< 以西結書 39 >
1 「人子,你講預言攻斥哥格說:吾主上主這樣說:默舍客和突巴耳的最高領袖哥格,看,我要攻擊你,
“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn.
2 我要引誘你,挾持你,使你從極北之地上來,領你到以色列的山上,
Mɛkyinkyim wo na matwe wʼase. Mede wo bɛfiri atifi fam nohoa tɔnn na mede aba Israel mmepɔ so.
3 在那裏我要打掉你左手上的弓,打落你右手上的箭。
Afei, mɛbɔ wo tadua afiri wo nsa benkum mu na mama wʼagyan afiri wo nsa nifa mu agu fam.
4 你和你所有的軍隊,以及同你聯合的眾民,都要喪亡在以色列的山上;我要使你成為各種猛禽和野獸的食物。
Wo ne wʼakodɔm nyinaa ne aman a wɔka wo ho bɛtotɔ wɔ Israel mmepɔ so. Mede wo bɛma nnomaa ahodoɔ a wɔpɛ deɛ aporɔ ne wiram mmoa sɛ wɔn aduane.
5 你要喪亡在原野之上,這原是我親口說的──吾主上主的斷語──
Mobɛtotɔ wɔ mfuo so, ɛfiri sɛ makasa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
6 我要使火降到瑪哥格和那些安居在群島的人們身上:如此,他們必承認我是上主。
Mɛtɔ ogya agu Magog so ne wɔn a wɔtete hɔ asomdwoeɛ mu wɔ mpoano nsase so no na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.
7 我也要在我的百姓以色列中間,顯揚我的聖名,再不讓我的名受到褻瀆:如此,異民便承認我是上主,是以色列的聖者。
“‘Mɛma me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ahunu me din kronkron wɔ wɔn mu na meremma ho ɛkwan mma wɔnngu me din kronkron ho fi, na aman no bɛhunu sɛ me Awurade mene Ɔkronkronni no wɔ Israel.
8 看,我所說的那一天,已經來近,必要實現──吾主上主的斷語。
Ɛreba! Na ampa ara ɛbɛsi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Ɛda a maka ho asɛm no nie.
9 那時住在以色列各城的人必要出來,點火焚燒武器:有大小盾牌、弓、箭、槍和茅;他們將用來燒火,七年之久。
“‘Afei wɔn a wɔtete Israel nkuro soɔ bɛfiri adi na wɔde akodeɛ no bɛsɔ ogya, akokyɛm nketewa ne akɛseɛ, tadua ne agyan, mporibaa ne mpea. Wɔde bɛyɛ anyina asɔ ogya mfeɛ nson.
10 他們不必到田間拾柴,也不必到林中伐木,因為也武器可作柴燒;他們還要搶奪那些搶奪過他們的人,劫掠那些劫掠過他們的人──吾主上主的斷語──
Ɛrenhia sɛ wɔbɛkɔ anyina wɔ mfuo no so anaasɛ wɔbɛpɛ bi wɔ kwaeɛ mu, ɛfiri sɛ wɔde akodeɛ no bɛsɔ ogya. Na wɔbɛfom wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nneɛma, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
11 在那一天,我要在以色列把一出名的地方,即死海以東阿巴陵山谷,給哥格作墳地;這山谷使過路的人止步,哥格和他的一切軍隊要埋在那裏,因此人叫那地方為『哥格群眾谷。』
“‘Saa ɛda no, mɛyɛ amusieeɛ wɔ Israel ama Gog, wɔ bɔnhwa a ɛda baabi a wɔn a wɔtu ɛkwan kɔ apueeɛ fam wɔ ɛpo no ho fa. Ɛbɛsi akwantufoɔ ɛkwan ɛfiri sɛ Gog ne ne nipadɔm no, wɔbɛsie wɔn wɔ hɔ. Ɛno enti wɔbɛfrɛ hɔ sɛ Hamon Gog bɔnhwa.
12 以色列家族埋葬他們,為清除此地,要費時七個月。
“‘Na Israel efie de abosome nson bɛsie wɔn de adwira asase no.
13 那地方的全體百姓都要埋葬他們。在我顯示光榮的日子,為他們也要光榮──吾主上主的斷語──
Nnipa a wɔwɔ asase no so bɛsie wɔn, na ɛda a wɔbɛhyɛ me animuonyam no bɛyɛ nkaeɛda ama wɔn, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
14 他們還要派定一些人不斷巡邏那地,尋找在那地方遺留下的屍體,為清除那地;七個月之後它們仍繼續尋找。
Ɛberɛ biara, wɔbɛfa mmarima daa ama wɔaprapra asase no so. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so. “‘Abosome nson akyi no, wɔbɛfiri aseɛ ahwehwɛ asase no so.
