< 耶利米書 43 >

1 耶肋米亞向全體人民說完上主他們的天主的一切話,即上主他們的天主派遣他來向他們轉告的這一切話以後,
Bere a Yeremia wiee nsɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn nkyɛn no ka no, biribiara a Awurade asoma no sɛ ɔmmɛka nkyerɛ wɔn no,
2 瑪阿色雅的兒子阿匝黎雅和卡勒亞的兒子約哈南,以及一切傲慢反叛的人,就肋米亞說:「你說謊;上主我們的天主並沒有派你說:你們不要去寄居埃及;
Hosaia babarima Asaria, Karea babarima Yohanan ne mmarima ahomasofo no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia se, “Woredi atoro! Awurade, yɛn Nyankopɔn, nsomaa wo se bɛka se, ‘Ɛnsɛ sɛ mokɔ Misraim kɔtena hɔ.’
3 只是乃黎雅的兒子巴路克挑唆你反對我們,好將我交在加色丁人手中,或殺或擄到巴比倫去。」
Na mmom Neria babarima Baruk na ɔregyigye wo so tia yɛn ama wɔde yɛn ahyɛ Babiloniafo nsa, sɛnea wobekum yɛn anaa wɔbɛsoa yɛn de yɛn akɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.”
4 卡勒亞的兒子約哈南和眾部隊首領以及全體人民,沒有聽從上主的勸告,住在猶大地內。
Enti Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo no nyinaa ne nnipa no anni Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔntena Yuda asase so no so.
5 卡勒亞的兒子約哈南和眾部隊首領,反而率領全體猶大遣民,即那些四到各民族間,又回來住在猶大境內的人:
Mmom Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo no nyinaa de Yuda nkae a wofi amanaman a wɔbɔɔ wɔn ahwete kɔɔ so no so na wɔaba sɛ wɔrebɛtena Yuda asase so no nyinaa kɔe.
6 男子和婦女,幼童和王家閨秀,以及衛隊長乃步匝辣當給沙番的孫子,阿希甘的兒子留下的人,連同先知耶肋米亞和乃黎雅的兒子巴路克,
Wɔde mmarima, mmea, mmofra ne ɔhene mmabea a ɔsahene Nebusaradan, a ɔyɛ ɔhene awɛmfo panyin no, de wɔn gyaw Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena, odiyifo Yeremia ne Neria babarima Baruk nso kɔe.
7 到埃及地去了;沒有聽從上主的勸告,而來到塔黑培乃斯。
Enti wɔhyɛn Misraim a wɔanni Awurade asɛm so, na wokoduu Tapanhes.
8 在塔黑培乃斯上主有話傳給耶肋米亞說:「
Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanhes se,
9 你用手拿一些大石頭,當著猶大人眼前,藏在塔黑培乃斯法郎王宮前石鋪地道下面,
“Bere a Yudafo no rehwɛ no, fa abo akɛse, afei tutu fam wɔ birikisi nsɛwee a ɛwɔ Farao ahemfi a ɛwɔ Tapanhes abobow ano hɔ, na fa gu mu kata so.
10 然後對他們說:萬軍的上主,以色列的天主這樣說:看,我必派人去領我的僕人巴比倫王拿步高來,在你藏的這些石頭上安置他的寶座,張設他的華蓋。
Afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: Mɛsoma me somfo Babiloniahene Nebukadnessar, na mede nʼahengua besi saa abo a masi wɔ ha no so; na ɔbɛtrɛw nʼadehye kyinii mu wɔ so.
11 他必來攻打埃及地,叫那該死的死,該擄的擄,該殺的殺;
Ɔbɛba abɛtow ahyɛ Misraim so, na obekum wɔn a wɔahyɛ sɛ wonkum wɔn no, ɔbɛfa wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkɔ nnommum mu no nnommum, na wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔmfa wɔn mma afoa no, wɔde wɔn bɛma afoa.
12 必來放火焚燒埃及的神廟,燒毀或擄走廟內的神像;必來收取埃及地,如同牧人收取自己的外衣;最後安然離去。
Ɔbɛto Misraim anyame asɔredan mu gya, ahyew na wɔafa wɔn anyame no nnommum. Sɛnea oguanhwɛfo de nʼatade kyekyere ne ho no, saa ara na ɔde Misraim bɛkyekyere ne ho na wafi hɔ akɔ a ne ho baabiara renti.
13 此外他還要粉碎埃及地太陽神廟的石柱,放火焚燒埃及的神廟。」
Owia asɔredan a ɛwɔ Misraim no, obebubu nʼafadum kronkron no, na wahyew Misraim anyame asɔredan no dwerɛbee.’”

< 耶利米書 43 >