< 以西結書 12 >

1 上主的話傳給我說:「
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
2 人子,你是住在叛逆的家族中,他們有眼,卻視而不見;有耳,卻聽而不聞;因為他們是叛逆的家族。
“Onipa ba, wote nnipa a wɔte atua mu. Wɔwɔ ani nanso wɔnnhunu adeɛ. Wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, ɛfiri sɛ wɔyɛ nnipa atuatefoɔ.
3 人子,你要白天在他們眼前準備充軍的行囊,並在他們眼前從一地遷移到另一地;他們或者能看清自己是叛逆的家族。
“Enti, onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, firi deɛ wowɔ, na kɔ beaeɛ foforɔ. Ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ, nanso ebia wɔbɛte aseɛ.
4 你白天在他們眼前把行囊搬出,像搬出充軍的行囊;傍晚在他們眼前出發,像充軍者出發。
Adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummerɛ a wɔrehwɛ no, firi adi sɛdeɛ wɔn atukɔfoɔ yɛ no.
5 你還要在他們眼前在牆上穿一個洞,由那裏走過去。
Ɛberɛ a wɔrehwɛ no, tu ɔfasuo no mu tokuro na yi wo nneɛma no fa mu.
6 你當著他們的面,把行囊背在肩上,天黑時出發,並且蒙著臉,看不到地面:因為我要使你作為以色列家族的一個預兆。」
Fa to wo mmatire so, ɛberɛ a wɔrehwɛ, na afei adeɛ resa a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛdeɛ wonhunu asase no, ɛfiri sɛ mayɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ ama Israel efie.”
7 我遂遵命行了:白天我把行囊搬出,有如充軍的行囊,傍晚用手在牆上穿了一個洞;到天黑時,當著他們的面,把行囊背在肩上出發。
Enti meyɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Adekyeɛ mu no, mede me nneɛma a maboa ano ama asutwa no pueeɛ. Anwummerɛ no, mede me nsa tuu tokuro wɔ ɔfasuo no mu, na adeɛ resa no, meyii me nneɛma no soaa no me mmatire so a wɔrehwɛ.
8 到了早晨,上主的話傳給我說:「
Adekyeɛ no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
9 人子,以色列家族,那叛逆的家族不是問你說:你在作什麼﹖
“Onipa ba, saa Israel efie atuatefoɔ no ammisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’
10 你要回答他們說:吾主上主這樣說:這神諭是有關耶路撒冷的君王和城中的以色列全家族。
“Ka kyerɛ wɔn sɛ, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israel efie a wɔwɔ hɔ nyinaa ho.
11 並且說:我為你們是一個預兆:像我所行過的,也要實現在他們身上:他們要被擄充軍異地。
Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Meyɛ nsɛnkyerɛnnedeɛ ma mo.’ “Sɛdeɛ mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wɔbɛtwa wɔn asuo akɔ nnommumfa mu.
12 君王在他們當中肩上背著重擔,在黑夜出發,在牆上要穿一洞,為叫他出去;他要蒙著臉,以致他再不能親眼看見這地方。
“Ɔhene ba a ɔwɔ wɔn mu no de nʼadesoa bɛto ne batiri so ɛberɛ a adeɛ resa, na wafiri hɔ, na wɔbɛtu tokuro wɔ ɔfasuo no mu ama wafa mu. Ɔbɛkata nʼanim sɛdeɛ ɔrenhunu faako a ɔrekorɔ.
13 我要在他面前設下羅網,他必要陷在我的羅網中而被捉住;然後我他到加色丁人的地方巴比倫,但他一無所見,就死在那裏。
Mɛto mʼatena agu no so na makyere no wɔ mʼafidie mu; mede no bɛkɔ Babilonia Kaldeafoɔ asase so, nanso ɔrenhunu, na ɛhɔ na ɔbɛwu.
14 我還要把他左右的護衛,以及一切軍隊,分散到四方,並拔出劍來追趕他們。
Mɛhwete wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa akɔ mmaa nyinaa; nʼadwumayɛfoɔ ne nʼasraafoɔ nyinaa, na mede akofena ataa wɔn.
15 當我把他們驅散到異民中,把他們分散到各國時,他們必承認我是上主。
“Ɛberɛ a mabɔ wɔn apete amanaman so, na mahwete wɔn agu nsase so no, wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.
16 但我在他們中仍保留少數的人,免受刀兵、饑荒和瘟疫之害,為叫他們給他們所到之地的異民,講述自己的醜惡之事,使那些人也認識我是上主。」
Nanso mɛma wɔn mu kakra anya wɔn tiri adidi mu wɔ ɔkɔm, ɔyaredɔm ne akofena ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ no so wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu. Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.”
17 上主的話傳給我說:「
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
18 人子,你要戰戰兢兢地吃飯,懷著顫慄和惶恐喝水。
“Onipa ba, sɛ woredidi a, ma wo ho nwoso, na fa ehu nom wo nsuo.
19 你應向此地的人民宣講說:吾主上主論及耶路撒冷的居民和以色列地域這樣說:他們要惶恐地吃飯,驚懼地喝水,為了那裏的居民所行的殘暴,那地方要被洗劫,變為荒蕪之地。
Ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase no so sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa wɔn a wɔte Yerusalem ne Israel asase so ho: Wɔde ahopereɛ bɛdidi na wɔde abasamutuo anom nsuo, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe asase no so nneɛma nyinaa, ɛsiane wɔn a wɔtete soɔ no akakabensɛm enti.
20 人煙稠密的城市要變為曠野,那地方必變為沙漠:如此,你們必承認我是上主。」
Wɔbɛsɛe nkuro a nnipa tete soɔ no nyinaa na asase no bɛda mpan. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’”
21 上主的話傳給我說:「
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
22 人子,在以色列地域,有人說:日期遲延了,異象落空了。這流言是什麼意思﹖
“Onipa ba, abɛbuo a mowɔ wɔ Israel sɛ, ‘Nna no retwam nanso Israel anisoadehunu biara mma mu’ yi, aseɛ ne sɛn?
23 為此你應向他們說:吾主上主這樣說:我必使這流言停止,以色列必不再說這流言;你該向他們說:日期近了,所有的異象必要實現。
Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛma abɛbuo yi aso ha ara, na wɔrenka wɔ Israel bio.’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nna a anisoadehunu biara bɛba mu no abɛn.
24 在以色列家族內,決不再有虛偽的異象和欺詐的預言。
Na atorɔ anisoadehunu ne nnaadaa abisa wɔ Israelfoɔ mu no to bɛtwa.
25 因為是我上主講話,我講的話必要實現,不再遲延。叛逆的家族! 我說的話必在你們這一代實現──吾主上主的斷語。」
Nanso me Awurade, mɛka deɛ ɛsɛ sɛ meka, na ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu. Na mo atuatefoɔ efie, mo berɛ so, mɛma deɛ maka biara aba mu. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.’”
26 上主的話傳給我說:「
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
27 人子,以色列家族說:這人所見的異象是指遙遠的來日;他說的預言,是指遙遠的時期。
“Onipa ba, Israel efie reka sɛ, ‘Anisoadeɛ a ɔhunu no bɛba mu mfeɛ bebree akyi, na nneɛma a ɛwɔ daakye akyirikyiri ho nkɔm na ɔhyɛ.’
28 為此你要向他們說:吾主上主這樣說:我說的一切話,不再遲延;我所說的話,必要實現──吾主上主的斷語。」
“Ɛno enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Merentwe me nsɛm nkɔ nkyiri bio. Deɛ meka biara bɛba mu, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.’”

< 以西結書 12 >