< 希伯來書 12 >

1 以,我們既有如此眾多如雲的證人,圍繞著我們,就該下卸下所有的累贅和糾纏人的罪過,以堅忍的心,跑那擺在我們眼前的賽程,
Yɛn deɛ, yɛwɔ adansefoɔ bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfiri akwansideɛ nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn dendeenden no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansie a ɛda yɛn anim no.
2 雙目注視著信德的創始者耶穌:衪為那擺在衪面前的歡樂,輕淩辱,忍受了十字架,而今坐在天主寶座的右邊。
Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidie ahyɛaseɛ ne nʼawieeɛ gyina ne so no so. Asɛnnua no enti, wampa aba. Esiane anigyeɛ a na ɛretwɛn no no enti, animguasewuo a ɔwuu wɔ asɛnnua so no anha no. Enti, seesei ɔte Onyankopɔn ahennwa no nifa so.
3 你們常要想,衪所以忍受罪人對衪這樣的叛逆,是怕你們灰心喪志。
Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfoɔ tan a wɔtanee no nso, ɔtumi gyinaa ano no. Ɛno enti mommpa aba.
4 你們與罪惡爭鬥,還沒有抵抗到流血的地步。
Na mo ne bɔne ko mu no, monnko nkɔduruu sɛ mobɛhwie mogya agu.
5 你們竟全忘了天主勸你們,好像勸子女的話說:『我兒,不要輕視上主的懲戒,也不要厭惡衪的譴責,
Mo werɛ afiri nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ ne mma no sɛ, “Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie, na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba.
6 因為上主懲戒衪所愛的,鞭打衪所接管的每個兒子。』
Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.”
7 為接受懲戒,應該堅忍,因為天主對待你們,就如對待子女;那有兒子,做父親的不懲戒他呢﹖
Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no sɛ Agya no ntenesoɔ, ɛfiri sɛ, mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a nʼagya ntene ne so da?
8 如果你們缺少眾人所共受的懲戒,你們就是私生子,而不是兒子。
Sɛ wantene mo so sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann.
9 再者,我們肉身的父親懲戒我們時,我們尚且表示敬畏;何況靈性的父親,我們不是更該服從,以得生活嗎﹖
Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso maa yɛbuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yɛtumi tena ase?
10 其實肉身的父親只是在短暫的時日內,照他們的心意來施行懲戒,但是天主卻是為了我們的好處,為叫我們分沾衪的聖善。
Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ tiawa bi. Nanso, yɛn yiedie enti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ yɛn ho bɛte.
11 固然各種懲戒,在當時似乎不是樂事,而是苦事;可是以後卻給那些受訓練的人,結出義德的和平果實。
Sɛ wɔtwe yɛn aso a, ɛma yɛn werɛ ho saa ɛberɛ no mu, na yɛn ani nnye. Na akyire no, wɔn a wɔfa saa asotwe no mu na wɔnya wɔn ho nteaseɛ no, wɔnya asomdwoeɛ na wɔtena ase tenenee mu.
12 為此,你們應該伸直痿弱的手和麻木的膝;
Montenetene nsa ne nkotodwe a emu agogo no mu.
13 你們的腳應履行正直的路,叫瘸子不要偏離正道,反叫他能得痊愈。
Monsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafoɔ, na mmom, wɔasa wɔn yadeɛ.
14 你們應設法與眾人和平相處,盡力追求聖德,若無聖德,誰也見不到主;
Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoeɛ mu, na mommɔ mmɔden ntena ase tenenee mu. Anyɛ saa a, morenhunu Awurade.
15 又應該慬慎,免得有人疏忽天主的恩寵免得苦根子長出來,而累及你們,使許多人因此蒙受玷污。
Monhwɛ yie na mo mu bi annane nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ sɛ afifideɛ a ɛyɛ nwono a ɛnyini ma ne bɔnwoma no ha afoforɔ.
