< 創世記 30 >

1 辣黑耳見自己沒有給雅各伯生子,就嫉妒姐姐,對雅各伯說:「你要給我孩子;不然,我就死啦! 」
Bere a Rahel huu sɛ ɔne Yakob nwo no, nʼani beree ne nuabea no. Enti ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Sɛ wo ne me anwo mma a, mewu!”
2 雅各伯對辣黑耳生氣說:「不肯使你懷孕的是天主,難道我能替他作主﹖」
Yakob bo fuw Rahel ma ɔkae se, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasiw wo yafunu ano.”
3 辣黑耳回答說:「這裏有我的婢女彼耳哈,你親近她,叫她在我膝下生子,使我能由她得子。」
Na Rahel ka kyerɛɛ Yakob se, “Mʼafenaa Bilha ni, wo ne no nkɔda, na ɔnwo mma me, na ɛnam ne so ama me nso manya abusua.”
4 辣黑耳就將自己的婢女彼耳哈給了雅各伯作妾;雅各伯親近了她,
Enti Rahel de nʼabaawa Bilha maa Yakob waree. Yakob ne no dae.
5 她遂懷孕,給雅各伯生了一子。
Onyinsɛn woo ɔbabarima maa Yakob.
6 辣黑耳就說:「天主對我公道,俯聽了我的哀聲,給了我一子。」為此給他起名叫丹。
Na Rahel kae se, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me. Wate mʼadesrɛ ama me ɔbabarima.” Ne saa nti, ɔtoo no din Dan a ne nkyerɛase ne, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me.”
7 辣黑耳的婢女彼耳哈又懷孕,給雅各伯生了第二個兒子。
Rahel afenaa Bilha nyinsɛnee bio, woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob.
8 辣黑耳就說:「我以天大的力量與我姐姐相爭,得到勝利了。」便給他起名叫納斐塔里。
Na Rahel kae se, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperepere na madi nkonim.” Ɛno nti, ɔtoo abofra no din Naftali a ne nkyerɛase ne, “Mʼakodi.”
9 肋阿見自己停止生育,也將自己的婢女齊耳帕給了雅各伯作妾。
Bere a Lea huu sɛ nʼawo atew kɔ no, ɔno nso de nʼafenaa Silpa maa Yakob waree.
10 肋阿的婢女齊耳帕給雅各伯生了一子。
Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob.
11 肋阿遂說:「好幸運! 」就給他起名叫加得。
Na Lea kae se, “Akraye bɛn ni!” Enti ɔtoo abofra no din Gad a ne nkyerɛase ne, “Asi me yiye.”
12 肋阿的婢女齊耳帕給雅各伯又生了第二個兒子。
Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob.
13 肋阿遂說:「我真有福! 女人都要以為我有福。」就給他起名叫阿協爾。
Na Lea kae se, “Mʼani agye! Afei de, mmea no bɛfrɛ me anigye.” Enti, ɔtoo no din Aser a ne nkyerɛase ne “Anigye.”
14 到了割麥的時節,勒烏本出去,在田間尋得了一些曼陀羅,帶回來給了他母親肋阿。辣黑耳對肋阿說:「請你將你兒子得的曼陀羅給我一些。」
Awitwabere mu da bi, Ruben kɔɔ afum kohuu afifide bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne na Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea se, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim no bi.”
15 肋阿回答說:「你奪去了我的丈夫還不夠;你還想奪去我兒的曼陀羅麼﹖」辣黑耳說:「好罷! 今夜就讓他與你同睡,為交換你兒子的曼陀羅。」
Nanso Lea de abufuw buae se, “Woabegye me kunu akyi no, woresan abegye me ba dudaim a ɔde abrɛ me no bi apaa so?” Na Rahel de awerɛhow kae se, “Eye, ɛno de, Yakob mmɛda wo nkyɛn nnɛ anadwo yi, na ma me dudaim no bi.”
16 到了晚上雅各伯由田間回來,肋阿就跑出去迎接他說:「你該來我這裏,因為我用我兒子的曼陀羅雇了你。」那夜雅各伯便與她同睡。
Enti da no anwummere a Yakob fi afum reba no, Lea kohyiaa no, ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn anadwo yi, efisɛ mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no.
