< 申命記 3 >
1 然後我們轉向巴商進發;巴商王敖格和他所有的民眾出來攻擊我們,在厄德勒與我們交戰。
Afei, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Basan kwan so. Basanhene Og ne nʼasrafo nyinaa fi behyiaa yɛn wɔ Edrei ne yɛn koe.
2 上主對我說:「你不要怕他,因為我已將他、他所有的民眾和土地都交在你手中;你對待他,應如對待住在赫市朋的阿摩黎人王息紅一樣。」
Nanso Awurade ka kyerɛɛ me se, “Nsuro no, efisɛ mede ɔno ne nʼakofo ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Sɛnea woyɛɛ Amorihene Sihon a odii ade wɔ Hesbon dii no, yɛ no saa ara.”
3 上主我們的天主也將巴商王敖格,和他所有的民眾交在我們的手中;我們擊殺了他,一個也沒有給他留下。
Enti Awurade, yɛn Nyankopɔn, san de Basanhene Og ne nʼakofo nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Yɛbɔɔ wɔn gui a anka wɔn mu baako koraa.
4 同時我們佔領了他所有的城邑,沒有一座城不為我們所佔領;巴商王敖格的國土,阿爾哥布全地區共有六十座城邑,
Saa bere no, yɛfaa ne nkuropɔn nyinaa. Nkuropɔn aduosia no mu baako koraa nni hɔ a yɛannye amfi wɔn nsam. Argob mantam a ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan nyinaa.
5 都是些具有高闊的城牆,安門置閂,設防的城邑;此外尚有很多無圍牆的村莊。
Na wɔato afasu atenten afa saa nkuropɔn yi nyinaa ho de nnade apon atoto ano. Saa bere koro no ara mu, yɛfaa nkuraa a na wɔntoo afasu mfaa ho no bebree.
6 我們照毀滅律毀滅了這些城邑,有如對赫市朋王息紅所做的一樣,殺盡了各城中的男女和幼童,
Yɛsɛee Basan kuropɔn no pasaa sɛnea yɛsɛee Hesbonhene Sihon no. Yɛsɛee nkurow no ne mu mmarima, mmea ne mmofra nyinaa pasapasa.
7 只留下了牲畜和由佔領的城中所奪的財物,作我們的戰利品。
Nanso nkuropɔn no mu nyɛmmoa ne asade ahorow no de, yɛsoa kɔe.
8 這樣,我們在那時,由這兩個阿摩黎人王的手中,奪得了約但河東岸的土地,自阿爾農河直到赫爾孟山。 [
Saa bere no, yɛfaa Amorifo ahemfo baanu no nsase a na ɛdeda Asubɔnten Yordan apuei fam no nyinaa; nsase a efi Arnon subon mu de kosi bepɔw Hermon so nyinaa.
9 漆冬人稱赫爾孟為息爾翁;阿摩黎人則稱之為色尼爾。]
Sidonfo frɛ no Hermon Sirion na Amorifo frɛ no Senir.
10 即奪得了高原上所有的城邑,全基肋阿得和全巴商,直到撒耳加和厄德勒:這都是巴商王敖格國土內的城邑。 [
Yɛfaa nkuropɔn a ɛwɔ bepɔw no atifi no nyinaa so a Gilead ne Basan ka ho de kosi nkurow a ɛwɔ Saleka ne Edrei a na ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan no nso ka ho bi.
11 巴商王敖格是勒法因人遺族中僅存的人物;他的床是鐵做的,以人肘為度,長九肘,寬四肘,尚存在阿孟子民的辣巴城裏。]
Abran no de, Basanhene Og nko na na waka. Ne dade mpa tenten boro anammɔn dumiɛnsa na ne trɛw yɛ anammɔn asia. Ɛda so wɔ Amonfo kuropɔn Raba mu mprempren ara.
12 我由我們那時所佔領的土地中,將阿爾農河邊的阿洛厄爾以北的地方,基肋阿得山地的一半和境內的城邑,給了勒烏本人和加得人;
Nsase a yɛfaa no saa bere no, mede ne fa a ɛda fi Aroer Arnon subon mu ne ɔman a ɛda Gilead bepɔw no fa ne ne nkurow no maa Rubenfo ne Gadfo.
13 基肋阿得其餘的地方和全巴商,即敖格的國土給了默納協半個支派。 [人稱阿爾哥布全地區,即全巴商,為「勒法因人地。」
Afei, mede asase no nkae a ɛyɛ Gilead ne Basan nyinaa a na anka ɛyɛ Og ahemman no maa Manase abusua fa no. Na wɔfrɛ Argob mantam a ɛwɔ Basan no nyinaa se Abran asase.
