< 以賽亞書 5 >
1 我要為我的愛友謳唱一首論及他葡萄園的愛歌:我的愛友有一座葡萄園,位於肥沃的山岡上;
Mɛto dwom ama me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho: Na me dɔfo wɔ bobe turo bi wɔ asasebere bi a ɛda bepɔw ani.
2 他翻掘了土地,除去了石塊,栽上了精選的葡萄樹,園中築了一座守望台,又鑿了一個榨酒池:原希望它結好葡萄,它反倒結了野葡萄。
Ofuntum asase no, yiyii mu abo, na oduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so. Osii ɔwɛn aban wɔ mfimfini na otuu nsakyiamoa nso. Afei ɔhwɛɛ anim sɛ obetwa bobe aba pa, nanso ɛsow aba bɔne.
3 耶路撒冷的居民和猶大人啊!現在請你們在我與我葡萄園之間,判別是非:
“Afei mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima, mummu me ne me bobeturo ntam atɛn.
4 我為我的葡萄園所能做的,還有什麼沒有做到﹖我原希望它結好葡萄,為什麼卻結了野葡萄﹖
Dɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobeturo boro nea mayɛ yi so? Bere a merehwɛ anim sɛ minya bobe a eye no adɛn nti na ɛsow aba bɔne?
5 現在我要告訴你們,我將怎樣對待我的葡萄園:我必撤去它的籬笆,讓它被吞噬;拆毀它的圍牆,讓它受踐踏;
Afei mɛka nea merebɛyɛ me bobeturo no akyerɛ wo: Meyi ho ban no afi hɔ, na wɔbɛsɛe no; mebubu ho ɔfasu, na wobetiatia so.
6 我要使他變成荒地,不再修剪,不再耕鋤,荊棘和蒺藜將叢叢而生;並且我要命令雲彩不再在它上降下時雨。
Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma, ohwirem ne nsɔe benyin wɔ so. Mɛhyɛ omununkum na wantɔ osu angu so.”
7 萬軍上主的葡萄園就是以色列家,而猶大人即是他鍾愛的幼苗。他原希望正義,看,竟是流血;他原希望公平,看,卻是冤聲!
Asafo Awurade bobeturo no yɛ Israelfi, na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho. Ɔpɛɛ atɛntrenee nanso ohuu mogyahwiegu; ɔpɛɛ trenee nanso ɔtee mmɔborɔsu.
8 禍哉,你們這些使房屋毗連房屋,田地接連田地,而只讓你們自己單獨住在那地域內的人!
Nnome nka mo a mode ofi ka ofi ho na mugyigye mfuw bobɔ so kosi sɛ asase no bɛsa na ɛka mo nko ara wɔ asase no so.
9 萬軍的上主在我耳邊宣誓說:那許多房屋必將成為廢墟;巍峨華麗的,必無人居住;
Asafo Awurade apae mu aka ama mate: “Nokwarem, afi akɛse no bɛda mpan, na aban afɛɛfɛ no, obiara rentena mu.
10 十畝葡萄園將只出一「巴特」酒,一「曷默爾」種子,只出一「厄法」穀。
Bobeturo kɛse pa ara no nsa kakraa bi na ebefi mu. Aba lita aduonu baako a wodua no wobenya so lita aduonu abien pɛ.”
11 禍哉,那些早晨一起來即追求烈酒,留連至深夜,飲至酒酣耳熱的人!
Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kɔhwehwɛ wɔn nsa akyi kwan wɔn a wosii pɛ anadwo kosi sɛ nsa bɛbow wɔn.
12 在他們的宴會上只有琴、瑟、手鼓、管笛和酒。卻沒有人注視上主的作為,沒有人留意他手中的工作:
Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn aponto ase, akasae, ne atɛntɛbɛn ne nsa, nanso wotwiri nea Awurade ayɛ, na wommu ne nsa ano adwuma.
13 因此,我的百姓必因無知而被放逐,顯貴必將餓得要死,民眾必將渴得要命。
Ɛno nti, me nkurɔfo bɛkɔ nnommum mu, efisɛ wonni ntease; ɔkɔm bekum wɔn mu atitiriw na osukɔm betware wɔn mu bebree.