17 天主俯允了肋阿,她又懷孕,給雅各伯生了第五個兒子。
Onyankopɔn tiee Lea mpaebɔ, na onyinsɛn woo ɔbabarima a ɔto so anum maa Yakob.
18 肋阿說:「天主給了我報酬,因為我將我的婢女給了我的丈夫。」便給他起名叫依撒加爾。
Na Lea kae se, “Mede mʼafenaa Silpa maa me kunu Yakob no, Onyankopɔn adom me.” Enti wɔtoo abofra no din Isakar a nkyerɛase ne “Akyɛde.”
19 肋阿又懷孕,給雅各伯生了第六個兒子。
Lea san nyinsɛnee bio, na ɔwoo ne babarima a ɔto so asia maa Yakob.
20 肋阿說:「天主給了我一個很好的禮物;這一回我的丈夫要與我同居了,因為我給他生了六個兒子。」便給他起名叫則步隆。
Enti Lea kae se, “Onyankopɔn ama me akyɛde a ɛsom bo yiye. Afei de, manya me kunu anim anuonyam. Ɔde obu ne nidi bɛma me, efisɛ mawo mmabarima baasia ama no. Enti ɔtoo abarimaa no din Sebulon a ne nkyerɛase ne Anuonyam.”
21 後來她生了一個女兒,給她起名叫狄納。
Akyiri no, Lea woo ɔbabea too no din Dina.
22 天主想起了辣黑耳,垂允了她,開了她的子宮,
Afei, Onyankopɔn kaee Rahel, tiee ne mpaebɔ, buee nʼawotwaa ano.
23 她遂懷孕,生了一個兒子,說:「天主拭去了我的恥辱。」
Rahel nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkae se, “Afei de, Onyankopɔn apepa mʼanimguase ama me nso mawo ɔba.”
24 她給他起名叫若瑟說:「願上主再給我添子。」
Rahel too ne ba no din Yosef a ne nkyerɛase ne “Awurade mfa ɔbabarima baako nka me ho.”
25 辣黑耳生了若瑟以後,雅各伯對拉班說:「請讓我回到我的本鄉故土!
Rahel woo Yosef no, ankyɛ na da koro bi, Yakob ka kyerɛɛ Laban se, “Mepɛ sɛ mesan kɔ mʼankasa mʼasase so ne me fi, enti mesrɛ wo, gya me kwan na menkɔ.
26 請你將我服事你所得的妻子兒女交給我,讓我回去;你知道我怎樣服事了你。」
Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wunim ɔsom pa a masom wo.”
27 拉班對他說:「如果我在你眼中得寵,請你住下;我覺察出,上主祝福我,是為了你的原故。」
Laban buae se, “Mesrɛ wo, nkɔ nnya me. Makɔ abisa ahu sɛ, nhyira dodow a manya yi nyinaa fi te a wote me nkyɛn yi.”
28 繼而說:「請規定你的工價,我必付給你。」
Laban ka kaa ho se, “Kyerɛ me akatua biara a wubegye, na metua.”
29 雅各伯對他說:「你知道,我是怎樣服事了你;你的牲畜跟著我是怎樣的情形。
Yakob buaa Laban se, “Wʼankasa wunim som a masom wo, ne sɛnea mahwɛ wʼanantwi ne wo nguan ama wɔn ase afɛe afa.
30 我未來之前,你所有的是那麼少,現在增加了那麼多;我一來,上主就祝福了你。但是,我幾時也能為我興家立業呢﹖」
Wʼahode kakra a na wowɔ bere a mebae no, nnɛ, adɔɔso abu so. Biribiara a meyɛ maa wo no nso, Awurade ahyira so. Na me nso, bere bɛn na metumi apɛ biribi de agyaw mʼabusuafo?”
31 拉班問說:「我該給你什麼﹖」雅各伯答說:「你什麼也不必給我,只要你應承我這件事,我就仍牧放照顧你的羊群:
Laban bisaa Yakob se, “Akatua ahe na memfa mma wo?” Yakob nso buae se, “Mma me hwee, na mmom, sɛ wobɛyɛ mʼabisade baako pɛ yi ama me de a, mɛkɔ so ayɛn wo mmoa no.
32 你今天走遍你的羊群,將其中凡有斑點或黑點的,即綿羊群中有黑色的,山羊群中有黑點或斑點的,都挑出來,當作我的工價。
Nnɛ, ma menkɔhwehwɛ wo mmoa no nyinaa mu, na minnyi oguan biara a ne ho yɛ ntokontrama, oguan ba biara a ɔyɛ tuntum ne abirekyi biara a ɔyɛ ntokontrama. Eyinom na ɛbɛyɛ mʼakatua.