14 默納協的兒子雅依爾,佔領了阿爾哥布地區,直到革叔爾人和瑪阿加人的邊界,遂按自己的名字稱那地為「哈沃特雅依爾,」直到今日。]
Manase aseni bi a wɔfrɛ no Yair faa Argob mantam no nyinaa de kosii Gesurfo ne Maakatfo hye so. Ɔde ne din too asase no frɛɛ hɔ Hawot-Yair de besi nnɛ.
16 由基肋阿得到阿爾農河,以河中心為邊界,直到雅波克河,即阿孟人的邊界,我將那一帶地方給了勒烏本人和加得人;
Rubenfo ne Gadfo no, memaa wɔn asase bi a efi Gilead fa bi, kosi Arnon subon ho, de kosii Asubɔnten Yabok a ɛyɛ Amonfo hye no so.
17 還有阿辣巴荒野,以約但河為界,從基乃勒特直到阿辣巴海,即直到東面靠近丕斯加山坡的鹽海一帶地方。
Atɔe hye no fi Asubɔnten Yordan a ɛda Araba a efi Kineret kosi Araba Po (a ɛne Nkyene Po no) wɔ Pisga bepɔw no ase.
18 那時我吩咐你們說:「上主你們的天主,將這地賜給了你們作產業,但你們所有戰士,應武裝起來,走在你們兄弟以色列子民前面,
Na mehyɛɛ mo saa bere no se, “Awurade, mo Nyankopɔn, de asase yi ama mo sɛ momfa. Nanso mo mmarima akofo nyinaa nhyɛ akode nni mo nuanom Israelfo no anim ntwa Yordan.
19 只有你們的婦孺和牲畜,──我知道你們有很多牲畜-可留在我給你們的城內,
Mo yerenom, mo mma ne mo nyɛmmoa bebrebe a minim sɛ mowɔ no de, mubetumi agyaw wɔ nkurow a mede ama mo no so.
20 直到上主使你們的兄弟如你們一樣有了安身之處,等他們也佔領了,上主你們的天主賜給他們的約但河西的地方,那時你們各人才可回到我給你們為產業的地方。
Sɛ Awurade bɔ Israelfo a wɔaka no ho ban na wɔtena asase a Awurade de rema wɔn wɔ Asubɔnten Yordan agya no so a, ansa na mo mu biara betumi asan akɔ asase a mede ama mo no so.”
21 同時我也吩咐若蘇厄說:你親眼看見了,上主你們的天主對這兩個國王所做的一切;上主必同樣對待你要過河去攻擊的一切王國。
Saa bere no, meka kyerɛɛ Yosua se, “Wode wʼani ahu nea Awurade, wo Nyankopɔn, ayɛ saa ahemfo baanu yi nyinaa. Saa ara na ɔbɛyɛ ahemman a ɛwɔ faako a morekɔ no nso.
22 不要怕他們,因為上主你們的天主要替你們作戰。」
Nsuro wɔn, na Awurade, wo Nyankopɔn, bɛko ama wo.”
Saa bere no, mesrɛɛ Awurade se,
24 我主,上主! 你已開始向你的僕人顯示你的偉大和你有力的手臂,天上地下有那個神能作你所作的工作,行你所行的奇事﹖
“Otumfo Awurade, woafi ase reda wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no adi akyerɛ wʼakoa. Na onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a obetumi ayɛ mmaninne te sɛ wo?
25 求你讓我過去,得見約但河西的肥美土地,那壯麗的山嶺和黎巴嫩。」
Mesrɛ wo, ma mintwa Yordan nkɔhwɛ asase pa a ɛda hɔ no, Lebanon mmepɔw asase fɛfɛ no.”
26 但是上主為了你們的緣故對我發怒,沒有俯聽我,且對我說,「罷了! 不要對我再提這事。
Nanso esiane mo nti, Awurade bo fuw me. Na wantie me. Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Nka saa asɛm yi ho hwee bio nkyerɛ me.
27 你上丕斯加山頂去,舉目向東西南北,好好觀看,因為你不能過這約但河。
Foro kɔ Pisga na hwɛ atɔe, atifi, anafo ne apuei. Esiane sɛ, worentwa Yordan no nti, wʼankasa fa wʼani hwɛ asase no.
28 你應訓示若蘇厄,堅固他,鼓勵他,因為他要率領這百姓過去,給他們分配你所觀看的地方。」
Nanso soma Yosua, hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi saa nnipa yi anim atwa na wama wɔadi asase a wʼani tua yi.”
Ɛno nti, yɛtenaa subon a ɛbɛn Bet-Peor no mu.