< 哈該書 1 >
1 [第一篇演詞]達理阿王二年六月初一,有上主的話藉哈蓋先知傳給沙耳提耳的兒子猶大省長則魯巴貝耳,和約匝達克火兒子大司祭耶叔亞說:
Ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi ɛkan wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu so no, Awurade nam Odiyifoɔ Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua.
2 萬軍的上主這樣說:這百姓說:「建築上主的殿字的時候還沒有到! 」
Asɛm a Asafo Awurade ka nie: “Nnipa no reka sɛ, ‘Ɛberɛ no nnya nnuruiɛ sɛ wɔsi Awurade fie no.’”
Afei, Awurade de saa asɛm yi faa Odiyifoɔ Hagai so:
4 當這座殿還尸一堆廢墟時,難道為你們就到了住有天花皮的房屋的時候﹖
“Saa ɛberɛ yi a me fie yi abubuo yi, ɛna mo deɛ motete mo afie a wɔaduradura mu yi anaa?”
5 如今萬軍的上主這樣說:你們應細心考慮一下你們的行逕!
Asɛm a, Asafo Awurade ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie.
6 你們播種的多,卻收割的少;你們吃,卻總吃不飽;你們喝,卻總喝不夠;你們穿衣,卻總不覺溫暖;賺了工資,無異尸將工資投了破囊。
Moduaa bebree, nanso motwaa kakraa bi. Modidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntadeɛ, nanso ɛnka mo hye. Monya akatua, na mode gu sikabɔtɔ a wɔatuetue mu ntokuro mu.”
Asɛm a Otumfoɔ Awurade ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie.
8 你們應上山去,搬運木材,建造殿宇! 葷到家時裏,我必因此喜悅,並發顯光榮──上主說。
Afei, momforo nkɔ nkokoɔ no atifi, na momfa nnua mmra mmɛsi me fie no. Na mʼani bɛgye ho, na wɔahyɛ me animuonyam.” Saa na Awurade ka.
9 你們期望豐收,看,反而歉收;你們運到家裏,我反把它吃散;這是為了什麼﹖──萬軍上主的斷語──是為了我的殿宇尚在荒廢,而你們竟各自趕造自己的房屋。
“Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mehu guiɛ. Ɛdeɛn ntira?” Ɛfiri sɛ, “me fie abubu.” Saa na Asafo Awurade ka, “ɛberɛ a mo ani abere resisi mo afie.
10 為此,上主對你們停降雨露,大地也停止了出產,
Mo enti na ɔsoro akyere ɛbɔ agyina, na asase nso akyere mo mfudeɛ.
11 因為我向大地、群山、五穀、新油、田地的出產、人畜和手中的一切工作招來了旱災。」
Mahyɛ ɔpɛ sɛ ɛnsi mo mfuo ne nkokoɔ so; ɔpɛ a ɛbɛhye mo atokoɔ ne mo bobe ne mo ngo dua ne mo mfudeɛ, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ɛbɛsi mo ne mo anantwie mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.”
12 於是沙耳提耳的兒子則魯巴貝耳的兒子,約匝達克的兒子大司祭耶叔亞,以及全體遺民都聽從了上主,他們天主的聲音,也聽從了上主,他們的天主給他們派遺來的哈蓋先知的話;因此百姓在上主面前都起了敬畏的心。
Ɛnna Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no tiee asɛm a ɛfiri Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Odiyifoɔ Hagai a Awurade, wɔn Onyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade.
13 上主的使者哈蓋就以上主使者的名義向人民說:我與你們同在──上主的斷語。
Na Hagai, Awurade somafoɔ no, de saa asɛm yi a ɛfiri Awurade nkyɛn maa nkurɔfoɔ no: “Meka mo ho.” Saa na Awurade seɛ.
14 於是上主振興起了沙耳提耳的兒子猶大省長則魯巴貝耳的精神,以及約匝達克的兒子大司祭耶叔亞的,和全體遺民的精神,他們便都上前來興工建造萬軍的上主,他們的天主的聖殿。
Ɛno enti, Awurade kanyanee Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no nyinaa. Wɔbɛhyɛɛ wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Onyankopɔn, fie no ase,
wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan no.