< 以西結書 7 >

1 上主的話傳給我說:「
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
2 人子,你要說:吾主上主這樣對以色列地域說:結局到了,大地四極的結局到了。
“Onipa ba, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Israel asase no: “‘Awieeɛ no, awieeɛ no aduru asase no ntweaso ɛnan no so!
3 現今你的結局已到:我要向你發洩我的憤怒,按你的行為裁判你,按照你所有的醜行報復你。
Awieeɛ no aduru wɔ wo so, na mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so. Mɛgyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn, na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so.
4 我的眼決不憐視你,一點也不顧惜你;反之,我必按照你的行為報復你,使你的醜惡彰顯在你中間;這樣,你們必承認我是上主。
Merenhunu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. Ampa ara mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no, na moahunu sɛ me ne Awurade.’
5 吾主上主這樣說:「看,災禍,那唯一的災禍來了。
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da nam ɛkwan so reba!
6 結局到了,那對付你的結局到了,看,已來到目前。
Awieeɛ no aba! Awieeɛ no aba! Apagya ne ho atia wo. Aba!
7 當地的居民啊! 惡運已臨於你,時辰已到,恐怖的日子已近,山上再聽不到歡呼的聲音。
Ɔsɛeɛ aduru mo, mo a mote asase no so. Ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn; huboabɔ ɛberɛ a ɛnyɛ mmepɔ no so ahosɛpɛ.
8 現今我就快要向你發洩我的憤怒,在你身上盡洩我的怒火,要按照你的行為裁判你,按照你所有的醜行報復你。
Merebɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so de awie mʼabufuo a ɛtia wo no. Mɛgyina wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so.
9 我的眼決不憐視,一點也不顧惜;反之,我要照你的行為報復你,使你的醜惡彰顯在你中間:這樣你們必承認我是施罰的天主。」 「
Merenhunu wo mmɔbɔ, na meremfa wo ho nkyɛ wo. Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no. Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade, na mebobɔ.
10 看,那日子確已來到,惡運已定,暴行開花,傲慢發芽。
“‘Ɛda no nie! Hwɛ aba! Atemmuo da no apue, abaa no afefɛ, ahantan ahanehane!
11 殘暴興起,成為作惡的權杖;他們中將一無所存,他們的財富沒有了,豪華不見了,光榮一無所留。
Akakabensɛm ayɛ abaa a wɔde twe amumuyɛ aso. Nnipa no mu biara renka, nnipakuo no mu biara, ahonyadeɛ ne deɛ ɛsom bo biara renka.
12 時辰到了,日子近了;買主不要歡樂,賣主也不要憂愁,因為怒火要降在一切財富上。
Ɛberɛ no aso! Ɛda no aduru. Mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye anaa ɔdetɔnfoɔ werɛ nho, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.
13 賣主雖還活著,但不得再贖回他所賣的,因為懲罰一降在一切民眾身上,誰也不能再挽回。無人在罪惡中能保全生命。
Deɛ ɔtɔn no nsa renka asase a watɔn no bio wɔ ɛberɛ a wɔn mmienu te ase, Ɛfiri sɛ anisoadehunu a ɛfa nnipakuo no nyinaa no rensesa. Wɔn bɔne enti, wɔn mu baako koraa remfa ne ho nni.
14 你們吹喇叭,將一切準備便當;但無人出征上陣,因為我的怒火要降在所有人民身上。
“‘Ɛwom, wɔhyɛne totorobɛnto, na wɔboaboa biribiara ano deɛ, nanso obiara renkɔ ɔsa, ɛfiri sɛ mʼabufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.
15 外有刀兵,內有瘟疫饑荒;凡在鄉間的,要喪身刀下;在城中的,要死於瘟疫饑荒。
Akofena wɔ mfikyire; na ɔyaredɔm ne ɛkɔm wɔ efie. Wɔn a wɔwɔ ɔman no mu bɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no, ɔyaredɔm ne ɛkɔm bɛkum wɔn.
16 那些僥倖逃亡的,到了山中,必像谷中哀鳴的鴿子,各人悲泣自己的罪惡。
Wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu na wɔadwane no bɛtena mmepɔ no so. Na wɔakurum te sɛ mmɔnhwa mu mmorɔnoma wɔ wɔn mu biara bɔne enti.
17 人人雙手疲憊無力,雙膝軟弱如水,
Nsa nyinaa bɛdwodwo na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛ sɛ nsuo.
18 身穿苦衣,都為恐怖所籠罩;每人面帶羞慚,頭頂完全剃光。
Wɔbɛfirafira ayitoma na wɔabɔ huboa. Aniwuo bɛkata wɔn anim na wɔayi wɔn tirinwi.
19 他們將自己的銀子丟在街頭,金子為他們成了污穢之物;他們的金銀,在上主發怒之日,不能拯救他們;金銀不能使他們充饑,不能填滿他們的肚腹,因為金銀是他們犯罪的絆腳石。
“‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so, na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ. Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Awurade abufuhyeɛ ɛda no. Ɛrenkum wɔn kɔm na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu.
20 他們既然把自己華麗的裝飾品作為誇耀的東西,做成醜惡的偶像和怪物;
Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho, na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ ne nsɛsodeɛ tantane; enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn.
21 所以我要使偶像成為他們的不潔之物,我要把它交於外邦人手中作勝利品,給本地匪徒作為掠物,而予以褻瀆。
Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛ na mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ, na wɔbɛgu ho fi.
22 我要轉面不看他們,讓外人褻瀆我的寶藏,讓野人侵入而加以褻瀆,
Mɛyi mʼani afiri wɔn so na akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi. Wɔbɛwura hɔ na wɔagu ho fi.
23 並用來製造鎖鏈;因為此地充滿了血債,城中充滿了殘暴。
“‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn! Ɛfiri sɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma, na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.
24 為此,我必叫最兇惡的異民來佔據他們的房舍,消滅他們傲慢的勢力,並使他們的聖所受到褻瀆。
Mɛma aman no mu otirimuɔdenfoɔ pa ara abɛfa wɔn afie; mɛma ɔhoɔdenfoɔ ahomasoɔ aba awieeɛ, na wɔn kronkrommea ho bɛgu fi.
25 當恐怖來臨時,他們尋求救援,卻沒有救援。
Sɛ ehu ba a, wɔbɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri ɛkwan, nanso ɛbɛbɔ wɔn.
26 禍上加禍,噩耗接踵而來;那時人向先知要求異像,卻毫無所得;司祭失去了教言,長老沒有了主意,
Atoyerɛnkyɛm bɛdi atoyerɛnkyɛm akyi aba; atesɛm bɛdi atesɛm akyi. Wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛnya anisoadehunu afiri odiyifoɔ no hɔ, Ɔsɔfoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn. Saa ara na wɔrennya afotuo mfiri mpanimfoɔ hɔ.
27 君王失聲痛哭,王侯驚惶失措,當地居民的手顫動無力。我必按他們的行為向他們報復,照他們的功過裁判他們:這樣,他們必要承認我是天主。」
Ɔhene no bɛtwa adwo, ɔheneba no bɛfira abasamutuo, na asase no so nnipa nsa bɛpopo. Me ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ, na mɛgyina wɔn pɛpɛyɛ so abu wɔn atɛn. Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.’”

< 以西結書 7 >