< 申命記 32 >

1 蒼天,傾聽,我要發言;大地,聆聽我口要說的話!
Monyɛ aso, mo ɔsoro na mɛkasa; tie, wo asase, nsɛm a efi mʼanom.
2 願我的教訓如雨下降,我的言語似露滴落,像降在綠茵上的細雨,像落在青草上的甘霖!
Ma me nkyerɛkyerɛ ntɔ sɛ osu; na me nsɛm nsian sɛ obosu, sɛ osu a ɛpete gu sare foforo so, sɛ osu mmoroso wɔ afifide foforo so.
3 因為我要宣揚上主的名,請讚頌我們的天主!
Mɛbɔ Awurade din. O, monkamfo yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ!
4 他是磐石,他的作為完美無比;他的行徑公平正直,他是忠實無妄的天主,公義而又正直。
Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni, na nʼakwan nyinaa ye. Onyankopɔn nokwafo a ɔnyɛ mfomso, Ɔtreneeni ne ɔnokwafo ne no.
5 那不堪稱為子女的,自趨墮落,背叛了他,實在是個邪惡敗壞的世代!
Porɔwee adidi wɔn mu na wɔnyɛ ne mma; wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo aniwufo.
6 愚昧無知的人民,你們就這樣報答上主嗎﹖他不是生育你,創造你,使你生存的大父嗎﹖
Saa ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so tua Awurade ka ni ana, mo nkwaseafo ne adwenharefo? Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfo no? Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinaso?
7 你回想往古的時日,思念歷代的歲月;問你的父親,問你的長輩,他必給你講述;
Monkae tete nna; munnwen tete awo ntoatoaso no ho. Mummisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo. Mummisa mo mpanyimfo na wɔbɛkyerɛ mo ase.
8 當至高者為民族分配產業時,分佈人的子孫時,按照天使的數目,為萬民劃定了疆界;
Bere a Ɔsorosoroni no maa amanaman no agyapade, na ɔkyekyɛɛ adesamma nyinaa mu no, ɔtotoo ahye maa nnipa no sɛnea Israelmma no dodow te.
9 但雅各伯是上主所保留的一分,以色列成為他特有的產業。
Efisɛ Israelfo yɛ Awurade kyɛfa; Yakob yɛ nʼagyapade wɔde maa no.
10 上主在曠野之地,在野獸咆哮的原野,發見了他,遂將他抱起,加以撫育,加以保護,有如自己的眼珠。
Ohuu no wɔ sare asase so, asase kesee a hwee nni so so. Ɔde no sie hwɛɛ ne so; ɔbɔɔ ne ho ban sɛ nʼaniwa kurutiayisi,
11 老鷹怎樣守候自己的窩巢,飛翔在幼雛之上,上主也怎樣伸展雙翅,把他背在自己的翼上。
sɛ ɔkɔre a ɔhwanyan ne berebuw mu na ɔbɔ mfamfia fa ne mma ho, na ɔtrɛw ne ntaban mu buma no, soaa no kɔɔ no.
12 上主獨自領導了他,他旁邊並沒有外邦的神祇。
Awurade nkutoo na ɔkyerɛɛ no kwan; na ananafo nyame biara nka ne ho.
13 上主使他馳騁於高原之上,以田間的出產養育他,使他享受巖穴間的蜜,堅石中的油,
Ɔma no nantew faa asase no nkoko so; na ɔde mfuw so nnuaba bɔɔ no akɔnhama; Ɔde ɔbotan mu wo ne ngo a efi abohemaa mu,
14 牛酪和羊乳,肥美的羔羊和公羊,巴商的公牛與山羊,以及上等的麥麵;並以葡萄美酒作你的飲品。
nyɛmmoa mu nufusu ne srade, nguamma ne mmirekyi a wɔadɔ srade, Basan adwennini a wɔpaw ne atoko muhumuhu siesiee no. Monom nsa papa a efi bobe mu.
15 雅各伯吃肥了,耶叔戎吃胖了,會踢人了。──的確,你胖了,肥了,飽滿了。──他遂拋棄了造他的天主,輕視了救他的磐石。
Yeshurun dɔɔ srade na onyaa ahoɔden; aduan ma wɔyɛɛ duru, yɛɛ pemee. Wɔtoo Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no asaworam; wɔpoo wɔn Nkwagye Botan no.
16 他們以邪神的敬禮激起他的妒火,以可憎惡的事物,惹他動怒;
Wɔma ɔtwee ninkunu wɔ wɔn ananafo anyame no ho na wɔde wɔn abosom a okyi no hyɛɛ no abufuw.
