< 何西阿書 13 >

1 從前厄弗辣因一發言,令人害怕,他原是以色列中的首領;但後來他因巴耳而犯罪,至於滅亡。
Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo; wɔpagyaa no wɔ Israelman mu. Nanso Baalsom enti, ɔnyaa afɔbuo na ɔwuiɛ.
2 如今他們仍舊犯罪,用銀子為自己鑄神像,按照他們的幻想製造偶像;這一切只是匠人的作品,他們反說:「應向他們獻祭! 各人就口親牛犢。
Afei, wɔkɔ so yɛ bɔne ara; wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho, nsɛsodeɛ no nyinaa no. Adwumfoɔ no nam nyansakwan so na ayeyɛ. Wɔka nnipa yi ho asɛm sɛ, “Wɔde nnipa bɔ afɔdeɛ na wɔfe anantwie mma ahoni ano.”
3 因此,他們將如黎明的雲霧,如易逝的朝霞,如禾場上被風捲去的糠秕,如由窗口冒出的煙氣
Ɛno enti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera, sɛ ntɛtɛ a ehu firi ayuporobea sɛ wisie a ɛfa mpoma mu kɔ.
4 從在埃及地時,我就是上主,你們的天主;除我以外,你們不可認識其他的神;除我以外,別無拯救者。
“Nanso mene Awurade wo Onyankopɔn, a meyii wo firii Misraim. Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me, anaa Ɔgyefoɔ biara sɛ me.
5 我在曠野中──在乾旱之地──牧放了你。
Mehwɛɛ wo wɔ anweatam so, asase a ɛso yɛ hye yie no so.
6 我牧養了他們,使他們得以飽食;但飽食之後,他們便心高氣傲,反而忘卻了我。
Memaa wɔn aduane no, wɔdi meeɛ; wɔmeeɛ no, wɔyɛɛ ahantan; na wɔn werɛ firii me.
7 所以我對他們像一隻獅子,像一頭豹子,伏在路旁,窺伺他們;
Enti, mɛto ahyɛ wɔn so sɛ gyata, mɛtɛ wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.
8 像一隻失掉幼子的母熊衝向他們,撕破他們胸內的心,好叫野狗在那裏舌食他們,野獸撕裂他們。
Mɛto ahyɛ wɔn so na matete wɔn mu te sɛ sisire bi a wɔawia ne mma. Mɛwe wɔn te sɛ gyata; wiram aboa bɛsunsuan wɔn mu.
9 以色列! 我要摧毀你,有誰能援助你﹖
“Wɔasɛe wo, Ao Israel, ɛfiri sɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo ɔboafoɔ.
10 你的君王在哪裏﹖讓他來拯救你! 你所有的領袖在哪裏﹖叫他們來保護你! 因為你曾說:「請你賜給我君王和領袖! 」
Wo ɔhene a ɔbɛgye wo no wɔ he? Wo sodifoɔ a wɔwɔ wo nkuro so wɔ he, wɔn a wokaa wɔ wɔn ho sɛ, ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?
11 我在憤怒中給了你君王,我也要在盛怒中,再將他除去。
Enti mʼabufuo mu, memaa wo ɔhene, na mʼanibereɛ mu no, meyii no hɔ.
12 厄弗辣因的邪惡已被封存,他的罪孽已被貯藏。
Efraim afɔdie no wɔaboaboa ano wɔatwerɛ ne bɔne agu hɔ.
13 分娩的劇痛將臨到他身上,可是胎兒是一個愚蠢的孩子,雖然時候到了,他仍不願脫離母胎。
Ɔbɛte ɔyea te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ, na abɔfra no nnim nyansa nti; sɛ berɛ no duru a, ɔmma awotwaa no ano.
14 我要解救他們脫離死亡嗎﹖死亡啊! 你的災害在哪裏﹖陰府啊! 你的毀滅在哪裏﹖憐憫已由我的眼前隱蔽了。 (Sheol h7585)
“Mɛpata agye wɔn afiri damena tumi mu. Mɛgye wɔn afiri owuo nsam. Owuo wo nwowɔeɛ wɔ he? Asaman wo sɛeɛ wɔ he? “Merennya ayamhyehyeɛ, (Sheol h7585)
15 他在蘆葦中雖長的茂盛,但必有東風吹來:上主的風必由曠野吹來,使他的泉源乾涸。他必掠去他所貯藏的一切寶物。
mpo sɛ ɔyɛ yie wɔ ne nuanom mu a. Apueeɛ mframa a ɛfiri Awurade hɔ bɛba, ɛbɛbɔ afiri anweatam so; osuo rentɔ osutɔberɛ na nʼabura bɛwe. Wɔbɛfom nʼakoradan mu nneɛma deɛ ɛsom bo no nyinaa.
16 撒馬利亞必要承當罪罰,因為她背叛了自己的天主;她的居民必喪身刀下,他們的嬰兒必被摔死,他們的孕婦必被剖腹。
Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdie to mu, ɛfiri sɛ wɔayɛ ɛdɔm atia wɔn Onyankopɔn. Wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano; wɔbɛtoto wɔn mmɔfra ahwehwe fam, wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”

< 何西阿書 13 >