< 出埃及記 17 >
1 以色列子民全會眾按照上主的吩咐,由欣曠野起程,一站一站地前行,然後在勒非丁安了營。在那裏百姓沒有水喝,
Awurade hyɛe maa Israelfo no fii Sin sare no so kokɔɔ nkurow nkurow so, koduu Refidim. Woduu hɔ no, na nsu a wɔbɛnom biara nni hɔ.
2 因此百姓和梅瑟爭吵說:「給我們水喝罷! 」梅瑟回答他們說:「你們為什麼與我爭吵,為什麼試探上主﹖」
Ɛha nso nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsu nnom!” Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ dinn! Adɛn nti na mo ne me regye akyinnye? Adɛn nti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”
3 因百姓在那裏渴望水喝,就抱怨梅瑟說:「你為什麼從埃及領我們上來﹖難道要使我們,我們的子女和牲畜都渴死嗎﹖」
Na osukɔm a ɛde wɔn no nti, wɔteɛteɛɛ mu se, “Adɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim? Adɛn nti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwi nyinaa bewuwu!”
4 梅瑟向上主呼號說:「我要怎樣對待這百姓呢﹖他們幾乎願用石頭砸死我! 」
Mose su frɛɛ Awurade se, “Dɛn na menyɛ saa nkurɔfo yi? Wɔpɛ sɛ wosiw me abo.”
5 上主回答梅瑟說:「你到百姓面前去,帶上幾個以色列長老,手中拿著你擊打尼羅河的棍杖去!
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa Israelfo mpanyimfo no bi ka wo ho na fa pema a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn kɔ.
6 看,握要在你面前站在曷勒布那裏的磐石上,你擊打磐石,就有水流出來,給百姓喝。」梅瑟就在以色列長老眼前照樣作了。
Mehyia wo wɔ ɔbotan a ɛwɔ bepɔw Horeb ho. Sɛ wudu hɔ a, fa wo pema no bɔ ɔbotan no mu sɛnea wode bɔɔ Nil mu no na nsu befi mu aba ama obiara anya bi anom amee.” Mose yɛɛ nea Awurade kae no wɔ Israel mpanyimfo no anim maa nsu tue fii ɔbotan no mu.
7 他稱那地方為瑪撒和默黎巴,因為以色列子民在那裏爭吵過,並試探過上主說:「上主是否在我們中間﹖」與阿瑪肋克人作戰
Enti Mose too beae hɔ din Masa a ase ne Sɔhwɛbea ne Meriba a ase ne Akyinnyegyebea, efisɛ ɛhɔ na Israelfo ne Mose gyee akyinnye, sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, bisae se, “Awurade ka yɛn ho anaa ɔnka yɛn ho?”
Afei, akofo a wofi Amalek bɛtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ Refidim ne wɔn koe.
9 梅瑟向若蘇厄說:「你給我們選拔壯丁,明天去同阿瑪肋克人作戰,我手爭拿著天主的棍杖,站在這高岡頂上。」
Mose ka kyerɛɛ Yosua se, “Yi asraafo ma yɛn na yɛne Amalekfo no nkɔko. Ɔkyena megyina bepɔw no apampam a mikura Onyankopɔn pema no.”
10 若蘇厄就照梅瑟吩咐他的作了,去同阿瑪勒克作戰;同時梅瑟、亞郎和胡爾上了那高岡頂上。
Enti Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfo asraafo no ne wɔn koe sɛnea na Mose ahyɛ no, na Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔw no apampam pɛɛ.
11 當梅瑟舉手的時候,以色列就打勝戰;放下手的時候,阿瑪勒克就打勝戰。
Mmere dodow a Mose kura pema no mu kyerɛ soro na Israelfo no redi nkonim na sɛ ɔbrɛ pema no ase a, na Amalekfo no nso redi Israelfo no so.
12 終於梅瑟的手舉疲乏了。他們就搬了塊石頭來,放在他下邊,叫他坐下,亞郎和胡爾,一邊一個托著他的手:這樣他的手舉著不動,直到日落的時候。
Mose brɛ a na ontumi mma pema no so bio enti Aaron ne Hur pirew ɔbo bi too hɔ ma ɔtenaa so. Wogyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa abien no so kosii sɛ owia kɔtɔe.
Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfo no so, kunkum wɔn wɔ afoa ano.
14 上主向梅瑟說:「將這事寫在書上作為記念,並訓示若蘇厄,我要從天下把阿瑪勒克的記念完全消滅。」
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyerɛw eyi ma ɛnna hɔ afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua se, mɛtɔre Amalekfo nyinaa ase wɔ ɔsoro ase.”
Mose sii afɔremuka hɔ na ɔtoo no din Awurade Nissi a ase ne Awurade ne me frankaa.
16 說「向上主的旌旗舉手,上主必世世代代與阿瑪勒克作戰。」
Mose kae se, “Efisɛ wɔama wɔn nsa so atia Awurade ahengua nti, Awurade ne Amalekfo bedi ako afi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso so.”