< 以賽亞書 51 >
1 你們追求正義,尋覓上主的人,請聽我說:你們又細察那巖石,你們是從那上邊鑿下來的;要細察那石穴,你們是從那裏挖出來的。
“Montie me, mo a mopɛ tenenee akyiri kwan; na mohwehwɛ Awurade; Monhwɛ ɔbotan a wɔtwaa mo firii mu no ne abopaebea a wɔtuu mo firii hɔ no;
2 你們要細察你們的父親亞巴郎和產生你們的撒辣,因為當我召叫他時,只有他一人,但我祝福了他,使他繁盛。
Monhwɛ Abraham mo agya, ne Sara a ɔwoo mo no. Ɛberɛ a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofoɔ, na mehyiraa no maa nʼase trɛeɛ.
3 的確,上主必要憐憫熙雍,憐憫她所有的廢墟,使她的荒野成為伊甸,使她的沙漠變為上主的樂園,其中必有歡樂和愉快,歌頌和絃樂之聲。
Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa ara na ne yam bɛhyehye no wɔ ne mmubuiɛ no ho; ɔbɛyɛ nʼanweatam ahodoɔ sɛ Eden, nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ Awurade turo. Wɔbɛhunu anigyeɛ ne ahosɛpɛ, aseda ne nnwontoɔ wɔ ne mu.
4 萬民啊!請傾聽我;萬邦啊!請側耳聽我:法律將由我而出,我的正義要作為萬民的光明。
“Montie me, me nkurɔfoɔ; monyɛ aso mma me, me ɔman: Mmara no bɛfiri me nkyɛn akɔ; na mʼatɛntenenee bɛyɛ hann ama aman no.
5 我的正義要迅速降臨,我的救恩業已出現,我的手臂要掌管萬民;諸島嶼都仰望我,依賴我的手臂。
Me tenenee reba ntɛm so, me nkwagyeɛ nam ɛkwan so, na mʼabasa de atɛntenenee bɛbrɛ aman no. Nsupɔ no bɛhwehwɛ me na wɔde anidasoɔ bɛtwɛn mʼabasa.
6 你們仰觀諸天,俯察大地:縱然諸天將如煙雲消散,大地要像衣服破舊,地上的居民要如蚊子死去,然而我的救恩永遠常存,我的正義決不廢除。
Mompagya mo ani nhwɛ ɔsorosoro, monhwɛ asase wɔ fam; ɔsorosoro bɛtu ayera sɛ wisie na asase bɛtete sɛ atadeɛ na wɔn a wɔte so bɛwuwu sɛ nwansena. Nanso me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, me tenenee to rentwa da.
7 你們認識正義,心懷法律的人民,請聽我說:不要怕人家的侮辱,對他們的嘲笑也不必驚恐;
“Montie me, mo a monim deɛ ɛteneɛ, mo a me mmara wɔ mo akoma mu: Monnsuro nnipa animka anaa momma wɔn ahohora ntu mo bo.
8 因為他們必如衣服一樣,為蠹蟲所吃掉;如羊毛一樣,為衣魚所吃掉;然而我的正義永遠常存,我的救恩直到萬世。
Na nweweboa bɛwe wɔn te sɛ deɛ wɔwe atadeɛ; ɔsonsono bɛsɛe wɔn te sɛ deɛ wɔsɛe kuntu. Nanso me tenenee bɛtena hɔ daa me nkwagyeɛ bɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.”
9 上主的手臂!醒來,醒來!施展威能罷!醒來有如在古時古代一樣。不是你斬了辣哈布,刺殺了巨龍嗎﹖
Nyane, nyane! Ao Awurade basa hyɛ ahoɔden aduradeɛ; nyane te sɛ nna a atwam no, te sɛ tete awoɔ ntoatoasoɔ mu no. Ɛnyɛ wo na wotwitwaa Rahab mu asinasini no, na wohwiree asuboa kɛseɛ no mu no?
10 不是你令海令大洋的水涸竭了嗎﹖不是你使海底變為大路,叫蒙救的人走過嗎﹖
Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ, nsubunu mu nsuo no, deɛ ɔpaee ɛkwan wɔ ɛpo bunu mu no sɛdeɛ wɔn a wɔagye wɔn no bɛtumi atwa?
11 上主所解救的人必要歸來,快樂地來到熙雍,永久的歡樂將臨於他們頭上;他們將享盡歡欣與快樂,憂愁與悲哀必將遠遁。
Wɔn a Awurade apata ama wɔn bɛsane aba. Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion; anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotire, anigyeɛ ne ahosɛpɛ bɛboro wɔn so, awerɛhoɔ ne apinisie bɛtu ayera.
