔsoro aduane dii wɔ ɛserɛ so no.”
32 於是耶穌向他們說: 「我實實在在告訴你們: 並不是梅瑟賜給了你們那從天上來的食糧,而是我父現今賜給你們從天上來的真正的食糧,
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nananom aduane a ɛfiri ɔsoro no dii ɛserɛ so hɔ no na mmom, ɛyɛ mʼAgya. Na afei deɛ, ɔma mo aduane a ɛfiri ɔsoro a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ no di daa.
33 因為天主的食糧,是那由天降下,並賜給世界生命的。」
Saa aduane a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ɔfiri ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ ewiase no.”
34 他們便說: 「主! 你就把這樣的食糧常常賜給我們罷! 」
Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma yɛn saa aduane no bi nni daa.”
35 耶穌回答說:「我就是生命的食糧,到我這裏來的,永不會饑餓;信從我的,總不會渴。
Yesu kaa sɛ, “Mene burodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no, ɛkɔm anaa osukɔm renne no da.
36 但是我向你們說過: 你們看見了我,仍然不信。
Sɛdeɛ maka akyerɛ mo no, moahunu me nnwuma, nanso monnye me nni.
37 凡父交給我的,必到我這裏來;而到我這裏來的,我必不把他拋棄於外,
Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no.
Na mefiri ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na ɛnyɛ mʼapɛdeɛ.
39 派遣我來者的旨意就是:凡他交給我的,叫我連一個也不失掉,而且在末日還要使他復活,
Na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ ne sɛ, mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yie na da a ɛdi akyire no, manyane wɔn ama wɔn nkwa foforɔ.
40 因為這是我父的旨意: 凡看見子,並信從子的,必獲得永生;並且在末日,我要使他復活。」 (aiōnios )
MʼAgya apɛdeɛ ne sɛ, obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, manyane no ama no nkwa foforɔ.” (aiōnios )
41 猶太人遂對耶穌竊竊私議,因為他說: 我是從天上降下來的食糧。
Yudafoɔ no tee sɛ Yesu aka sɛ, “Mene aduane a ɛfiri ɔsoro” no, wɔnwiinwiiɛ.
42 他們說:「這人不是若瑟的兒子耶穌麼? 他的父親和母親,我們豈不是都認識麼? 怎麼他竟說: 我是從天上降下來的呢?」
Wɔkɔɔ so kaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi ka sɛ ɔfiri ɔsoro na ɔbaeɛ?”
Yesu buaa wɔn sɛ, “Monnyae anwiinwii no.
44 凡不是派遣我的父所吸引的人,誰也不能到我這裏來,而我在末日要叫他復活。
Mommma ɛnnyɛ mo nwanwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no.
45 在先知書上記載: 『眾人都要蒙天主的訓誨。』凡由父聽教而學習的,必到我這裏來。
Adiyifoɔ no twerɛɛ sɛ, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno enti, obiara a ɔtie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn.
46 這不是說有人看見過父,只有那從天主來的,才看見過父。
Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahunu Agya no pɛn, gye onipa a ɔfiri Agya no nkyɛn no.
47 我實實在在告訴你們: 信從的人必得永生。 (aiōnios )
Mereka nokwasɛm akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔgye me di a ɛma nkwa a ɛfiri no nya nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios )
Mene burodo a ɛma nkwa no.
Mo nananom dii mana wɔ ɛserɛ so, nso wɔwuwuiɛ,
nanso burodo a ɛfiri ɔsoro ba no yɛ burodo a obi di a ɔrenwu da.
51 我是從天上降下的生活的食糧;誰若吃了這食糧,必要生活直到永遠。」「我所要賜給的食糧,就是我的肉,是為世界的生命而賜給的。」 (aiōn )
Mene burodo a ɛfiri ɔsoro no; sɛ obi di saa burodo yi a, ɔbɛtena ase daa. Burodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ewiase bɛnya nkwa.” (aiōn )
52 因此,猶太人彼此爭論說: 「這人怎能把他的肉,賜給我們吃呢?」
Asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ no bo fuiɛ ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi de ne honam ama yɛn sɛ aduane ama yɛadi?”
