< 何西阿書 4 >
1 [後編:以色列的罪惡和懲罰]四:以色列子民,請聽上主的話! 因為上主譴責此地的居民:因為此地沒有誠實,沒有仁愛,沒有人認識天主;
Montie Awurade asɛm, mo Israelfoɔ ɛfiri sɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ mo a mote asase no so: “Nokorɛ, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.
2 只有詛咒、謊言、殺戳、偷竊、姦淫、強暴和纍纍的血案。
Nnome nko ara, atorɔtwa ne awudie, korɔnobɔ, ne awaresɛeɛ na moyɛ ma ɛtra so, na mogyahwiegu ba ntoasoɔ ntoasoɔ.
3 因此,此地必要荒廢;凡住在這地上的,甚至田間的野獸和天空的飛鳥都要絕跡,連海中的魚類也要消滅。
Yei enti asase no di awerɛhoɔ na wɔn a ɛte so nyinaa wuwu; ewiram mmoa, ewiem nnomaa ne ɛpo mu nam rewuwu.
4 但是沒有人爭辯,也沒有人譴責! 司祭啊,我要與你爭辯!
“Mma obiara mmɔ kwaadu, mma obiara mmɔ ɔfoforɔ soboɔ. Na mmom, mo asɔfoɔ mo na me ne mo anya.
5 你白天黑夜跌倒,先知也同你一齊跌倒,你竟然使你的人民喪亡。
Mosunti awia ne anadwo, na adiyifoɔ no ne mo sunti. Ɛno enti mɛsɛe mo ɔman.
6 我的百姓因缺乏知識而滅亡;因為你拋棄了知識,我也要拋棄你,不讓你充當我的司祭;你既然忘卻了你的天主的法律,我也要忘記你的子孫。
Nimdeɛ a me nkurɔfoɔ nni enti wɔresɛe. “Sɛ moapo nimdeɛ enti, me nso mapo mo sɛ mʼasɔfoɔ; sɛ moabu moani agu mo Onyankopɔn mmara so enti, me nso mabu mʼani agu mo mma so.
7 司祭越增多,也越得罪我,竟以羞辱作為他們的光榮。
Asɔfoɔ no redɔɔso no na bɔne a ɛboro soɔ na wɔyɛ tia me. Wɔde wɔn Animuonyam asesa deɛ ɛyɛ animguaseɛ.
Wɔdidi me nkurɔfoɔ bɔne ho ɛno enti wɔn ani gye atirimuɔdensɛm ho.
9 由此百姓和司祭,一律看待:我將按他的行徑懲治他,對他的行為予以報復,
Sɛdeɛ nnipa no teɛ no, saa ara na asɔfoɔ no nso teɛ. Metwe wɔn mmienu aso wɔ wɔn akwan ho na matua wɔn wɔn nneyɛeɛ so ka.
10 好使他們吃,卻吃不飽,行淫而不能繁殖;因為他們捨棄了上主,縱慾,
“Wɔbɛdidi, nanso wɔremmee. Wɔbɛbɔ adwaman, nanso wɔrennɔre, ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade hɔ, de wɔn ho ama
adwamammɔ, nsã dada ne foforɔ, a ɛma me nkurɔfoɔ
12 我的人民求教於木偶,讓木杖啟示他;因為淫心迷往了他們,使他們行淫,遠開了他們的天主。
nteaseɛ tu yera. Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asene nkyɛn na duasin bi ama wɔn mmuaeɛ. Adwamammɔ honhom rema wɔn ayera ɛkwan; wɔnni wɔn Onyankopɔn nokorɛ.
13 在山頂上獻祭,在丘陵上、在橡樹、楊樹和篤耨香下焚香,在濃蔭下多麼愉快;因此你們的女兒行淫,你的兒媳犯姦。
Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ atifi na wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ nkokoɔ so: odum, duafufuo ne odupɔn ase, deɛ onwunu yɛ fɔmm hɔ. Ɛno enti, wo mmammaa dane adwamammɔfoɔ na mo nsenom mmaa nso yɛ awaresɛefoɔ.
14 但我卻不因你們的女兒行了淫,而懲罰她們,也不因你們的兒息媳犯了姦,而處罰她們;因為她們同蕩婦走往偏僻之處,又同廟妓一同獻祭:但無知的百姓卻因此而墮落!
“Merentwe mo mmammaa aso sɛ wɔadane adwamanfoɔ, anaa mo nsenom mmaa aso sɛ wɔasɛe awadeɛ. Ɛfiri sɛ, mo mmarima, mo nso mote saa ara. Mo ne baasifoɔ ne abosomfieso adwamanfoɔ di hwebom. Nnipa a wɔnni nteaseɛ bɛkɔ ɔsɛeɛ mu!
15 以色列,如果你行了淫,但願猶大不要陷於罪惡! 你們不要到基耳加耳去,不要上貝特阿文,也不要起誓願 2上主永在! 」
“Ɛwom sɛ woyɛ ɔwaresɛefoɔ deɛ, Ao Israel, nanso, mma Yuda nni ho fɔ. “Nkɔ Gilgal; na ɛmforo nkɔ Bet Awen. Na nnka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’
16 的確,以色列倔強,有如一頭倔強的母牛,那麼上主那能牧放他們,有如在廣闊的草場牧放羔羊﹖
Israelfoɔ yɛ asoɔdenfoɔ te sɛ, nantwie ba a ɔyɛ asowuiɛ ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so sɛ nnwammaa a wɔwɔ adidibea?
Efraim de ne ho abɔ ahoni; Gyaa no!
18 他們與醉客為伍,任意荒淫,喜愛羞恥勝於上主的光榮。
Sɛ wɔn nsã sa koraa a, wɔtoa wɔn adwamammɔ so; wɔn sodifoɔ ani gye aniwudeɛ ho yie.
19 暴風要伸展羽翼將他們捲去,他們必因自己的祭壇蒙受恥辱。
Ntwaho mframa bɛpra wɔn akɔ, na wɔn afɔrebɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wɔn.