< 以賽亞書 26 >

1 那一天,猶大地要詠唱這首歌曲:「我們有座堅城,以救援作城牆與外郭。
Saa da no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so: Yɛwɔ kuropɔn dennen; Onyankopɔn de nkwagye ayɛ nʼafasu ne ne hankare a ɛkorɔn.
2 你們打開城門,好讓遵守信實的正義民族進去。
Mummuebue apon no na atreneefo man no nhyɛn mu, ɔman nokwafo no.
3 你的意志堅定,因而你保全了永久的和平,故此人對你有信賴。
Wobɛkora no so asomdwoe mu nea wasi nʼadwene pi, efisɛ ɔde ne ho to wo so.
4 你們應永遠信賴上主,因為上主是永固的磐石。
Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ, efisɛ, Awurade, Awurade yɛ daa Botan.
5 他曾屈服了居高位的人,推翻了高聳的城市,將她推翻在地,使她粉碎,化為塵埃。
Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase, na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase; obubu gu fam pasaa ma ɛda mfutuma mu.
6 踐踏她的,卻是困苦人的腳,是貧窮人的腳。」
Anammɔn tiatia so, wɔn a wɔhyɛ wɔn so anammɔn ahiafo anammɔntu.
7 義人的道路是正直的,你上主啊,削平了正直人的途徑。
Ɔtreneeni kwan so yɛ tamaa; wo, Ɔnokwafo, woma ɔtreneeni kwan so yɛ trontrom.
8 的確,上主!我們在你正義的路上期待你!你的名號,你的記念,是我們心靈的欲望。
Yiw, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi, yɛretwɛn wo; na wo din ne ne kɛseyɛ yɛ nea yɛn koma pɛ.
9 我們的心靈在夜間渴望你,我們的心神在清晨尋覓你,因為當你的決斷顯於大地時,世上的居民都要學習正義。
Me kra pere hwehwɛ wo anadwo; anɔpa nso me honhom ani gyina wo. Sɛ wʼatemmu ba asase yi so a, nnipa a wɔwɔ wiase sua treneeyɛ.
10 惡人雖然蒙受了憐憫,仍然不學習正義,在世上依然顛倒是非,毫不顧及上主的威嚴。
Ɛwɔ mu sɛ wuyi adom adi kyerɛ amumɔyɛfo de, nanso wonsua treneeyɛ; na mpo atreneefo asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne na wommu Awurade kɛseyɛ.
11 上主!你的手雖已高舉,但他們仍看不見;願他們見到你對百姓的熱忱而感到慚愧;並願你為你仇敵所保留的烈火吞滅他們!
Ao Awurade, wɔama wo nsa so kɔ soro, nanso wonhu. Ma wonhu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfo ho na ɛnhyɛ wɔn aniwu; ma ogya a wɔasɔ ama wʼatamfo no nhyew wɔn.
12 上主!是你賜與了我們和平,因為凡我們所做的,都是你為我們成就的!
Awurade, woama yɛn asomdwoe; nea yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.
13 上主,我們的天主!除你以外,還有別的主宰治理過我們;然而我們所稱揚的,只有你,你的名號。
Awurade yɛn Nyankopɔn, awuranom afoforo bi adi yɛn so, nanso wo din nko ara na yɛ kamfo.
14 死去的人不會再活,幽魂也不會復生,因為你如此懲罰了,並消滅了他們,使他們所有的記念盡被遺忘。
Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio; ahonhom a wɔafi mu no wɔrensɔre. Wotwee wɔn aso na wosɛee wɔn wɔama yɛn werɛ afi wɔn.
15 你增加了本國的人民,上主,你增加了本國的人民,你得了光榮,你拓展了國家所有的邊界。
Woama ɔman no ayɛ kɛse, Awurade; woama ɔman no ayɛ kɛse; woahyɛ wo ho anuonyam; woatrɛtrɛw asase no ahye nyinaa mu.
16 上主 !我們在困難之中尋求了你,我們在壓迫之中呼求了你,因為那是你對我們的懲罰。
Awurade, wofi ahohia mu baa wo nkyɛn; bere a wotwee wɔn aso no, na wontumi mmue wɔn ano mpo mmɔ mpae.
17 有如懷妊臨產的婦女,在苦痛中痙攣呻吟;同樣,上主!我們在你面前也是如此:
Sɛnea ɔpemfo a awo aka no fi ɔyaw mu bukabukaw ne mu na osu no, saa ara na yɛyɛe wɔ wʼanim, Awurade.
18 我們也像懷妊痙攣;然而所產的竟是風,沒有給大地帶來救恩,世界的居民也未因此而得生。
Yenyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyaw mu nanso yɛwoo mframa. Yɛamfa nkwagye amma asase so; wɔanwo nnipa amma asase so.
19 你的亡者將再生,他們的屍體將要起立;睡在塵埃中的人們都要甦醒歌詠,因為你的朝露是晶瑩的朝露,大地將拋出幽靈。
Nanso wʼawufo benya nkwa; wɔn nipadua bɛsɔre. Ma wɔn a wɔtete mfutuma mu no, nsɔre mfa anigye nteɛ mu. Mo bosu te sɛ anɔpa bosu; asase beyi nʼafunu apue.
20 我的百姓!去,進入你的內室,關上門,隱藏片刻,等待盛怒過去。
Monkɔ, me nkurɔfo, monhyɛnhyɛn mo adan mu na montoto apon no mu; momfa mo ho nsie bere tiaa bi kosi sɛ nʼabufuwhyew ano bedwo.
21 因為,看哪!上主已由自己的地方出來懲罰大地居民的罪惡,大地要暴露自己吞下的鮮血,不再遮掩被殺的人。
Hwɛ, Awurade refi nʼatenae abɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho. Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so no adi; ɔrentumi mfa nʼatɔfo nsie bio.

< 以賽亞書 26 >