< 以賽亞書 14 >
1 上主必要憐恤雅各伯,再揀選以色列,使他們安居在自己的國土;外方人要與他們聯合,加入雅各伯的家族。
Awurade behu Yakob mmɔbɔ; ɔbɛsan afa Israel na ɔbɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn ankasa asase so. Ananafo bɛba abɛka wɔn ho na wɔne Yakobfi aka abɔ mu.
2 選民要接受他們,要帶領他們回歸故里;以色列家族,在上主的國土內,要佔有他們為奴婢;於是以色列人要俘擄那俘擄過他們的人,要統治壓迫他們的人。
Amanaman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn ankasa atenae. Na Israelfi bɛfa amanaman no ayɛ wɔn de sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so. Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfo no nnommum na wobedi wɔn sohwɛfo so.
3 當上主賜你擺脫困苦、憂患和你受的苦役時,那天,
Na da a Awurade bɛma mo ɔhome afi amanehunu, ahoyeraw ne nkoasom dennen mu no,
4 你要對巴比倫王高唱這首諷刺詩說:怎麼,暴虐者住手了!強橫止息了!
mubedi Babiloniahene ho fɛw se: hwɛ sɛnea sohyɛfo no aba nʼawie! ne sɛnea nʼabufuw nso to atwa!
Awurade abubu otirimɔdenfo no abaa mu, sodifo ahempema no,
6 就是那懷著怒氣,三番五次痛擊過萬民,在忿恨中以無情的殘虐,蹂躪過萬邦的棍杖。
nea abufuw mu no ɔde bobɔɔ wɔn toatoaa so hwehwee fam, na abufuwhyew mu otintim wɔn so a ahomegye nni mu de brɛɛ amanaman no ase no.
Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoe mu; na wɔto dwom.
8 連松樹和黎巴嫩的香柏也都因你而喜慶:「自從你仆倒後,再沒有誰上我們這裏來砍伐!」
Mpo, ɔpepaw nnua ne Lebanon sida nya ho anigye na wɔka se, “Afei a wɔabrɛ wo ase yi, duatwafo biara remmetwa yɛn.”
9 地下的陰府為了你而激動,為歡迎你的來臨;並為了你,喚醒幽魂及地上所有的貴卿,使列國的君王由自己的寶座上起立; (Sheol )
Awufo nna a ɛwɔ ase no rekeka ne ho abehyia wo kwan; ɛkanyan wɔn a wɔafi mu no honhom sɛ wɔmmɛma wo akwaaba, wɔn a na wɔyɛ akannifo wɔ wiase ɛma wɔsɔre fi wɔn nhengua so, wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so. (Sheol )
10 眾人都開口對你說:「連你也衰弱得和我們一樣啊!你也與我們相同啊!」
Wɔn nyinaa begye so, wɔbɛka akyerɛ wo se, “Wo nso woayɛ mmerɛw sɛ yɛn; woayɛ sɛ yɛn ara.”
11 你的豪華,你琴瑟的樂聲,也墮入了陰府;你下面舖的是蛆,上面蓋的是蟲。 (Sheol )
Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba ɔda mu, ne huuyɛ a efi wo asanku no; wɔde nsaammoa asɛw kɛtɛ ama wo na asunson akata wo so. (Sheol )
12 朝霞的兒子--晨星!你怎會從天墜下﹖傾覆萬邦者!你怎麼也被砍倒在地﹖
Sɛnea wufi ɔsoro abɛhwe fam, anɔpa nsoromma, adekyee babarima! Wɔato wo abɛhwe asase so, wo a na kan no wobrɛ amanaman ase!
13 你心中曾說過:「我要直沖霄漢,高置我的御座在天主的星宿以上;我要坐在盛會的山上,極北之處;
Wokaa no wo koma mu se, “Mɛforo akɔ ɔsoro; mɛma mʼahengua so asi Onyankopɔn nsoromma atifi; mɛtena ase adi hene wɔ ahyiae bepɔw so, nea ɛkorɔn pa ara wɔ bepɔw kronkron no so.
Mɛforo atra omununkum atifi; mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.”
15 然而你卻下到了陰府,深淵的極處。 (Sheol )
Nanso wɔde wo abɛto ɔda mu, amoa donkudonku ase tɔnn. (Sheol )
16 看見你的,必注視你,仔細端詳你說:「這不是那使大地戰慄,列國動盪,
Wɔn a wuhu wo no hwɛ wo haw, wodwen nea ato wo no ho bisa se, “Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosow asase na ɔmaa ahenni ho popoe,
17 化世界為荒野,摧毀城邑,不為俘囚開放監獄的人嗎﹖」
ɔbarima a ɔmaa wiase dan nweatam, nea ɔdan ne nkuropɔn butuwii na wamma ne nneduafo ankɔ wɔn nkyi no ni?”