12 是我,是我親自安慰了你,你怎麼還怕那有死的人,怕那命如草芥的人子呢﹖
“Me, me ara, mene wo werɛ kyekyefoɔ. Hwan ne wo a wosuro ɔdasani, nnipa mma a wɔyɛ ɛserɛ yi.
13 你怎麼竟忘記了那創造你,展開諸天,奠定大地的上主,而終日不斷對那壓迫你,決意要消滅你的人的狂怒恐怖呢﹖如今壓迫你者的狂怒在那裏呢﹖
Na wo werɛ afiri Awurade, wo yɛfoɔ, deɛ ɔtrɛɛ ɔsorosoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no? Wobɛkɔ so ara asuro ɔhyɛsoni no abufuo? Wobɛkɔ so ara asuro deɛ ɔde ɔsɛeɛ asi nʼani so no anaa? Na ɔhyɛsoni no abufuo wɔ he?
14 囚禁的人即將釋放,不致死於深坑,他的口糧也不會缺乏。
Ɛrenkyɛre, wɔbɛgyaa nneduafoɔ ahufoɔ no; wɔrenwuwu wɔ afiase amena mu, na aduane remmɔ wɔn.
15 我是上主你的天主,即那攪動海洋使浪濤澎湃的,他的名字是「萬軍的上主。」
Na mene Awurade, wo Onyankopɔn deɛ ɔhwanyane ɛpo, ma nʼasorɔkye woro so. Asafo Awurade, ne ne din.
16 是我把我的話放在你的口中,將你掩護在我的手蔭之下;是我展開了諸天,奠定了大地,並給熙雍說:「你是我的百姓。」
Mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu, na mede me nsa ase nwunu akata wo so. Me a mede ɔsorosoro sii hɔ na mehyɛɛ asase ase na meka kyerɛ Sion sɛ, ‘Moyɛ me nkurɔfoɔ.’”
17 起來,起來!耶路撒冷!立起來!你這由上主手中飲了他震怒之杯,啜盡了那麻醉爵中渣滓的!
Nyane, nyane! Sɔre, Ao, Yerusalem! Wo a wanom afiri Awurade nsam nʼabufuo kuruwa no, wo a wanom apɔɔdɔ mu nsã atu puo deɛ ɛma nnipa tɔ ntintan no.
18 她所生的兒子中沒有一個來引領她的,她養大的兒子中沒有一個來扶持她手的。
Wo mma a wowoo wɔn nyinaa mu obiara nni hɔ a ɔkyerɛ wo ɛkwan; mmammarima a wotetee wɔn nyinaa mu obiara nni hɔ a ɔsɔ wo nsa mu.
19 這兩件事臨到了你身上,有誰哀憐你呢﹖就是荒涼與滅亡,饑饉與兵燹,有誰安慰你呢﹖
Saa ɔhaw prenu yi aba wo so, hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ? Mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne akofena, hwan na ɔbɛhyɛ wo den?
20 你的兒子昏迷不醒,躺在街頭,像陷入羅網的羚羊;他們還飽嘗了上主的憤怒,受盡了你的天主的恐嚇。
Wo mma atotɔ baha; wɔdeda mmɔntene so baabiara, te sɛ ɔtwe a afidie ayi no. Awurade abufuo aba wɔn so wo Onyankopɔn animka no.
21 為此,你這受苦難的,非因酒而醉倒的,請聽這事!
Enti tie yei, wo a worehunu amaneɛ waboro, na nso ɛnyɛ nsã na aboro woɔ.
22 你的主宰上主,為自己的人民辯護的天主,這樣說:「看!我已從你手中取回了那麻醉的杯,我憤怒的爵,你必不再喝,
Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, wo Onyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfoɔ ho ban seɛ: “Hwɛ, magye afiri wo nsa mu kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no kuruwa a ɛyɛ mʼabufuo pɔɔdɔ no, worennom bio.
23 我將此杯放在壓迫你者的手中,就是曾對你說:「躺下來!讓我們走過去!」你便使你的背脊作為平地,作為街道,任他們走過去的那些人。
Mede bɛhyɛ wɔn a wɔha mo no nsa mu, wɔn a wɔka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Butu fam na yɛnnante wo so.’ Na wode wʼakyi yɛɛ fam te sɛ abɔntene a wɔnante so.”