< 約伯記 30 >
1 但現今年紀小於我的人,都嘲笑我;這些人的父親,我都不屑於列在守我羊群的狗中。
“Nanso seesei wɔsere me, nnipa a manyini sene wɔn, na wɔn agyanom mfata sɛ wɔne me nnwan ho nkraman tena.
2 他們的精力已經喪失,他們手臂的力量,對我還有何用﹖
Mfasoɔ bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden wɔ ma me, ɛberɛ a wɔn ahoɔden afiri wɔn mu?
3 他們因貧乏和饑饉而消瘦,咀嚼曠野裏的草根,以及荒山野嶺所生的荊棘。
Ohia ne ɛkɔm ama wɔn ho atete, wɔnante asase wesee ne asase bonini so anadwo.
Wɔboaboaa nkyenhahan ano wɔ nkyɛkyerɛ mu, na wɔde ɛserɛ so nnua nhini yɛɛ wɔn aduane.
5 人將他們由人群中逐出,在他們後面喊叫有如追賊;
Wɔn mfɛfoɔ pamoo wɔn firii wɔn mu, na wɔhuroo wɔn sɛ akorɔmfoɔ.
Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa nsuka a emu awo, abotan ne ɛfam ntokuro mu.
Wɔsuu sɛ mfunumu wɔ wiram na wɔfoforee so wɔ ɔdɔtɔ ase.
8 這些人都是流氓的後代,都是無名氏之子孫,由本國驅逐境外的。
Ekuo a wɔmfra na wɔnni din, wɔpam wɔn firii asase no so.
“Na ɛnnɛ yi wɔn mmammarima de dwom bɔ me akutia; mayɛ abusudeɛ wɔ wɔn mu.
10 他們因憎惡我而遠離我,竟任意向我臉上吐唾沫。
Wɔkyiri me na wɔnnka mma me ho; wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasuo gu mʼanim.
11 他們解開了韁繩以攻擊我,在我面前除掉了轡頭。
Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi, wɔyɛ deɛ wɔpɛ wɔ mʼanim.
12 下流之輩在我右邊起來,向我投擲石頭,築成一條使我喪亡的路。
Abusuakuo no to hyɛ me so wɔ me nifa so; wɔsum me nan mfidie, na wɔsisi apie tia me.
13 他們破壞了我的道路,使我跌仆,卻沒有人阻止他們。
Wɔsisi mʼakwan; na wɔnya me sɛe me na obiara mmoa me.
Wɔba te sɛ deɛ wɔfiri ntokuro a ano abae mu; wɔnam mmubuiɛ no mu munimuni ba.
15 恐怖臨於我身,我的尊榮如被風吹散,我的救恩如浮雲逝去。
Ahunahuna ma me ho dwiri me; mʼanimuonyam atu kɔ sɛdeɛ mframa abɔ agu, me banbɔ atu ayera sɛ omununkum.
“Na seesei, me nkwa resa; na amanehunu nna akyekyere me.
Anadwo wowɔ me nnompe mu; ɔyea a ɛwe me no nnyae.
Onyankopɔn firi ne tumi mu yɛ sɛ aduradeɛ ma me; ɔmia me te sɛ mʼatadeɛ kɔn.
Ɔto me twene atɛkyɛ mu na ɔma me yɛ sɛ mfuturo ne nsõ.
20 天主啊! 我向你呼號,你不回答我;我立起來,你也不理睬我。
“Ao Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, nanso wommua me. Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.
Woba me so anibereɛ so; wode wʼabasa mu tumi to hyɛ me so.
22 你將我提起,乘風而去,使我在狂風中飄搖不定。
Wohwim me na wode mframa pia me; wodankyidankyi me wɔ ahum mu.
Menim sɛ wode me bɛkɔ owuo mu, baabi a woahyɛ ama ateasefoɔ nyinaa.
24 若窮人遇到不幸向我求救,我豈不伸手去援助他﹖
“Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ ɛberɛ a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu.
25 他人遭難,我豈沒有流淚﹖人窮乏,我的心豈沒有憐憫﹖
Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu anaa? Me kra werɛ anho amma ahiafoɔ anaa?
26 我希望幸福,來的卻是災禍;我期待光明,黑暗反而來臨。
Nanso ɛberɛ a mʼani da papa so no, bɔne baeɛ; ɛberɛ a mepɛɛ hann no, esum na ɛduruuɛ.
Meyafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da; na nna a amanehunu wɔ mu da mʼanim.
28 我憂悶而行,無人安慰我,我要在集會中起立喊冤。
Menenam a mabiri a ɛnyɛ sɛ owia na ahye me; megyina adwaberem na mesu pɛ mmoa.
Madane nnompo nuabarima, me ne apatuo na ɛbɔ.
Me honam ani abiri na ɛhwanehwane; huraeɛ ama me ho adɔ.
Me sankuo bɔ kwadwom, na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyegyeɛ.