< 以賽亞書 53 >
1 有誰會相信我們的報道呢﹖上主的手臂又向誰顯示了呢﹖
Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na Awurade abasa no, hwan so na ada adie?
2 他在上主前生長如嫩芽,又像出自乾地中的根苗;他沒有俊美,也沒有華麗,可使我們瞻仰;他沒有儀容,可使我們戀慕。
Ɔnyinii wɔ nʼanim te sɛ dua mono ketewa bi, te sɛ nhini a ɛfiri asase wesee mu. Ɔnni ahoɔfɛ anaa animuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn. Na biribiara nni ne ho ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.
3 他受盡了侮辱,被人遺棄;他真是個苦人,熟悉病苦;他好像一個人們掩面不顧的人;他受盡了侮辱,因而我們都以他不算什麼。
Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no, Ɔwerɛhoni a ɔnim ɔyea. Yɛdanee yɛn ani a yɛanhwɛ no mpo; wɔbuu no animtiaa na yɛn nso, yɛammu no.
4 然而他所背負的,是我們的疾苦;擔負的,是我們的疼痛;我們還以為他受了懲罰,為天主所擊傷,和受貶抑的人。
Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛyɛ, na ɔsoaa yɛn awerɛhoɔ, nanso yɛbuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso. Yebuu no sɛ Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛ no.
5 可是他被刺透,是因了我們的悖逆;他被打傷,是因了我們的罪惡;因他受了懲罰,我們便得了安全;因他受了創傷,我們便得了痊癒。
Nanso, yɛn mmarato enti na wɔpiraa noɔ, yɛn amumuyɛ enti na wɔdwerɛɛ no; asotwe a ɛde asomdwoeɛ brɛɛ yɛn no daa no so, na nʼapirakuro mu na yɛnya ayaresa.
6 我們都像羊一樣迷了路,各走各自的路;但上主卻把我們眾人的罪過歸到他身上。
Yɛn nyinaa ayera yera te sɛ nnwan, yɛn mu biara afa ne kwan; na Awurade de yɛn nyinaa amumuyɛ asoa.
7 他受虐待,仍然謙遜忍受,總不開口,如同被牽去待宰的羔羊;又像母羊在剪毛的人前不出聲,他也同樣不開口。
Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no aniɛyaa, nanso wammue nʼano; wɔde no kɔɔeɛ te sɛ odwammaa a wɔrekɔku no. Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no, saa ara na wammue nʼano.
8 他受了不義的審判而被除掉,有誰懷念他的命運﹖其實他從活人的地上被剪除,受難至死,是為了我人民的罪過。
Wɔnam nhyɛsoɔ ne atemmuo so faa no kɔɔeɛ. Na hwan na ɔbɛtumi aka nʼasefoɔ ho asɛm? Ɛfiri sɛ wɔyii no firii asase yi so; me nkurɔfoɔ mmarato enti, wɔtwee nʼaso.
9 雖然他從未行過強暴,他口中也從未出過謊言,人們仍把他與歹徒同埋,使他同作惡的人同葬。
Wɔyɛɛ ne damena wɔ abɔnefoɔ mu, na ne wuo mu, wɔde no too adefoɔ mu ɛwom sɛ wanyɛ akakabensɛm biara, na obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.
10 上主的旨意是要苦難折磨他;當他犧牲了自己的性命,作了贖過祭時,他要看見他的後輩延年益壽,上主的旨意也藉他的手得以實現。
Nanso ɛyɛɛ Awurade pɛ sɛ ɔbɛdwerɛ no ama no ahunu amane. Mpo ɔde ne nkwa ayɛ afɔdie afɔrebɔdeɛ. Ɔbɛhunu nʼasefoɔ na ne nna bɛware, na Awurade pɛ bɛkɔ so wɔ ne nsam.
11 在他受盡了痛苦之後,他要看見光明,並因自己的經歷而滿足;我正義的僕人要使多人成義,因為他承擔了他們的罪過。
Ne kra amanehunu akyi, ɔbɛhunu nkwa hann, na ne bo atɔ ne yam; na ne suahunu mu, me ɔsomfoɔ teneneeni no bɛbu bebree bem, na wasoa wɔn amumuyɛ.
12 為此,我把大眾賜與他作報酬,他獲得了無數的人作為獵物;因為他為了承擔大眾的罪過,作罪犯的中保,犧牲了自己的性命,至於死亡,被列於罪犯之中。
Enti mɛma no kyɛfa wɔ akɛsefoɔ mu, na ɔne ahoɔdenfoɔ bɛkyɛ asadeɛ ɛfiri sɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owuo, na wɔkan no fraa mmaratofoɔ. Ɔsoaa nnipa bebree bɔne, na ɔdi maa mmaratofoɔ.