< 創世記 37 >
Yosef tenaa Kanaan asase a na nʼagya te so sɛ ɔhɔho no so.
2 以下是雅各伯的小史。若瑟十七歲時,與哥哥們一同放羊。他尚年幼,常與自己的父親的妻子彼耳哈和齊耳帕的兒子們在一起。他不斷將他們作的惡事報告給父親。
Yosef abusua ho asɛm ni: Bere a Yakob ba Yosef dii mfirihyia dunson no, na ɔboa ne nuanom a wɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmabarima no hwɛ wɔn agya nguan so. Na ɔtaa bɛka nneyɛe bɔne a ɛkɔ so fa ne nuanom no ho no kyerɛ wɔn agya.
3 以色列愛若瑟超過其他的兒子,因為是他年老生的,並給他做了一件彩色長衫。
Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sen ne mma a wɔaka no nyinaa, efisɛ ɔwoo no ne nkwakoraabere mu; ɛno nti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no.
4 他的哥哥們見父親愛他勝過其餘的兒子,就忌恨他,不能與他和氣交談。
Bere a ne nuanom no huu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sen wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.
5 若瑟作了一夢,講給哥哥們聽,因此他們越發惱恨他。
Da bi, Yosef soo dae. Ɔkaa dae a ɔsoo no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no sen kan no mpo.
Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Muntie dae bi a maso.
7 我夢見我們同在田間捆麥子,忽然我的麥捆站起來,你們的麥捆圍住我的麥捆下拜。」
Mesoo dae, na yɛrekyekyere aburow afiafi wɔ afum. Bere a yegu so rekyekyere aburow no, amono mu hɔ ara, mʼafiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me de no ho hyia kotow no.”
8 他哥哥們對他說:「難道你要作我們的君王﹖或者統治我們﹖」他們為了這夢和這番話,越發惱恨他。
Yosef nuanom no bisaa no se, “Enti wʼadwene ne sɛ wubedi yɛn so ana? Wugye di sɛ, ampa ara, wubetumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne dae a ɔsoo no ne asɛm a ɔkae no nti, ɛmaa ne nuanom no kyii no kɔkɔɔkɔ.
9 他又作了一夢,也告訴他哥哥們說:「我又作了一夢:夢見太陽和月亮並一顆星辰向我下拜。」
Na ɔsoo dae bio. Ɔkaa dae a ɔsoo no kyerɛɛ ne nuanom no se, “Muntie: Maso dae foforo bio. Mesoo dae, na owia, ɔsram ne nsoromma dubaako rekotow me.”
10 當他給父親和哥哥們講說這夢時,他父親就責斥他說:「你作的是什麼夢﹖難道我和你母親以及你的兄弟,都要來向你叩首至地﹖」
Ɔkaa dae no kyerɛɛ nʼagya ne ne nuabarimanom no, nʼagya kaa nʼanim se, “Dae bɛn na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo na ne me ne wo nuabarimanom no bɛba abɛkotow wo ana?”
Eyi maa ne nuabarimanom no ani beree no mmoroso. Nanso nʼagya de, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri.
Da bi, Yosef nuabarimanom no de wɔn agya nguan kɔɔ adidi wɔ Sekem.
13 以色列對若瑟說:「你哥哥們不是在舍根放羊麼﹖來,我打發你去看看他們。」他回答說:「我在這裏。」
Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Sɛnea wunim no, wo nuanom no de mmoa no kɔ adidi wɔ Sekem. Bra, na mensoma wo wɔn nkyɛn.” Yosef buae se, “Yoo, agya, mate.”
14 以色列對他說:「你去看看你哥哥們是否平安,羊群怎樣;然後回來告訴我。」以色列便打發他由赫貝龍山谷前去;他到了舍根。
Enti Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nguan no ho te dɛn, na san bɛka biribi kyerɛ me.” Enti Israel somaa Yosef fii Hebron subon no mu. Bere a Yosef duu Sekem no,
15 有一個人見他在田間遊蕩,那人就問他說:「你尋找什麼﹖」
ɔbarima bi huu no sɛ ɔnenam wura no mu. Ɔbarima no bisaa no se, “Worehwehwɛ dɛn?”
16 他答說:「我尋找我的哥哥;請告訴我:他們在那裏放羊﹖」
Yosef buaa no se, “Merehwehwɛ me nuabarimanom. Mesrɛ wo, wubetumi akyerɛ me baabi a wɔde wɔn nguan no kɔ adidi?”
17 那人答說:「他們已離開了這裏;我聽見他們說:我們到多堂去。」於是若瑟便去追尋他的哥哥,在多堂找到了。
Ɔbarima no buaa no se, “Wo nuabarimanom no afi ha kɔ. Metee sɛ wɔreka se, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’” Enti Yosef tiw ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ.
18 他們老遠就看見了他;在他尚未近以前,就已決定要謀殺他。
Bere a Yosef puei no, wohuu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba. Ansa na ɔredu wɔn nkyɛn no, wɔbɔɔ ne ho pɔw sɛ wobekum no.
Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Monhwɛ! Ɔdaesofo no na ɔreba no!
