< 以西結書 24 >
Afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so edu no dadu so, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 人子,你要記下今天的日期,就是在今天這一日,巴比倫王開始圍困耶路撒冷。
“Onipa ba, twerɛ saa ɛda yi, saa ɛda yi ara, ɛfiri sɛ Babiloniahene atua Yerusalem ɛnnɛ dua yi ara.
3 你要向叛逆的家族講一個寓言,給他們說:吾主上主這樣說:你要安放一口鍋,安好後,裏面倒上水,
Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi, ka no wɔ abɛbuo mu kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Fa ɛsɛn no si ogya so; fa si so na hwie nsuo gu mu.
4 把肉塊、後腿和肩上的好肉放到鍋裏,用最好的骨頭填滿,
Fa nankum no gu mu, nankum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, nnyawa ne abasa. Fa nnompe a ɛte apɔ hyɛ no ma;
5 再放上最好的羊肉,然後在鍋下堆起木柴,烹煮肉塊,連其中的骨頭也煮爛。
fa nnwankuo no mu deɛ ɔdi mu. Fa nnyentia hyehyɛ aseɛ ma nnompe no; ma ɛnhuru na noa nnompe a ɛwɔ mu no.
6 因此吾主上主這樣說:負血債的城,有銹而銹不退的鍋,是有禍的! 從鍋中一塊一塊地取出來,不必拈鬮。
“‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue, nnome nka ɛsɛn a awe nnaakye seesei, na deɛ ɛwɔ mu aka mu no! Yiyi nankum no mmaako mmaako firi mu a wommɔ so ntonto.
7 因為在其中所流的血,是流在光滑的石崖上,而沒有流在土中,用塵土掩蓋;
“‘Mogya a ɔhwie guiɛ no wɔ ne mfimfini: ɔhwie guu ɔbotan wesee so; wanhwie angu fam, baabi a mfuturo bɛkata soɔ.
8 為的是激起我的憤怒,施行報復,所以我也使她的血流在光滑的石頭上,不得掩蓋。
Sɛ ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ enti mede ne mogya guu ɔbotan wesee so sɛdeɛ ɛso renkata.
9 因此吾主上主這樣說:負血債的城是有禍的! 我要親自使火堆擴大。
“‘Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue! Me nso mɛhyehyɛ nnyensin no akɔ sorosoro.
10 你再加添木柴,點上火,把肉塊煮化,把湯熬乾,把骨頭烤焦;
Enti hyehyɛ nnyensin no na sɔ ogya no. Noa ɛnam no yie, fa ahwanhwanneɛ fra mu; na ma nnompe no nhye.
11 然後把空鍋放在火炭上燒熱,把銅燒紅,把其中的污穢燒淨,把鍋銹燒盡。
Afei, fa ɛsɛn hunu si ogyasramma no so kɔsi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ sɛdeɛ emu fi no bɛnane na deɛ ɛwɔ mu no bɛhye asɛeɛ.
Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa; emu fi dodoɔ no ankɔ, ogya mpo antumi annyi.
13 這就是你淫行的污穢,我原設法使你潔淨,你卻不願意潔淨;那麼,直到我在你身上來洩盡我的憤怒,你的污穢得不到潔淨。
“‘Ɛfi a ɛwɔ wo mu no ne aniwudeyɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho ɛkwan, wo ho remfi bio kɔsi sɛ mʼabufuhyeɛ a ɛtia woɔ no ano bɛdwo.
14 我上主言出必行,決不退縮,決不憐恤,決不翻悔。我必照你的行徑,照你的行為審判你──吾主上主的斷語。」
“‘Me Awurade na maka. Ɛberɛ aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔborɔ, na merenwogo me ho. Wɔbɛgyina wo suban ne wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
16 人子,看,我要把你眼中所喜悅的猝然奪去,但你不可哀悼,不可哭泣,不可流淚,
“Onipa ba, merebɛbɔ wo fua na mafa adeɛ a wʼani gye ho yie. Nanso ɛntwa adwo, ɛnni awerɛhoɔ na ɛnnte nisuo.
17 只可默默歎息,卻不可哀悼死者。頭上仍纏著頭巾,腳上仍穿著鞋,不可遮蓋鬍鬚,也不可吃喪食。」
Si apinie komm; ɛnni owufoɔ ho awerɛhoɔ. Ma wʼabotiten mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na ɛnni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di.”
18 早晨我向百姓講了這事,晚上我的妻子便死了;次日早晨我便照吩咐給我的作了。
Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa, na nʼanwummerɛ na me yere wuiɛ. Adeɛ kyeeɛ no, meyɛɛ sɛdeɛ wɔahyɛ me no.
19 百姓問我說:「你能不能告訴我們:你這樣作對我們有什麼意思﹖」
Afei nnipa no bisaa me sɛ, “Worenkyerɛ yɛn deɛ ade a woreyɛ yi bɛyɛ wɔn yɛn ho?”
Enti meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
21 你要告訴以色列家族:吾主上主這樣說:看,我要把我的聖所,即你們所誇耀的勢力,眼目所喜愛,心靈所繫戀的地方,加以褻瀆,你們所遺留下的子女要死於刀下。
Ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛgu me kronkronbea ho fi; mo banbɔ denden a mode hoahoa mo ho, deɛ mo ani gye ho, adeɛ a mo akoma da so. Mmammarima ne mmammaa a mogyaa wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ akofena ano.
22 那時你們要作我所作的:不遮蓋你們的鬍鬚,不吃喪食,
Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi: morenkata mo ano na morenni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di.
23 你們的頭仍纏著頭巾,腳仍穿著鞋,不舉哀,不哭泣,但因你們的罪惡而消沉,而彼此傷歎。
Mobɛkɔ so abɔ mo abɔtiten ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhoɔ na morensu, mmom mo so bɛte ɛsiane mo bɔne enti, na mobɛsisi apinie wɔ mo mu.
24 厄則克耳為你們是一個預兆:當那事來到時,你們要照他所作的去作。那時你們必承認我是上主。」「
Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo. Mobɛyɛ sɛdeɛ woayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na yei si a na mobɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.’
25 人子,在我從他們中取去他們的堡壘,即他們所誇耀的喜樂,眼目所喜愛,心靈所繫戀的子女的那一天,
“Na wo, onipa ba, ɛda a mɛfa wɔn aban denden, wɔn ahosɛpɛ ne animuonyam, adeɛ a wɔn ani gye ho, wɔn akoma so adeɛ, ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nso no,
26 那天必有一個逃難的來到你這裏,報告你這消息。
saa ɛda no otutenani bi na ɔbɛba abɛka deɛ asi akyerɛ wo.
27 在那一天你要向那逃難的開口說話,不再作啞吧。這樣,你為他們是一個預兆,那時他們將承認我是上主。」
Saa ɛberɛ no, wʼano bɛbue, wo ne no bɛkasa na worennyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wɔn, na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”