< 以斯帖記 1 >
1 在薛西斯為王時,發生了這樣的事:──這薛西斯當時管轄的版圖,自印度至雇士,共計一百二十七省──
Saa asɛm yi sii ɔhene Ahasweros a ɔdii amantam ɔha aduonu nson so, firi India kɔsi Etiopia no ɛberɛ so.
Saa ɛberɛ no na ɔte ahennwa so wɔ Susa aban mu de di nʼahemman no so.
3 第三年設宴款待所有的公卿朝臣,波斯與瑪待的將官,各省的賢達與總督,
Nʼahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔtoo ɛpono kɛseɛ maa nʼahenemma ne ne mpanimfoɔ. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa ne atitire ne amantam mu mpanimfoɔ.
4 一連一百八十天,天天誇耀他帝國的豪華富裕,和他赫赫堂皇的榮耀。
Afahyɛ no dii abosome nsia, na ɔdaa nʼahemman mu sika pepe ne emu animuonyam adi.
5 這些日子過了以後,王又在官內的御苑裏,一連七天,歡宴穌撒禁城的全體人民,不分尊卑,都來參加。
Yei nyinaa twaam no, ɔhene no too ɛpono sononko bi maa ahemfie hɔ asomfoɔ ne mpanimfoɔ nyinaa, ɛfiri ɔkɛseɛ so de kɔsi ɔketewa so. Ɛdii nnanson, na wɔyɛɛ no wɔ Susa ahemfie adihɔ turo mu.
6 庭院各處裝飾著白色和紫紅色的壁氈,繫著純白色和朱紅色的彩帶,懸在白大理石柱的銀環子上;在碧玉、白玉、珍珠和寶石舖砌的地面上,陳設了金銀的床榻。
Wɔde ntoma fɛfɛ nahanaha fitaa ne tuntum a wɔanwono mu sensɛnee adihɔ hɔ. Na wɔde nhoma kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkawa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkonnwa sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobire ne aboɔdemmoɔ ahodoɔ nsesɛeɛ so.
7 進飲的器皿,都是金銀製的,大小俱全;御釀豐美,以示王家的厚贈。
Wɔde nsakuruwa a wɔadi ho adwini ahodoɔ papa bi someeɛ, na adehyesa buu so hɔ, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no.
8 飲酒隨意,無須強勸,因為王已命宮內侍役,應隨各人所好,善加招待。
Nhyehyɛeɛ a na ɛwɔ asanom no ho ara ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obi ma ɔnom boro deɛ ɔbɛtumi so. Nanso, wɔn a wɔbɛtumi anom no deɛ, wɔnomee sɛdeɛ wɔpɛ, ɛfiri sɛ, na ɔhene no aka akyerɛ ne fiefoɔ no sɛ, obiara bɛtumi anom sɛdeɛ ɔpɛ.
9 同時瓦市提皇后,在薛西斯王的後宮,也擺設盛宴,款待婦女。
Ɔhemmaa Wasti too ɛpono maa ahemfie mmaa no saa ɛberɛ korɔ no ara mu.
10 至第七日,君王一時酒酣耳熱,就命默胡曼、彼次達、哈波納、彼革達、阿巴革達、則塔爾和加爾加斯,──七個侍從薛西斯王的宦官──
Afahyɛ no nnanson so a nsã afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ apiafoɔ baason a wɔhwɛ no no sɛ,
11 去召瓦市提王后,叫她頭戴后冠,到君王跟前來,讓眾百姓與朝臣瞻仰她的美麗,因為她的容貌,嬌媚可愛。
wɔmfa ɔhemmaa Wasti a ɔhyɛ ahemmaa kyɛ no mmrɛ no. Na ɔpɛ sɛ mmarima nyinaa hwɛ nʼahoɔfɛ, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ pa ara.
12 但是瓦市提王后拒絕前來,不肯遵行宦官傳來的王命。於是君王勃然大怒,五內如焚,
Nanso, wɔde ɔhene ɔfrɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmaa Wasti no, wamma. Yei maa ɔhene ani bereeɛ yie, maa abufuo hyɛɛ no ma.