20 我們殺掉他,將他拋在一口井裏,說是猛獸吃了。看他的夢還有什麼用﹖」
Mommra mprempren ara mma yenkum no, na yɛntow no nkyene amoa no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya se, aboa bi akyere no awe, na yɛnhwɛ sɛ biribi befi ne dae ahorow no mu aba ana.”
21 勒烏本聽了,就設法由他們手中救他,遂說:「我們不要害他! 」
Ruben a ɔyɛ wɔn nua panyin tee saa asɛm no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegye Yosef nkwa. Ɔkae se, “Mommma yenkum no.
22 勒烏本又對他們說:「你們不要流血;只將他丟在這曠野的井裏,不可下手害他。」他的意思是想由他們手中救出他來,還給父親。
Munnhwie mogya ngu. Momma yɛntow no nkyene amoa a ɛwɔ sare yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no.” Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no fii wɔn nsam, sɛnea obenya kwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa.
23 若瑟一來到他哥哥們那裏,他們就脫去了他穿的那件彩色長衣,抓住他,把他丟在井裏;
Yosef beduu ne nuabarimanom no nkyɛn no, wɔworɔw ne batakari fɛfɛ a na ɔhyɛ no,
na wɔtow no kyenee amoa bi mu. Na nsu biara nni amoa no mu.
25 他們坐下吃飯時,舉目看見一隊由基肋阿得來的依市瑪耳人;他們的駱駝滿載樹膠、香液和香料,要下到埃及去。
Bere a anuanom no tenaa ase sɛ wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani huu sɛ yoma bebree sa so reba faako a na wɔrebedidi hɔ no. Wohuu sɛ saa nkurɔfo no yɛ Ismaelfo aguadifo bi a wɔsoso atomude, akyenkyennuru ne kurobow a wɔde fi Gilead rekɔtɔn no wɔ Misraim asase so.
26 猶大遂對兄弟們說:「殺害我們的弟弟,隱瞞他的血,究竟有什麼益處﹖
Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Sɛ yekum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, mfaso bɛn na yebenya?
27 不如將他賣給依市瑪耳人,免得對他下毒手,因為他究竟是我們的兄弟,是我們的骨肉。」兄弟們聽從了他的意見。
Momma yenyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfo aguadifo yi, sen sɛ yebekum no. Ɛdan dɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa, yɛn ankasa yɛn mogya.” Ne nuanom no penee so.
28 米淂楊的商人經過那裏時,他們便從井中拉出若瑟來,以二十塊銀錢賣給了依市瑪耳人;他們便將若瑟帶到埃及去了。
Bere a Midian aguadifo no beduu hɔ no, Yosef nuanom no yii no fii amoa no mu, tɔn no maa Ismaelfo no gyee dwetɛ gram ahannu aduonu awotwe ma wɔde no kɔɔ Misraim.
29 勒烏本回到井邊,不見若瑟在井內,遂撕裂了自己的衣服,
Ruben san nʼakyi baa amoa no ho, na ohuu sɛ Yosef nni amoa no mu no, osunsuan ne ntade mu.
30 回到兄弟們那裏喊說:「孩子不見了! 我可往那裏去呢﹖」
Ɔkɔɔ ne nuabarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti mprempren menyɛ me ho dɛn?”
31 他們於是拿了若瑟的長衣,殺了一隻公山羊,將長衣浸在血裏;
Na anuanom no faa Yosef batakari no, kum abirekyi, de batakari no nuu ne mogya no mu.
32 然後派人將那件彩色的長衣送給他們的父親說:「這是我們尋得的,請你仔細看看,是不是你兒子的長衣﹖」
Wɔde Yosef batakari fɛfɛ no kɔɔ wɔn agya nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yehuu saa atade yi wɔ wura mu hɔ baabi. Hwɛ sɛ ɛyɛ Yosef atade ana?”
33 雅各伯仔細一看,就喊說:「是我兒子的長衣;猛獸將他吃了。若瑟被撕裂了,被撕裂了! 」
Wɔn agya hui, na ɔkae se, “Nokware, ɛyɛ me ba Yosef atade! Aboa bɔne bi akyere no awe. Ampa ara, aboa ko no atetew Yosef nam pasaa.”
34 雅各伯遂撕裂了自己的衣服,腰間圍上麻衣,為自己的兒子悲哀了多日。
Na Yakob sunsuan ne ntade mu, hyɛɛ atweaatam, suu ne ba no nna bebree.
35 雖然他的兒女都來安慰他,他卻不肯接受他們的安慰,說:「我只有悲哀地下到陰間,往我兒那裏去! 」他的父親竟這樣哀悼他。 (Sheol )
Ne mmabarima ne ne mmabea nyinaa betwaa ne ho hyia kyekyee ne werɛ, nanso ankosi hwee. Yakob kae se, “Dabi, mede awerɛhow bewu akɔto me ba no wɔ asaman.” Enti nʼagya Yakob suu no. (Sheol )
36 米德楊人後在在埃及將若瑟賣給了法郎的內臣,衛隊長普提法爾。
Nea ɛbae ne sɛ, Midianfo no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfo so panyin.