18 萬邦的君王都在榮耀中安葬,各在自己的陰宅裏;
Amanaman ahemfo no nyinaa wɔadeda wɔn obiara wɔ ne da mu.
19 但是你卻被拋於墳外,像一個叫人厭惡的流產胎兒,為刀箭殺戮的死者所掩蓋,有如遭踐踏的死屍。連那些被拋在石坑裏的,
Nanso wɔapam wo afi wo da mu te sɛ dubaa a wɔapo; wɔde wɔn a wɔatotɔ akata wo so, wɔn a wɔtɔɔ wɔ afoa ano, wɔn a wosian kɔ abo amoa mu, te sɛ funu a wɔatiatia so,
20 你也不得與他們一同埋葬,因為你破壞了你的國土,殘殺了你的人民:惡人的後代永不為人所提念。
Wɔrensie wo nka wɔn ho, efisɛ woasɛe wʼasase na wakunkum wo nkurɔfo. Otirimɔdenfo asefo no wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼade sɛ ɔhene.
21 你們應為他們的兒子準備屠場,因為他們的父親有了罪孽;他們決不能再興起,佔據大地,而使地面滿是荒涼。
Siesie faako a wobekunkum ne mmabarima wɔ wɔn agyanom bɔne nti; ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so na wɔde wɔn nkuropɔn pete so.
22 我要起來攻擊他們--萬軍上主的斷語--我要抹去巴比倫的名號、遺民、後裔和子孫--上主的斷語。
“Mɛsɔre atia wɔn,” Sɛnea Asafo Awurade se ni. “Metwa ne din ne ne nkae, ne mma ne ne nenanom afi Babilonia ho,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
23 我要使她成為刺蝟的領土和池沼,我以毀滅的掃帚將她掃淨--萬軍上主的斷語。
“Mɛdan no ayɛ faako a mpatu wɔ ne ɔwora; mede ɔsɛeprae bɛpra no,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
24 萬軍的上主起誓說:「實在,我怎樣想,必怎樣實現;我怎樣計劃,必怎樣成功:
Asafo Awurade aka ntam se, “Nokware, sɛnea mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ, na sɛnea masusuw no, ɛrensesa.
25 我要在我的國土內粉碎亞述,在我的山嶺上將她踐踏;她的重擔必要由他們肩上卸下。」
Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so; metiatia no so me mmepɔw so. Obeyi ne konnua afi me nkurɔfo so, na nʼadesoa nso afi wɔn so.”
26 這是對全地所決定的計劃,這是向萬邦所伸展的手臂,
Eyi ne nhyehyɛe a wɔayɛ ama wiase nyinaa; eyi ne nsa a wɔateɛ wɔ aman nyinaa so.
27 因為萬軍的上主已決定,誰能阻止﹖他的手已伸出,誰能使它收回﹖
Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hena na obesiw no kwan? Na sɛ wateɛ ne nsa, hena na obesianka no?
Saa adehu yi baa afe a ɔhene Ahas wui no:
29 全體培肋舍特啊! 你不要因為打擊你的棍棒折斷了就喜悅,因為由蛇的根子將生出毒蝮,而牠的子息必是飛龍。
Munnni ahurusi, mo Filistifo, sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu; saa ɔwɔ no ase na ahurutoa befi aba, na nʼaba bɛyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare na nʼano wɔ bɔre.
30 貧苦的人在我的牧場上必得飼養,窮困的人要泰然安息;但是我要以饑荒餓死你的餘生,殺絕你的遺民。
Ahiafo mu hiani benya didibea, na mmɔborɔni bɛda asomdwoe mu. Nanso wʼasefo de, mede ɔkɔm bɛtɔre wɔn ase; ebekunkum wo nkae no.
31 門啊! 哀號罷!城啊!悲鳴罷!全體培肋舍特啊!戰慄罷!因為有煙從北而來,在她的隊伍中沒有落伍者。」
Twa adwo, kurow pon! Su teɛ mu kuropɔn! munguan, mo Filistifo! Wusiw kumɔnn bi fi atifi fam reba, na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu.
32 然而要怎樣答覆外邦的使者﹖「上主建立了熙雍,使他民族中的憂患者,在那裏獲得保護。」
Mmuae bɛn na wɔde bɛma saa ɔman no ananmusifo? “Awurade de Sion atim hɔ, ne mu na nʼamanehunufo benya guankɔbea.”