14 為此,陰府張大了咽喉,敞開了無限的大口,顯貴、群眾以及那些喧嘩宴樂的人,都要落在裏面。 (Sheol )
Enti Owu bae nʼabogye mu na obue nʼanom bayaa; na mu na atitiriw ne dɔm no bɛkɔ wɔne wɔn a wɔsaw na wogye wɔn ani no. (Sheol )
15 人必將屈服,人必被抑制,目空一切的人必低首下心。
Enti wɔbɛbrɛ onipa ase na wama adesamma abotow. Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
16 萬軍的上主必因正義而受尊崇,至聖的天主必因公平而顯為聖。
nanso Asafo Awurade atɛntrenee bɛma no so, na Ɔkronkron Nyankopɔn de ne trenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.
17 羔羊要在那裏吃草,有如在自己的草場上;肥羊要在荒田裏吃草。
Afei nguan bɛkɔ adidi te sɛnea wɔwɔ wɔn adidibea; nguantenmma bedidi wɔ asikafo amamfo so.
18 禍哉,那些用牛犢的韁繩引來邪惡,用牛車的繩索勾出罪孽的人,
Munnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne, na mode nteaseɛnam ntampehama twetwe amumɔyɛ.
19 和那些說:「願他趕快,迅速完成他的工作,好使我們看看;願以色列聖者的決策盡速執行,好使我們知道」的人!
Munnue, mo a moka se, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm, ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm sɛnea yebehu. Ma ɛmmɛn, Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛe no mmra, sɛnea yebehu.”
20 禍哉,那些稱惡為善,稱善為惡;以暗為光,以光為暗;以苦為甘,以甘為苦的人!
Munnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa na papa nso sɛ bɔne, mo a mode sum si hann anan mu na hann si sum anan mu, mo a mofrɛ nweenwen se dɛɛdɛ ne dɛɛdɛ se nweenwen.
Munnue, mo a mubu mo ho anyansafo, mo ankasa ani so ne anitewfo mo ankasa ani so.
Munnue mo a wɔfrɛ mo akatakyi wɔ nsanom mu ne ahoɔdenfo wɔ nsa afrafra mu.
Mo a mugye adanmude, na mugyaa nea odi fɔ na mubu nea odi bem no fɔ.
24 因此,他們必如捲入火舌中的禾湝,焚於烈燄中的枯草;他們的根必要糜爛,他們的嫩芽必要如塵埃般的飛揚,因為他們拋棄了萬軍上主的教導,藐視了以色列聖者的訓誨。
Enti sɛnea ogyaframa hyew nwuraguanee na sare a awo yera wɔ ogyaframa mu no, saa ara na mo ntin bɛporɔw, na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfutuma; efisɛ moapo Asafo Awurade mmara na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.
25 為此,上主向自己的百姓大發雷霆,伸出自己的手來打擊他們;其時,山嶽為之震撼,他們的屍體,有如街道上的糞土。然而他的震怒並未因此而息滅,他的手仍然伸著。
Enti Awurade abufuw aba ne nkurɔfo so, wama ne nsa so, na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam. Mmepɔw no wosow, na afunu ayɛ sɛ mmɔnten so nwura. Nanso eyi nyinaa akyi, ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
26 上主要向遠方的異民豎起一面旗幟,好由大地的四極號召他們,看,他們將疾趨前來。
Ɔma frankaa so ma akyirikyiri aman, ɔhyɛn abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano. Wɔn na wɔreba no, afrɛ so ne ntɛm so!
27 他們中沒有疲倦的,沒有仆倒的;沒有打盹的,沒有睡覺的;他們的腰帶沒有鬆解,他們的鞋帶也沒有折斷;
Wɔn mu biara mmmrɛ na onhintiw, obiara ntɔ nko na ɔnna; abɔso biara mu nnwow wɔ asen mu na mpaboa hama biara nso rentew.
28 他們的箭矢銳利,他們的弓弩全已張開;他們的馬蹄好似火石,他們的車輪有如旋風;
Wɔn agyan ano yɛ nnam, na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado; wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ ɔtwɛrebo, wɔn nteaseɛnam nkyimii te sɛ mfɛtɛ.
29 他們怒吼有如母獅,吼叫有如幼獅;他們咆哮攫食,攜之而去,無人予以挽救。
Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata de, na wɔbobɔ mu sɛ gyatamma; wɔbobɔ mu kyere wɔn hanam na wɔde no kɔ a ogyefo biara nni hɔ.
30 那一日,他們必如海嘯般向這民族怒號。人若注視大地,看,盡是黑暗痛苦;光明遮蔽在密雲中,成了晦暗。
Da no wɔbɛbobɔ mu agu no so sɛnea po woro so no. Na sɛ obi hwɛ asase no a, obehu sum kabii ne ahohiahia; omununkum bɛma hann aduru sum.