< 何西阿書 2 >

1 你們稱呼你們的弟兄為「我的人民」吧! 稱呼你們的姊妹為「蒙受愛憐者」吧!
“Frɛ wo nuammarimanom ‘Me nkurɔfoɔ’ na frɛ wo nuammaanom ‘Mʼadɔfoɔ.’”
2 你們譴責你們的母親! 因為她不是我的妻子,我也不是她的丈夫;望她從自己的臉上除去自己的色相,從a勺胸間去掉淫亂,
“Ka wo maame anim, ka nʼanim, na ɔnnyɛ me yere na mennyɛ ne kunu. Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ adwaman anim no na ɔnnyae awaresɛeɛ a ɔde ne nufu yɛ no.
3 免得我剝去她的衣服,使她裸露,像她出生之日;使她相似曠野,使她有如旱地,叫她渴死。
Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntoma na wada adagya te sɛ ɛda a wɔwoo no; mɛma wayɛ sɛ anweatam, mɛdane no asase a awo wesee na mama osukɔm akum no.
4 至於她的子女,我也不愛憐,因為是由淫亂生的子女。
Merennɔ ne mma, ɛfiri sɛ wɔyɛ adwaman mma.
5 實在,他們的母親放蕩賣淫,那懷妊他們的,荒淫無恥,因為她曾說:我要追隨那些給我餅、水、羊毛、麻布、油和飲料的情人。
Wɔn maame anyɛ ɔnokwafoɔ na ɔnyinsɛnee wɔn wɔ animguaseɛ mu. Ɔkaa sɛ, ‘Mɛdi mʼadɔfoɔ akyi, wɔn a wɔma me aduane ne nsuo, ne kuntu ne nwera, ngo ne nsã.’
6 因此,看,我要以荊棘杜塞她的去路,築一道牆壁,使她尋不著她的途徑;
Yei enti, mede nkasɛɛ bɛsi no ɛkwan; mɛto ɔfasuo afa no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnhunu ɛkwan.
7 她要追隨她的情人,也追不上;要尋找他們,也尋不著。那時她要說:我願回去,回到我的前夫那裏去,因為那時為我比現在好得多。
Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn; ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn. Afei, ɔbɛka sɛ, ‘Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kane no, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.’
8 她不肯承認是我賜給了她五穀、美酒和油;反之她把我廣施給她的金銀,都獻給了巴耳;
Ɔnnkae sɛ me na memaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo, deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so ma wɔde kɔsom Baal no.
9 因此等時期一到,我必要奪回我的五穀;時機一來,我必要奪回我的美酒,受回我用以遮蔽她的毛衣和麻布;
“Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ, ne me nsã foforɔ no nso saa ara. Mɛgye me kuntu ne me nwera, a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no.
10 我要這樣在她情人們眼前揭露她的羞恥,誰也不能由我手中救出她來。
Enti afei mɛbɔ no adagya wɔ nʼadɔfoɔ anim; obiara rentumi nnye no mfiri me nsam.
11 我要使她的歡樂停止,她再沒有節日、安息日和一切的盛會。
Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so: nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛ Home Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa.
12 我要摧殘她的葡萄園和無花果園,因她曾說:「這就是我的情人給我的身價。」我必要使它們成為山林,叫野獸來吃盡。
Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua, deɛ ɔka sɛ nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no; mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ, ama wiram mmoa awe.
13 我要為了她敬拜巴耳的日子,懲罰她,就是她向他們燒香,以鼻環和項鍊修飾自己去追隨她的情人,而忘卻了我的的那些日子──上主的斷語。
Mɛtwe nʼaso wɔ nna a ɔhyee aduhwam maa Baal no ho; ɔde nkawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho, tu dii nʼadɔfoɔ akyi, medeɛ ne werɛ firii me,” deɛ Awurade seɛ nie.
14 為此,看,我要誘她,領她到曠野和她談心。
“Enti merekɔdaadaa no; mede no bɛkɔ anweatam so na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ.
15 從此我仍要將葡萄園賜給她,仍將阿苛爾山谷作為她的希望之門;她要上到那裏,就如她幼年時,就如她從埃及地上來的那一天一樣。
Mɛsane de ne bobe mfuo ama no. Mɛyɛ Akɔr bɔnhwa no, anidasoɔ ɛkwan. Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛdeɛ na ɔyɛ ne mmabunu berɛ mu no ne ɛberɛ a ɔfirii Misraim no.
16 到那一天──上主的斷語──她要稱呼我為「依士」(我的丈夫),不再稱呼我為「巴里」(我主)。
“Saa ɛda no,” sei na Awurade seɛ, “Wobɛfrɛ me ‘me kunu’; na woremfrɛ me ‘me wura’ bio.
17 我必要從她的口中把巴耳的名號除掉,使他們再也不提起他們的姓名。
Mɛyi Baal ahodoɔ din no afiri nʼano; na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio.
18 到那一天,為了他們,我要同田間的野獸,天空的飛鳥和地上的爬蟲訂立盟約,並且我要從地上將弓弩、刀劍和戰爭毀滅,使他們安居樂業。
Saa ɛda no, mɛyɛ apam ama wɔn, wɔne wiram mmoa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea wɔ asase so. Tadua, mpea ne ɔko, mɛbra wɔ asase no so sɛdeɛ wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoeɛ mu.
19 我要永遠聘娶妳,以公義、公平、慈愛、憐憫聘娶妳;
Mɛware wo afebɔɔ; mɛyi tenenee ne atɛntenenee, ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ akyerɛ wo.
20 以忠實聘娶妳,使妳知道我是上主。
Mɛware wo nokorɛ mu, ama woahunu Awurade.
21 到那一天,我必要應允──上主的斷語──我要應允高天,高天要應允大地,
“Saa ɛda no, mɛgye wo so,” deɛ Awurade seɛ nie. “Mɛgye ɔsoro so, na ɔsoro de osuo bɛgye asase so,
22 大地要應允五榖、酒、油,五榖、酒、油也要應允依次勒耳。
na asase nso bɛgye mfudeɛ so: bobe foforɔ ne ngo dua, na wɔn nso agye so sɛ ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua’.
23 我要為我把她種在這地上,我要愛憐羅魯阿瑪(不蒙愛憐者),我要對羅阿米(非我人民)說:「妳是我的人民。」而她要說:「你是我的天主。」
Mede Israel bɛdua asase no so ama me ho; mɛda me dɔ adi akyerɛ deɛ mekaa sɛ ‘wonnyɛ me dɔfo’ no. Meka akyerɛ wɔn a mesee wɔn sɛ ‘monnyɛ me nkurɔfoɔ’ sɛ ‘moyɛ me nkurɔfoɔ’, na wɔn nso aka sɛ, ‘Wone me Onyankopɔn.’”

< 何西阿書 2 >