15 過路的人經過那地的時候,若發見一個人的骨骸,就在他旁邊放一個記號,等待埋葬的人將他埋葬在『哥格群眾谷。』
Ɛberɛ a wɔrekyinkyin asase no so no, sɛ wɔn mu bi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyiraeɛ akɔsi sɛ asiefoɔ bɛfa akɔsie wɔ Hamon Gog bɔnhwa no mu.
16 那裏有一座城,要叫哈摩納。他們就這樣清除了那地。
(Kuro bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sei na wɔbɛdwira asase no.’
17 吾主上主這樣說:人子,你要向各種飛鳥,各樣野獸說:你們應集合前來,從四方來參加我給你們在以色列山上所準備的隆重祭餐,你們要吃肉飲血。
“Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Frɛ nnomaa ahodoɔ ne wiram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mommoaboa mo ho ano mfiri mmeammea mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛseɛ wɔ Israel mmepɔ so. Ɛhɔ na mobɛwe ɛnam na moanom mogya.
18 你們要吃將士的肉,飲各地王侯的血;還有山羊、綿羊、公山羊、牛犢,都是巴商的肥畜。
Mobɛwe nnɔmmarima nam wɔ hɔ na moanom asase so mmapɔmma mogya te sɛ deɛ wɔyɛ nnwennini ne nnwammaa, mpapo ne anantwinini a wɔn nyinaa yɛ Basan ayɛmmoa a wɔadɔre sradeɛ.
19 你們要在我給你們準備的祭餐中,吃肉吃到飽,飲血飲到醉。
Afɔdeɛ a meresiesie ama mo no, mobɛdi sradeɛ kɔsi sɛ mobɛyɛ pintinn na moanom mogya akɔsi sɛ mobɛbobo.
20 你們在我的宴席上要飽食馬肉,戰馬、將士和所有軍人的肉──吾主上主的斷語。
Mobɛwe apɔnkɔ ne sotefoɔ, nnɔmmarima ne asraafoɔ ahodoɔ nyinaa ɛnam amee wɔ me ɛpono so,’ Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
21 我要在異民中顯示我的光榮,萬民要看見我所施行的懲罰,看見是我舉手打擊了他們。
“Mɛda mʼanimuonyam adi wɔ amanaman no mu na wɔn nyinaa bɛhunu asotwe ne nsa a mede ato wɔn so.
22 從那天起,以色列家族必要承認我,上主是他們的天主。
Ɛfiri saa ɛda no rekorɔ, Israel efie bɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no.
23 異民也要知道以色列家族充軍,是為了他們的罪惡,因為他們違背了我,我遂掩面不顧他們,把他們交在敵人手中,全都喪身刀下。
Na amanaman no bɛhunu sɛ Israelfoɔ kɔɔ nkoasom mu wɔn bɔne enti, ɛfiri sɛ wɔanni me nokorɛ. Ɛno enti mede mʼanim hintaa wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa na wɔn nyinaa totɔɔ wɔ akofena ano.
24 我按他們的罪過和惡行對待了他們,掩面不看他們。
Me ne wɔn diiɛ sɛdeɛ wɔn ho fi ne wɔn mfomsoɔ teɛ, mede mʼanim hintaa wɔn.
25 為此吾主上主這樣說:現今我要轉變雅各伯的命運,憐恤以色列家族。為我的聖名而大發妒火。
“Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede Yakob bɛfiri nkoasom mu aba na manya ahummɔborɔ ama Israelfoɔ nyinaa, na mɛtwe me din kronkron no ho ninkunu.
26 當他們安居在自己的地域中,沒有人來驚擾時,他們將忘記自己的恥辱和違背我所犯的一切抗命之罪。
Wɔn werɛ bɛfiri wɔn animguaseɛ ne nokorɛ a wɔanni me ɛberɛ a na wɔte hɔ asomdwoeɛ mu wɔ wɔn asase so a obiara nhunahuna wɔn.
27 當我從各民族中把他們領回,從他們敵人的地方聚集他們,在眾異民眼前,在他們身上顯聖時,
Sɛ mede wɔn firi amanaman no so sane ba na meboaboa wɔn ano firi wɔn atamfoɔ nsase so a, mɛfa wɔn so ada me kronkronyɛ adi wɔ amanaman no nyinaa ani so.
28 他們必承認我上主是他們的天主,因為我將他們放逐於異民之中以後,又把他們聚集到自己的地方,一個也沒有留在異民中。
Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade wɔn Onyankopɔn no, ɛfiri sɛ ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ nnommumfa mu wɔ amanaman no mu deɛ, nanso mɛboaboa wɔn ano akɔ wɔn ankasa asase so a merennya wɔn mu biara wɔ akyire.
29 我不再掩面不看他們,因為我將我的神已傾注於以色列家族──吾主上主的斷語。」
Meremfa mʼanim nhinta wɔn bio, ɛfiri sɛ mɛhwie me Honhom agu Israel efie so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”