< 約伯記 28 >
“Beae a wotu dwetɛ wɔ hɔ ne beae a wɔnan sika kɔkɔɔ.
Wotu dade fi fam, na wɔnan kɔbere fi dadebo mu.
3 人給黑暗制定了界限,探討幽暗陰晦的堅石,挖至地層深處。
Onipa ma sum ba awiei; na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mu kɔhwehwɛ dadebo wɔ sum kabii mu.
4 在無人居住之處開鑿礦穴,上面過路的人,也想不到他們遠離人間,身懸半空,搖擺不定。
Wɔde fagudetu afiri hyɛ beae a ɛmmɛn ɔdesani atenae, mmeae a nnipa anan nsii hɔ da, baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na wodi aforosian.
Asase a ɛbɔ aduan no, wɔdan ase no te sɛ nea wɔde ogya na ayɛ;
hoabo fi nʼabotan mu na sikakɔkɔɔ mpɔw nso wɔ ne mfutuma mu.
Ɔkɔre biara nnim saa kwan a ahintaw no, akoroma biara ani nhuu ɛ.
Mmoa ahantanfo nsi hɔ na gyata nkɔdɛɛdɛɛ wɔ hɔ.
Onipa nsa paapae abotan dennen na ɔma mmepɔw ase da hɔ.
Otwa aka fa abotan mu, na ohu nʼademude nyinaa.
Ɔhwehwɛ baabi a nsubɔnten ti wɔ na ɔda nneɛma a ahintaw adi.
“Nanso ɛhe na yebehu nea nyansa hyɛ? Ɛhe na ntease te?
Onipa renhu ne bo a ɛsom; wɔrenhu wɔ ateasefo asase so.
14 深淵說:「她不在我這裏。」海洋說:「她不與我同域。」
Na ebun ka se, ‘Enni me mu’; na po nso se, ‘Enni me nkyɛn.’
15 她非精金所能購買,也不能稱量銀子作她的代價。
Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ ankasa ntɔ, na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne bo.
16 敖非爾金不能與她較量,寶石和碧玉也不能與她相比。
Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ apopobibiribo anaa hoabo nso saa ara.
17 黃金與琉璃不能與她同列,純金的器皿也不能與她交換。
Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho, na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinne nsesa.
Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahene panyin ne ahwehwɛbo din; nyansa bo sen nhene pa.
19 雇士的黃玉不足與她相比,純金也不能與她較量。
Etiopia akraatebo ne no nsɛ; wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronkron ntɔ.
“Ɛno de, na ɛhe na nyansa fi? Ɛhe na ntease te?
Wɔde asie abɔde biara ani, wɔde asie wim nnomaa mpo.
22 毀滅」與「死亡」都說:「我們只風聞過她的聲望。」
Ɔsɛe ne Owu ka se, ‘Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.’
Onyankopɔn te ɔkwan a ɛkɔ hɔ ase, na ɔno nko ara na onim faako a ɛte,
efisɛ ɔhwɛ kodu nsase ano na ohu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase.
Bere a ɔhyɛɛ mframa ano den too hɔ na osusuw nsuwa no,
bere a ɔkaa no ɔhyɛ so kyerɛɛ osutɔ na otwaa kwan maa aprannaa no,
afei ɔhwɛɛ nyansa na ɔkarii no hwɛe; na ogyee no too mu na ɔsɔɔ no hwɛe.
28 然後對人說:「看,敬畏上主,就是智慧;遠離邪惡,就是明智。」
Na ɔka kyerɛɛ onipa se, ‘Awurade suro, ɛno ne nyansa; na sɛ wokyi bɔne, yɛ ntease.’”