< 耶利米書 12 >

1 上主,幾時我與你爭論,總是你有理;但我仍願與你討論正義:「為什麼惡人的生活總是順利,一般詭詐極惡的人總享安寧﹖
Woyɛ ɔtreneeni bere biara, Awurade, sɛ mede asɛm to wʼanim a. Nso me ne wo bɛkasa afa wʼatɛntrenee ho: Adɛn nti na amumɔyɛfo kwan si wɔn yiye? Adɛn nti na wɔn a wonni gyidi ho dwo wɔn?
2 你栽植了他們,他們就生長根滋長,結出果實;他們的口離你近,他們的心卻離你遠。
Woadua wɔn, na wɔagye ntin; wonyinyin na wɔsow aba. Wɔbɔ wo din bere biara nanso wɔn koma mmɛn wo.
3 至於你,上主,你是認識我的,你考察了我對你的心意;求你把他們像待宰的羔羊一樣拉出來,留待宰殺的一天。
Nanso wunim me, Awurade; wuhu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wɔ wo ho no hwɛ. Twe wɔn kɔ sɛ nguan a wɔrekotwitwa wɔn mu! Yi wɔn si nkyɛn ma okumda!
4 [這地要哀傷,整個田野的草木要枯萎到幾時﹖由於居民的邪惡,野獸和飛鳥都被消滅。] 因為他們說:「天主不管我們的作為。」
Asase no nkyen nkosi da bɛn na prama so sare nguan nkosi da bɛn? Esiane sɛ wɔn a wɔte so no yɛ amumɔyɛfo nti mmoa ne nnomaa a wɔwɔ so awuwu. Na nnipa no da so ka se, “Ɔrenhu nea ɛba yɛn so.”
5 「你與人徒步競走,尚覺疲乏,你怎麼能與馬角逐﹖在平安的地區尚覺不安,在約旦河的叢林區,你更將何如﹖
“Sɛ wo ne mmarima atu mmirika ama woabrɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ besi mmirikakan? Sɛ wuhintiw wɔ asase petee so a, ɛno de, dɛn na wobɛyɛ wɔ Yordan ho nkyɛkyerɛ mu?
6 連你的兄弟和你的父族對你都無誠意,在你後面厲聲喊叫;即便他們對說好話,你也不要相信。」
Wo nuabarimanom, wʼankasa abusuafo, wɔn mpo ayi wo ama; wɔteɛ mu dennen tia wo. Mfa wo ho nto wɔn so, sɛ mpo wɔka wo ho asɛm pa a.
7 「 離開了我的家,拋棄了我的產業,將我最心愛的人交在敵人的手中。
“Megyaw me fi, ato mʼagyapade asaworam; mede nea medɔ no no bɛhyɛ nʼatamfo nsa.
8 我的產業對我竟好像是森林中的獅子,向我咆哮,為我憎恨他它。
Mʼagyapade ayɛ me sɛ gyata a ɔwɔ kwae mu. Ɔbobɔ mu gu me so; ɛno nti metan no.
9 我的產業對我竟成了一隻帶斑點的鷙鳥,以致鷙鳥圍著向它襲擊。你們去田黟的一切野獸,叫它們來吞噬。
So mʼagyapade nyɛɛ me sɛ anomaa a nkekae sisi ne ho a ɔkyere mmoa na nnomaa foforo a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔw no ana? Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano. Momfa wɔn mmra na wonkum wɔn.
10 許多牧童毀壞了我的葡萄園,蹂躝了我的產業,使我喜愛的產業變為荒蕪的曠野。
Nguanhwɛfo bebree bɛsɛe me bobeturo, na wɔatiatia me mfuw so; wɔbɛdan me mfuw fɛɛfɛ no ayɛ no asase hunu a ɛda mpan.
11 他們使它荒涼,荒涼得在我面前哀傷;全地荒涼,因為沒有一人關心。
Ɛbɛyɛ asase a ada mpan a, awo wosee na ɛda hɔ kwa wɔ mʼanim; asase no nyinaa bɛda mpan efisɛ obiara nni hɔ a ɔhwɛ so.
12 破壞者已來到曠野的一切高崗上,因為上主的刀劍正在砍伐,從地極到地極,凡有血肉的,都不得安寧。
Nkoko wosee a ɛwɔ nweatam no nyinaa so no na asɛefo bɛba abegu bebree, Awurade afoa bekunkum wɔn afi asase ano de akosi ano nohɔ; obiara remfa ne ho nni.
13 他們播種了麥子,卻收割了荊棘;雖筋疲力竭,卻沒有利益;由於上主的憤怒,都因自己的收穫而害羞。
Wobedua atoko, nso wobetwa nsɔe; wɔbɛbrɛ wɔn ho nanso wɔrennya hwee. Wɔn ani bewu wɔ wɔn nnɔbaetwa ho. Awurade abufuwhyew nti.”
14 上主這樣說:關於那些險惡的鄰邦.即侵犯我給予我民以色列佔有的產業的鄰邦,看,我要由他們的地上將他們拔除,也要由他們中拔除猶大家。
Nea Awurade se ni: “Na me yɔnkonom amumɔyɛfo a wɔfa agyapade a, mede maa me nkurɔfo Israelfo no de, metu wɔn afi wɔn nsase so na metu Yudafi afi wɔn mu.
15 在我拔除他們以後,我要再憐憫他們,引他們復歸自己的產業,各回自己的故鄉。
Na sɛ mitu wɔn wie a, mehu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapade, ne nʼasase so.
16 設若他們殷勤學走我人民的道路,奉我名發誓說:「上主永在」,如同他們昔日教我人民奉巴耳發誓一樣,他們就可在我的人民中再度復興。
Na sɛ wosua me nkurɔfo akwan yiye na wɔbɔ me din ka ntam se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwɔ mu sɛ mmere bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfo ma wɔde Baal kaa ntam de, nanso wɔn ase betim wɔ me nkurɔfo mu.
17 倘若他們不聽從,我必拔除這民族,將他們拔除消滅──上主的斷語。
Nanso sɛ ɔman bi antie a, metu nʼase, na masɛe no korakora,” Awurade na ose.

< 耶利米書 12 >