53 耶穌向他們說:「我實實在在告訴你們:你們若不吃人子的肉,不喝他的血,在你們內便沒有生命。
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduane na moannom ne mogya a, morennya nkwa a ɛnni awieeɛ.
54 誰吃我的肉,並喝我的血,必得永生,在末日,我且要叫他復活, (aiōnios )
Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya no nya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no ama no nkwa foforɔ. (aiōnios )
55 因為我的肉,是真實的食品;我的血,是真實的飲料。
Me honam ne aduane pa no, na me mogya nso ne nsu pa no.
56 誰吃我的肉,並喝我的血,便住在我內,我也住在他內。
Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya sɛ nsuo no te me mu, na me nso mete ne mu.
57 就如那生活的父派遣了我,我因父而生活;照樣,那吃我的人,也要因我而生活。
Sɛdeɛ Agya teasefoɔ no somaa me na ɔno enti, mete ase no, saa ara nso na obiara a ɔdi me honam sɛ aduane no, me enti, ɔbɛtena ase.
58 這是從天上降下來的食糧,不像祖先吃了「瑪納」仍然死了;誰吃這食糧,必要生活直到永遠。」 (aiōn )
Yei ne burodo a ɛfiri ɔsoro baeɛ. Ɛnte sɛ mana a yɛn nananom dii wɔ ɛserɛ so na wɔwuwuiɛ no. Saa burodo yi deɛ, obiara a ɔbɛdi bi no bɛtena ase daa.” (aiōn )
Ɛberɛ a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.
60 他的門徒中有許多聽了,便說: 「這話生硬,有誰能聽得下去呢?」
Yesu akyidifoɔ no mu pii tee asɛm a ɔkaeɛ no, wɔkaa sɛ, “Saa asɛm yi deɛ, ɛkyere yɛn adwene. Hwan na ɔbɛte aseɛ?”
61 耶穌自佑他的門徒對這話竊竊私議,便向他們說: 「這話使你們起反感嗎?
Yesu hunuu sɛ nʼakyidifoɔ no renwiinwii no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Asɛm a mekaeɛ yi to mo suntidua anaa?
62 那麼,如果你們看到人子昇到他先前所在的地方去,將怎樣呢?
Ɛnneɛ, ɛba sɛ Onipa Ba no resane akɔ ɔsoro, faako a ɔfiri baeɛ no a, ɛdeɛn na mobɛyɛ?
63 使生活的是神,肉一無所用;我給你們所講論的話,就是神,就生命。
Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu,
64 但你們中間有些人,卻不相信。」原來,耶穌從起頭就知道那些人不信,和誰要出賣他。
nanso mo mu bi nnye nni.” Ɛfiri ahyɛaseɛ no na Yesu hunuu wɔn a wɔnnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afiri ne ho.
65 所以他又說: 「為此,我對你們說過: 除非蒙父恩賜的,誰也不能到我這裏來。」
Ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Yei enti na meka kyerɛɛ mo sɛ, obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho ɛkwan” no.
66 從此,他的門徒中有許多人退去了,不再同他往來。
Esiane saa nsɛm a Yesu kaeɛ no enti, nʼakyidifoɔ no mu pii twee wɔn ho firii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.
67 於是耶穌向那十二人說: 「難道你們也願走嗎?」
Yesu hunuu saa no, ɔbisaa asuafoɔ dumienu no sɛ, “Mo nso mobɛgyae mʼakyidie anaa?”
68 西滿伯多祿回答說: 「主! 惟有你有永生的話,我們去投奔誰呢? (aiōnios )
Simon Petro buaa no sɛ, “Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios )
Na yɛgye wo nsɛm no di na yɛnim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”
70 耶穌對他們說: 「我不是揀選了你們十二個人嗎?你們中卻有一個是魔鬼。」
Yesu kɔɔ so kaa sɛ, “Me ara na meyii mo dumienu yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.”
71 他是指依斯加略人西滿的兒子猶達斯說的;因為就是這人,十二人中的一個,將要出賣耶穌。
Asɛm a Yesu kaeɛ no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako a ɔbɛyi Yesu ama no ho.