< 耶利米書 36 >

1 猶大王史約雅內的兒子約雅金第四年,上主有話傳給耶肋米亞說
Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛtɔ so ɛnan mu, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ,
2 :「你拿卷冊來,寫上自我由約史雅時日,對你說話那一天以來,直到今日,關於耶路撒冷和猶大及列邦對你所說的一切話,
“Fa nwoma mmobɔeɛ, na twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, ɛfiri ɛberɛ a mefirii aseɛ kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedie berɛ so bɛsi ɛnnɛ gu so.
3 也許猶大家聽了我有意對他們施行的一切災禍,會各自離棄自己的邳道,叫我好寬恕他們的過犯和罪惡」。
Ebia, sɛ Yudafoɔ te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so a, wɔn mu biara bɛdane afiri nʼamumuyɛ ho na afei mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”
4 於是耶肋米亞叫了乃雅黎的兒子巴路克來;路克來依照耶肋米亞的口授,在卷冊上寫上了上主對先知說的一切話。
Enti, Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na ɛberɛ a ɔreka nsɛm a Awurade aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu.
5 耶肋米亞吩咐巴路克說:「我被阻止,不能到上主的殿宇去,
Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu.
6 所以你去,在一個禁食的日子上,誦讀卷冊上依我口授寫的上主的話,給在上主殿裏的全體人民聽,也讀給來自各城的全體猶大人聽,
Enti, kɔ Awurade efie mmuadadie da bi na kenkan nsɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn a meka ma wotwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro so aba no.
7 也許他們會向上主哀求,各自會離棄自己的邳道,因為上主對這人民用以恐嚇的憤恨和憤怒,真正厲害! 」
Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba Awurade anim na wɔn mu biara adane afiri nʼamumuyɛ akwan ho, ɛfiri sɛ abufuo ne abufuhyeɛ nsɛm a Awurade aka atia saa nnipa yi so.”
8 乃黎雅的兒子巴路克全按耶肋米亞先知吩咐的做了:在上主殿宇裏,宣讀了卷冊上主的話。
Neria babarima Baruk yɛɛ biribiara a odiyifoɔ Yeremia kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔkenkanee Awurade nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu wɔ Awurade asɔredan no mu.
9 猶大王約史雅的兒子約雅金第五年九月,耶路撒冷全體人民以及從猶大城市來到耶路撒冷的全體人民,集合在上主面前宣佈禁食。
Ɔbosome a ɛtɔ so nkron wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so enum so no, wɔpaee Awurade anim mmuadadie maa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne wɔn a wɔfiri Yuda nkuro so aba no.
10 巴路克就乘機在上主殿宇內,沙番的兒子革馬黎雅書記的房子那裏,即上院靠近上主殿宇新門的進口處,宣讀卷冊上耶肋米亞的話,給全體人民聽。
Baruk kenkanee Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Awurade asɔredan no mu nyinaa; firii Safan babarima Gemaria a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ no pia a ɛwɔ asɔredan no atifi adihɔ na ɛbɛn Ɔpono Foforɔ no mu.
11 沙番的兒子革馬黎雅的兒子米加雅,聽了卷冊上所有的上主的話,
Ɛberɛ a Safan babarima Gemaria babarima Mikaia tee Awurade nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no,
12 就下到王宮書記的事務所內,看,眾首長都正坐在那裏,有書記厄里沙瑪,舍瑪雅的兒子德拉雅,阿革波爾的兒子厄耳納堂,沙番的兒子革馬黎雅,哈紇尼雅的兒子漆德克雅和其餘的首長。
ɔkɔɔ ɔtwerɛfoɔ no dan a ɛwɔ ahemfie hɔ no mu, baabi a na ɔtwerɛfoɔ Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa teteɛ.
13 米加雅就把自己在巴路克給人民宣讀卷冊時所聽到的所有話,告訴了他們。
Mikaia kaa nsɛm a Baruk kenkanee firii nwoma mmobɔeɛ no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn no akyi,
14 眾首長便派乃塔尼雅的兒子猶狄和雇史的兒子舍肋米亞到巴路克那裏說:「請你來,並請你隨手帶上你讀給人民的那軸卷冊」。乃肋米亞的兒子巴路克立即手內拿上那軸卷冊,到他們那裏去了。
adwumayɛfoɔ no nyinaa somaa Kusi babarima Selemia babarima Netania babarima Yehudi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Baruk sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ a wokenkane firii mu kyerɛɛ nnipa no bra, na bra.” Enti Neria babarima Baruk kɔɔ wɔn hɔ a nwoma mmobɔeɛ no kura no.
15 你們對他說:「請坐,讀給我們聽! 」巴路克讀給他們聽了。
Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo tena ase, na kenkan kyerɛ yɛn.” Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn.
16 他們聽了這一切話,彼此不勝驚慌說:「我們必須將這一切話稟告君王! 」
Wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no, wɔde ehu hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛka saa nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.”
17 然後問巴路克說:「請你告訴我們:你怎樣由耶肋米亞的口授寫了這一切話﹖」
Afei, wɔbisaa Baruk sɛ, “Ka kyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wotwerɛɛ yeinom nyinaa? Yeremia na ɔka ma wotwerɛeɛ anaa?”