17 他們所祭祀的是邪神,而非真神,是向來所不認識的神,是近來新興,你們的祖先所不敬畏的神。
Wɔbɔɔ afɔre maa atoro anyame a wɔnyɛ Onyankopɔn, anyame a na wonnim wɔn, anyame a wɔbaa nnansa yi ara, anyame a na mo agyanom nsuro wɔn.
18 你忽略了那生你的磐石,忘記了那使你出世的天主。
Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no. Mo werɛ fii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.
19 上主一見,大為震怒,遂拋棄了自己的子女,
Awurade huu eyi na ɔpoo wɔn efisɛ ne mmabarima ne ne mmabea hyɛɛ no abufuw.
20 說我要掩面不顧他們,要看他們的結局如何;這實在是敗壞的一代,毫無信實的子女。
Ɔkae se, “Mede mʼanim behintaw wɔn na wɔahu sɛnea wɔn awiei bɛyɛ Efisɛ, wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo; mma a wonni nokware.
21 他們以虛妄之神,激起我的怒火,以虛無之物,惹我動怒;我也要以那不成子民的人激起他們的妒火,以愚昧的民族惹他們發怒。
Wɔde nea ɛnyɛ Onyame ahyɛ me ninkutwe na wɔde wɔn ahoni ahuhuw no ahyɛ me abufuw. Mɛma wɔn ani abere nnipa a wɔnyɛ me nkurɔfo. Mɛma ɔman a wonni ntease no ahyɛ wɔn abufuw.
22 我的怒火一燃起,必燒到陰府的深底,吞滅大地及其出產,焚毀山岳的基礎。 (Sheol h7585)
Efisɛ mʼabufuwhyew befita ogya mu, nea ɛhyew kɔka awufo a wɔwɔ asase ase no. Ɛbɛsɛe asase ne so nnɔbae na ɛpaapae mmepɔw fapem. (Sheol h7585)
23 我要將災禍不斷加在他們身上,向他們射盡我的箭矢。
“Mɛhɔre amanehunu ahorow no siw wɔ wɔn so na matow me bɛmma awowɔ wɔn.
24 他們必因饑餓而衰弱,必為熱症、毒疫所消滅;我還使尖牙的野獸和土中爬行的毒蟲傷害他們。
Mede ɔkɔm kɛse, atiridiinini ne owuyare a ɛsɛe ade; mɛsoma nkekammoa se aba wɔn so; nhurutoa a wɔtow si wɔ mfutuma mu no ano bɔre.
25 外有刀劍,內有恐怖,使少男少女,乳兒白頭,同歸於盡。
Afoa bɛma wɔahwere wɔn mma wɔ abɔnten so; wɔn afi mu, ehu bɛtɔ wɔn so. Mmerante ne mmabaa, mmofra ne nkwakoraa ase bɛhyew.
26 我原想粉碎他們,將他們的記念由人間消滅;
Mekae se mɛbɔ wɔn ahwete na mapepa wɔn din afi nnipa adwene mu.
27 但我怕仇人自誇,怕敵人誤會說:「是我的手得勝了,而不是上主行了這一切。」
Nanso misuroo ɔtamfo fɛwdi, anyɛ a na ɔtamfo ante ase aka se, ‘Yɛn nsa adi nkonim; Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛɛ eyinom nyinaa.’”
28 他們原是無謀的民族,沒有一點見識。
Israel yɛ ɔman a wonni adwene. Obi nni wɔn mu a ɔwɔ nhumu.
29 如果他們有點智慧,定會明瞭此事,看清未來的局勢。
Sɛ anka wɔyɛ anyansafo na wɔbɛte eyi ase, na wɔahu nea wɔn awiei bɛyɛ ɛ!
30 「若不是他們的磐石出賣了他們,上主放棄了他們一人怎能追擊一千,兩人怎能打跑一萬﹖」
Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem, na baanu bɛma mpem du aguan, gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.
31 連我們的仇人也承認,他們的磐石不如我們的磐石。
Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn Botan, sɛnea yɛn atamfo mpo gye to mu no.
32 誠然,他們的葡萄秧,出自索多瑪的葡萄園,來在哈摩辣的田園;他們的葡萄是毒葡萄,粒粒葡萄皆酸苦。
Wɔn bobe fi Sodom bobe mu na efi Gomora mfuw mu. Awuduru ahyɛ wɔn bobe aba mma, na bɔnwoma ahyɛ wɔn kasiaw amaama.
33 他們的酒是蛇的毒汁,是蝮蛇的猛烈毒液。
Wɔn bobesa yɛ awɔ ano bɔre; aprammiri ano bɔrewerɛmfo.
34 這事豈不是貯藏在我身旁,封閉在我府庫裏﹖
“So menkoraa eyi mmoroso, na mensɔw ano wɔ mʼademude mu ana
35 等到他們失足之時,我必復仇報復;他們滅亡的日子確已臨近,給他們預定的命運就要來到。
Mɛtɔ were; metua so ka. Wɔn nan bɛwatiri bere a ɛsɛ mu; wɔn atoyerɛnkyɛm no abɛn na wɔn sɛe taa wɔn.”