33 後來任何一天,你來察看我的工價時,我好對你證明我的公正。山羊中凡是沒有斑點或黑點的,綿羊中凡是不黑的,都算是偷來的。」
Eyi bɛma me nokwaredi adi me adanse, bere biara a wobɛhwehwɛ akatua a wode ama me no mu no. Sɛ wuhu abirekyi biara a ɔnyɛ ntokontrama anaa oguan biara a nʼahosu mmiri wɔ me mmoa no mu a, na ɛkyerɛ sɛ mawia wɔn afi wo de mu.”
34 拉班回答說:「好,就照你的話辦罷!」
Laban buaa Yakob se, “Eye, yɛ no sɛnea woaka no.”
35 當天拉班就將有條紋有斑點的公山羊,凡有白紋,或斑點和黑點的母山羊,並黑色的綿羊都挑出來,交在自己兒子們手中;
Da no ara, Laban yiyii adwennini a wɔyɛ ntokontrama no nyinaa ne nguanbere a wɔyɛ ntokontrama no nso; mmoa no mu biara a fufu wɔ ne ho ne oguan ba biara a ɔyɛ tuntum no, ɔde wɔn kɔmaa ne mmabarima.
36 又使雅各伯與自己相距三日的路程。雅各伯便牧放拉班其餘的羊群。
Na Laban mma no faa mmoa no de wɔn twaa nnansa kwan, fii baabi a na Yakob wɔ hɔ. Saa bere no mu no, Yakob tenaa hɔ, hwɛɛ Laban nguan no.
37 雅各伯拿了楊樹、杏樹和楓樹的嫩枝,將皮剝成一條一條的白紋,使樹枝的光白露出;
Na Yakob faa saa nnua yi: ɔsɛsɛ, odwen ne ɔfo mman amono, yiyii ho akamakam ma ɛkɔtoo dua kwatii no.
38 然後將剝去皮的枝條,插在水溝和水漕裏,羊群前來喝水時,正與羊群相對。羊群前來喝水時,就彼此相配。
Afei, ɔde mman amono a wayiyi ho no nyinaa guguu mmoa no adidi nnaka mu, sɛnea ɛba sɛ, mmoa no ba sɛ wɔrebɛnom nsu no bi a, wobehu. Saa bere no na anini no foro abere no.
39 羊群對著枝條相配,就生出了有條紋,有斑點和黑點的小羊。
Enti sɛ mmoa no hyia mu wɔ dua mman ntokontrama no ho, na wonyinsɛn na wɔwowo a, wɔn mma no ho yɛ ntokontrama.
40 雅各伯將這些羔羊分開,將這些羊放在拉班羊群中有條紋和有黑點的羊前;這樣他為自己另組羊群,不將牠們放在拉班的羊群中。
Ɔnam saa kwan yi so yii Laban nguankuw no mu abere no guu faako ma ɛkaa anini no. Na ɔmaa wɔne Yakob nguan a wɔyɛ tuntum no hyiaa mu. Saa ɔkwan yi so na ɔfa tew nʼankasa ne nguankuw fii Laban de ho.
41 到了肥壯的羊要配合時,雅各伯就將枝條插在水溝裏,對著羊群的眼,使羊對著枝條彼此相配。
Edu bere a nguanbere a wɔwɔ ahoɔden no pɛ sɛ wohyia adwennini no a, Yakob de mman a wayiyi ho akamakam no gu wɔn anim.
42 當羊群瘦弱時,他就不插枝條:這樣,瘦弱的都歸拉班,肥壯的都歸雅各伯。
Nanso wanyɛ nguan abere a wɔyɛ mmerɛw no saa. Enti nguantenmma a wonni ahoɔden no bɛyɛɛ Laban dea, na wɔn a wɔwɔ ahoɔden no nso bɛyɛɛ Yakob dea.
43 為此這人越來越富,擁有許多羊群,婢女和奴僕,駱駝和驢子。
Ɛnam eyi so maa Yakob nyaa ne ho tam. Onyaa mmoa, mfenaa, nkoa, yoma ne mfurum bebree.

< 創世記 30 >