18 巴路克答覆他們說:「這一切話都是他口授給我的,我只不過用筆記錄在這卷冊上」。
Baruk buaa sɛ, “Aane, ɔno na ɔkaa saa nsɛm yi nyinaa ma mede adubiri twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu.”
19 於是首長對巴路克說:「你快去和耶肋米亞藏起來,不要讓人知道你們藏在哪裏」。
Na adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Wo ne Yeremia, monkɔhinta. Monnkyerɛ obiara mo akyiri ɛkwan.”
20 然後他們一同到內殿去拜見君王,那卷冊卻留在書記厄里沙瑪室內,只將這一切話稟告了君王。
Wɔde nwoma mmobɔeɛ no kɔsiee ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu akyi no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabannwa no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no.
21 君王於是打發猶狄去取那軸卷冊;猶狄由書記厄里沙瑪室內取了來,讀給君王和環立在君王旁的眾朝臣聽。
Ɔhene no somaa Yehudi sɛ, ɔnkɔfa nwoma mmobɔeɛ no mmra. Yehudi kɔfa firii ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no nyinaa.
22 那時正是九月,君王住在冬宮裏,面前正燒著一盆火,
Na ɛyɛ ɔbosome a ɛtɔ so nkron a na ɔhene no te awɔberɛ dan mu reto ogya a ɛsi nʼanim.
23 猶狄只讀了三四行,君王就用書記的刀把它割下,拋在火盆裏,直到那卷冊在火盆內被燒盡。
Ɛberɛ biara a Yehudi bɛkenkan nwoma mmobɔeɛ no afaafa bɛyɛ mmiɛnsa anaa ɛnan no, ɔhene no de ɔtwerɛfoɔ sekan, twitwa de gu ogya no mu, kɔsii sɛ nwoma mmobɔeɛ no nyinaa hyeeɛ.
24 君王與眾臣僕言這一切話,毫不害怕,也不撕裂自己的衣服,
Ɔhene no ne nʼasomfoɔ a wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no ammɔ hu, na wɔansunsuane wɔn ntadeɛ mu nso.
25 雖然厄耳納堂和德拉雅及革瑪黎雅曾苦苦哀求君王不要燒毀那軸卷冊,
Ɛwom sɛ Elnatan, Delaia ne Gemaria srɛɛ ɔhene no sɛ ɔnnhye nwoma mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn.
26 反命王子耶辣默耳,阿次黎耳的兒子色辣雅和哈德耳的兒子舍肋米雅,去逮捕書記巴路克和先知耶肋米亞;但是上主卻將他們藏起來了。
Mmom ɔhene no hyɛɛ ne babarima Yerahmeel, Asriel babarima Seraia ne Abdeel babarima Selemia sɛ, wɔnkɔkye ɔtwerɛfoɔ Baruk ne odiyifoɔ Yeremia mmra. Nanso, na Awurade de wɔn asie.
27 君王焚燒了那軸載有巴路克由耶肋米亞口授記錄的話的卷冊以後,有上主的話傳給耶肋米亞說:
Ɔhene no hyee nwoma mmobɔeɛ a na nsɛm a Baruk twerɛ firii Yeremia anom wɔ mu no akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ,
28 「你拿另一卷冊來,寫上猶大王約雅金所燒毀的前一軸卷冊上的一切話。
“Fa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na twerɛ nsɛm a ɛwɔ kane mmobɔeɛ a Yudahene Yehoiakim hyeeɛ no gu mu.
29 關於猶大王約雅金你應說:上主這樣說:你燒毀了這軸卷冊說:為什麼你在上面寫道:巴比倫王必來破壞這地方,消滅這地方 的人民和獸﹖
Afei, ka kyerɛ Yudahene Yehoiakim sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Wohyee nwoma mmobɔeɛ no kaa sɛ: “Adɛn enti na wotwerɛɛ wɔ mu sɛ ɛkwan biara so, Babiloniahene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre ɛso nnipa ne mmoa nyinaa ase?”
30 為此上主關於猶大王約雅金這樣說:他必沒有人繼坐達味的寶座,死後必棄屍原野,遭受日晒夜露。
Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yehoiakim ho: Ɔrennya obi ntena Dawid ahennwa so. Wɔbɛto ne funu atwene a, wɔrensie no, na wada owia hyeɛ ne anadwo awɔ mu.
31 對他和他的後裔及臣僕,我要懲罰他們的罪惡,給他們和耶路撒冷居民及猶大人,召來我向他們預告,他們卻不理會的一切災禍」。
Mɛtwe ɔno ne ne mma ne nʼasomfoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ nti; mede amanehunu biara a mahyɛ atia wɔn bɛba wɔn ne wɔn a wɔte Yerusalem ne Yudafoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnntieɛ.’”
32 耶肋米亞就拿來另一軸卷冊,交給書記乃黎雅的兒子巴路克。巴路克依照耶肋米亞的口授,在上面筆錄了猶大王約雅金,在火中燒毀了的那卷冊上所有的話;並且還加添了許多相類似的話。
Na Yeremia faa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na ɔka maa ne twerɛfoɔ Baruk twerɛeɛ. Ɔkaa biribiara a na ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no a Yudahene Yehoiakim hyee no no so. Na ɔde nsɛm pii kaa ho.

< 耶利米書 36 >