13 遂與通達時務的朝臣商議說:──因為當時君王要辦一事,必與精通法律民情的朝臣商議;
Ntɛm so, ɔbisaa nʼafotufoɔ a wɔnim Persia mmara ne nʼamanneɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ, ɛfiri sɛ, na ɔtaa bisa wɔn afotuo.
14 那時在王身傍有加爾舍納、舍塔爾、阿德瑪達、塔爾史士、默勒斯、瑪色納、默慕干,七位波斯和瑪待的公卿;他們常在君王左右,分居國家的高位──「
Na afotufoɔ no ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, a wɔyɛ akunini baason a wɔfiri Persia ne Media. Na wɔyɛ ne nnamfo berɛboɔ a wɔkura dibea akɛseɛ wɔ ahemman no mu.
15 按法律應如何處置瓦市提王后呢﹖因為沒有覆行宦官傳下的王命。」
Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ ɔhemmaa Wasti? Asotweɛ bɛn na mmara no kyerɛ sɛ, wɔmfa mma ɔhemmaa a mesomaa me piafoɔ sɛ wɔnkɔfrɛ no mmra na wamma no?”
16 默慕干在君王及公卿前建議說:「瓦市提王后不但得罪了君王,並且還得罪了薛西斯王各省的諸候與人民,
Na Memukan buaa ɔhene no ne ahenemma no sɛ, “Ɛnyɛ ɔhene no nko na ɔhemmaa Wasti afom, na wafom ɔpanin biara ne ɔmanfoɔ a wɔwɔ wʼahemman no mu nyinaa.
17 因為王后的這種行為,一傳到所有的婦女耳中,她們必將效尤,輕視自己的丈夫,而且說:薛西斯王命人召瓦市提王后到他跟前,她卻沒有來;
Sɛ mmaa a wɔwɔ ɔman yi mu te sɛ ɔhemmaa Wasti ankɔ ɔhene frɛ no a, wɔbɛfiri aseɛ atwiri wɔn kununom.
18 今日凡聽到王后這種舉動的波斯與瑪待的公主貴婦,也必說同樣的話,對一切王家公卿,也照樣輕視忿怒。
Ansa na adeɛ bɛkye no, yɛn yerenom, wo mpanimfoɔ yerenom nyinaa bɛte deɛ ɔhemmaa no yɛeɛ, na wɔahyɛ aseɛ akasa wɔn kununom wɔ kwan korɔ no ara so. Na ntwirie no ne abufuo no to rentwa da wɔ wʼahemman mu ha.
19 陛下如果贊成,可下一道上諭,附於波斯與瑪待的法典內,成為法律,禁止瓦市提后今後朝見薛西斯王;至於她的后位,王可賜與另一位比她賢淑的國妃。
“Enti, sɛ ɔhene bɛpene so a, yɛsusu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ ɔhene bɛhyɛ mmara a wɔatwerɛ no Persiafoɔ ne Mediafoɔ mmara mu a wɔntumi nsakra mu. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ sɛ wɔmpam ɔhemmaa Wasti mfiri wʼani so, na wɔnsi ɔhemmaa foforɔ a ɔsom bo kyɛn no.
20 當君王下的這道命令,傳遍整個版圖廣闊的國土時,全國的婦女,不拘尊卑,對自己的丈夫必表示尊敬。」
Sɛ wɔde saa mmara yi to dwa, ma obiara te wɔ wʼahemman kɛseɛ yi mu a, mmaa awarefoɔ de obuo a ɛsɛ na ɛfata bɛma wɔn kununom.”
21 對這建議,君王和公卿都表示贊成;王就依照默慕干的建議施行,
Ɔhene no ne nʼahenemma no faa no sɛ ɛyɛ adwene pa enti, wɔfaa Memukan afotuo no.
22 向全國各省,傳遞文告,依各省的文字和各民族的語言,敕令天下所有的丈夫,應為一家之主,可隨意發號施令。
Ɔtwerɛɛ nkrataa kɔɔ nʼahemman no mu afanan nyinaa. Ɔtwerɛɛ ɔmantam biara wɔ ne kasa mu, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so.