16 誰也不要成為淫亂和褻聖者,如同厄撒烏一樣,他為了一餐飯,竟出賣了自己長氶的身份。
Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ odwamanfoɔ ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a ɔbuu nʼani guu nʼagyapadeɛ so tɔnee nʼabakan de gyee aduane no.
17 你們知道,後來他縱然願意承受祝福,也遭到了拒絕;雖流淚苦求,但沒有得到翻悔的餘地。
Na afei ɛduruu ɛberɛ bi a ɔpɛɛ sɛ ne nsa ka nʼagya hɔ nhyira no, ɔde kamee no no. Ɛwom sɛ ɔde nisuo peree sɛ wanya adwensakyera deɛ, nanso anyɛ yie.
18 你們原來並不是走近了那可觸摸的山,那裏有烈火、濃雲、黑暗、暴風、
Monhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyaframa, awerɛhoɔ, esum ne ahum sɛdeɛ Israelfoɔ no hyiaa Sinai Bepɔ no so ɛberɛ a Onyankopɔn de ne mmara no maeɛ no.
19 號垌的響聲以及說話的聲音,當時那些聽見的人,都懇求天主不要再給他們說話,
Ɛfiri sɛ, na wɔrebɔ totorobɛnto dendeenden a ɛnne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, enti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnyae kasa,
20 因為他們承擔不起所吩咐的事:『即使是一隻走獸觸摸了這山,也應用石頭砸死;』
ɛfiri sɛ, na wɔntumi nni mmara a na ɛka sɛ, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ kum no” no so.
21 並且所顯現的是這麼可怕,連梅瑟也說:『我很是恐慌戰憟。』
Na beaeɛ hɔ yɛ hu ara kɔsii sɛ Mose kaa sɛ. “Mesuro, na me ho popo.”
22 然而你們卻接近了熙雍山的永生天主的城,天上的耶路撒冷,接近了千萬天使的盛會,
Na mo deɛ moaba Sion Bepɔ so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kuro, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfoɔ mpempem wɔ mu no mu.
23 和那些已被登錄在天上的首生者的集會,接近了審判眾人的天主,接近了已獲得成全的義人的靈魂,
Moaba Onyankopɔn asafo mma dada a wɔn ani gye wɔn ho a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa ɔtemmufoɔ ne ateneneefoɔ a wɔayɛ wɔn pɛ no mu.
24 接近了新約的中保耶穌,以及衪所灑的血:這血比亞伯爾的血說說的更好。
Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforɔ ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sene Habel mogya no ho.
25 你們要慬慎,不要拒絕說話的那位,如果從前那些拒絕聽衪在地上宣佈啟示的人,不能逃避懲罰,何況我們這些背棄由天上說話的那位呢﹖
Monhwɛ mo ho so yie na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie deɛ ɔkasa firii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane afiri deɛ ɔkasa firi ɔsoro no ho?
26 從前衪的聲音搖動了下地,如今衪卻應許說:『還有一次,我不但動搖下地,而且也動搖下天。』
Ne nne wosoo asase saa ɛberɛ no, nanso seesei wahyɛ bɔ sɛ, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsane awoso no, na mɛwoso soro nso bio saa ara.”
27 這『還有一次』一句,是指明那些被動搖的事物,因為受造的,必起變化,好叫那些不可動搖的事物得以常存。
Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwoso nneɛma a wɔbɔeɛ no na atutu afiri wɔn ananmu na nneɛma a wɔntumi nwoso no aka.
28 為此,我們既然蒙受一個不可動搖的國度,就應該感恩,藉此懷著虔忱和敬畏之情,事奉天主,叫衪喜悅,
Momma yɛnna so ase, ɛfiri sɛ, yɛanya ahennie a wɔwoso no a ɛnyɛ yie. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɛkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ anidie ne suro so nsom no,
29 因為我們的天主實是吞滅的烈火。
ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, yɛn Onyankopɔn yɛ ogya a ɛhye na ɛsɛe adeɛ.

< 希伯來書 12 >