36 因為上主要衛護自己的人民,憐恤自己的僕人。當他看見他們的能力已逝,奴隸與自由人已到絕境,
Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho, bere a wahu sɛ wɔn ahoɔden asa, na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehye.
37 必問說:「他們的神祇在那裏,他們投靠的磐石究在何處﹖
Obebisa se, “Afei wɔn anyame no wɔ he, ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn guankɔbea,
38 一向吃他們祭牲脂肪的,喝他們奠祭酒漿的,都在那裏﹖讓他們起來援助你們罷! 讓他們做你們的保障罷!
anyame a wodii wɔn afɔrebɔde mu srade na wɔnom wɔn ɔnom afɔrebɔ mu nsa no? Ma wɔnsɔre mmɛboa mo! Ma womegye mo!
39 現在你們應認清,只有我是「那一位,」除我以外沒有別神;我使人死,也使人活;我擊傷人,也加以治療;誰也不能由我手中救出。
“Afei, munhu sɛ, me ara me ne no! Onyame biara nni hɔ sɛ me! Me na mikum na mema nkwa: Me na mipira, na mɛkyekye, na obi rentumi nnye mfi me nsam.
40 我向天舉手宣誓:我生活至於永遠!
Mema me nsa so kyerɛ ɔsoro de nidi sua sɛ: Sɛ mete ase daa yi,
41 我一磨亮我的刀劍,我一掌握裁判權,必向我的敵人雪恨,對恨我的人報復。
sɛ mesew me afoa a ɛpa yerɛwyerɛw no na mifi atemmu mu so mu kuaw a, mɛtɔ mʼatamfo so were na matua wɔn a wokyi me ka.
42 我要使我的箭矢醉飲鮮血,使我的刀劍吞食血肉:陣亡和俘虜的鮮血,仇敵將領的頭顱。」
Mɛma me bɛmma anom mogya abow, na mʼafoa adi ɔhonam, atɔfo ne nnommumfo mogya, atamfo ntuanofo no ti.”
43 萬國,你們應向他的百姓祝賀! 因為上主必為自己的僕人報血仇,向仇敵報復,聖潔自己的土地和百姓。
Mo aman, mo ne ne nkurɔfo nni ahurusi, efisɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were; ɔbɛtɔ were wɔ nʼatamfo so na wapata ama nʼasase ne ne nkurɔfo.
44 梅瑟和農的兒子若蘇厄前來,將這篇詩歌的話朗誦給百姓聽。
Mose ne Nun babarima Hosea ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.
45 梅瑟向全以色列人一朗誦完了,
Mose woroo saa dwom no mu nsɛm no kyerɛɛ Israelfo no wiee no,
46 就對他們說:「你們應把我今日警告你們的一切話記在心內,好吩咐你們的子孫,謹守遵行這法律上的一切話。
ɔka kaa ho se, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo koma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi saa mmara yi mu nsɛm nyinaa so pɛpɛɛpɛ.
47 因為這為你們不是空洞的話,而是關係你們的生命;由於遵守這話,你們纔能在過約但河後所要佔領的地上,長久居留。」
Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi a wɔde rema mo kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ mudi so a, mubenyin akyɛ wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔfa no so.”
48 上主就在當天對梅瑟說:「
Da no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
49 你到摩阿布去,上這座阿巴陵山,即面對耶里哥的乃波山上去,觀看我要給以色列子民作產業的客納罕地。
“Kɔ Moab, kɔ mmepɔw a ɛwɔ asu no apuei no so, na foro Nebo bepɔw a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfo sɛ wɔn agyapade no.
50 你要死在你所上的山上,歸到你本族那裏,像你哥哥亞郎死在曷爾山,歸到他本族那裏一樣。
Bepɔw a woaforo no so hɔ na wobɛkɔ akɔka wʼagyanom ho, sɛnea wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔw so kɔkaa nʼagyanom ho no.
51 因為你們在親曠野,卡德士的默黎巴水邊,在以色列子民中對我失信,沒有在他們中尊我為聖;
Efisɛ mo baanu dii me huammɔ wɔ Israelfo mu wɔ Meriba ne Kades asu ho wɔ Sin sare so. Moanni me kronkronyɛ ho adanse ankyerɛ Israelfo no wɔ hɔ.
52 為此,我賜給以色列子民的地方,你只可由對面眺望,卻不能進去。」
Ɛno nti, mubehu asase no afi akyiri, nanso morenkɔ asase a mede rema Israelfo no so.”

< 申命記 32 >