< 何西阿書 1 >

1 [前編:歐瑟亞結婚的意義]一:烏齊雅、約堂、[阿哈次和希則克亞]為猶大王,約阿士的兒子雅洛貝罕為以色列王時,上主有話傳給貝厄黎的兒子歐瑟亞。
Bere a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di hene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.
2 上主開始藉歐瑟亞發言時,上主對歐瑟亞說:「你去娶一個娼婦為妻,讓她生淫亂的子女,因為此地淫亂放蕩,背離了上主。」
Bere a Awurade dii kan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔware oguamanfo, na wo ne no nwo, efisɛ ɔman no di aguamammɔ ho fɔ na wɔnam so atetew wɔne Onyankopɔn ntam.”
3 歐瑟亞便去娶了狄布拉因的女兒默爾為妻;她懷孕,給他生了一個兒子。
Enti, ɔwaree Diblaim babea Gomer, na onyinsɛn woo ɔbabarima maa no.
4 上主對歐瑟亞說:「你要給他起名叫依次勒耳,因為過不久,我要向耶胡家追討依次勒耳的血債,要消滅以色列家的王室。
Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “To ne din Yesreel, efisɛ, merebɛtwe ɔhene Yehufi aso, de atua awu a odii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahenni bɛba awiei.
5 到那一天,我必要在依次勒耳山谷折斷以色列的弓。」
Saa da no, mebubu Israel tadua wɔ Yesreel bon no mu.”
6 哥默爾再懷孕,生了一個女兒,上主對歐瑟亞說:「你要給她起名叫羅魯阿瑪 (不受愛憐者,) 因為我不再愛憐以色列家,以致我不再寬宥他們。
Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea se, “To ne din Lo-ruhama efisɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfo bio, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn koraa.
7 但我要愛憐猶大家族,要拯救他們,因為我上主是他們的天主;但是我不以弓、弩、刀劍、戰爭、戰馬和騎士拯救他們。
Nanso meyi me dɔ akyerɛ Yudafo. Me Awurade wɔn Nyankopɔn, mede me tumi begye wɔn afi wɔn atamfo nsam a meremfa tadua, afoa anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo.”
8 羅魯阿瑪斷奶之後,哥默爾又懷孕,生了一個兒子。
Bere a Gomer twaa Lo-ruhama nufu akyi no, ɔwoo ɔba barima foforo.
9 上主說:「你給他起名叫羅阿米 (非我人民),因為你們已不是我的人民,我已也不是你們的的上主。」
Na Awurade kae se, “To ne din Lo-ami, efisɛ monnyɛ me nkurɔfo na mennyɛ mo Nyankopɔn.
10 以色列子民的數目將如海邊的沙粒,不可斗量,不可勝數;在那裏人曾對他們說:「你們不是我的人民。」在那裏人也要對他們說:「你們是永生天主的人民。」
“Nanso Israelfo bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan wɔn. Faako a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, wɔbɛka se, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefo no mma.’
11 猶大子民和以色列子民將在一起,要為自己選定一個首領;他們要由此地擴展,因為依次勒耳的日子要成為偉大的。
Na Yudafo ne Israelfo bɛka abɔ mu bio, na wobeyi ɔkwankyerɛfo baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsan afi nnommum no mu aba. Saa da no bɛyɛ da kɛse ama Yesreel.”

< 何西阿書 1 >